Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/00 kr. 8
  • Fa Nkratawa Fi Nkɔmmɔbɔ Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nkratawa Fi Nkɔmmɔbɔ Ase
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fa Nkratawa Trɛw Asɛmpa no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bible Ho Nkratawa A Wɔde Di Dwuma So
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa A Yɛde Bedi Nwuma Ɔkwan A Etu Mpɔn So So
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 1/00 kr. 8

Fa Nkratawa Fi Nkɔmmɔbɔ Ase

1 So wunnye ntom sɛ adansedi a etu mpɔn gyina sɛnea wubefi nkɔmmɔbɔ ase so kɛse? Nea ehia ne sɛ wobɛka biribi a onipa no ani begye ho ma ɔde ne ho ahyɛ nkɔmmɔbɔ no mu. Nanso wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi wɔ ɔkwan a etu mpɔn so?

2 Adawurubɔfo pii abehu sɛ wɔnam nkratawa a emu nsɛm gyina Bible so a wɔde bɛma, ne nsɛm kakra a wɔapaw a wɔbɛka so betumi afi nkɔmmɔbɔ ase. Nsɛmti no kanyan anigye, emu mfonini no yɛ fɛ na ɛtwetwe adwene. Kratawa mma obi mmɔ hu, na ɛmma no nnya adwene sɛ nsɛm pii wom a ɛsɛ sɛ ɔkenkan. Nanso asuade wɔ nsɛm ntiantia a ɛwɔ nkratawa no mu no mu, na wobetumi de afi Bible adesua ase.

3 Eyi ne sɛnea Ɔdansefo bi tee nka: “Wɔ wiase a nnipa nni adagyew yi mu no, nkurɔfo mpɛ sɛ wobegye bere de akenkan ade, nanso nkratawa betumi de nsɛm a ɛho hia pii ama, a nkurɔfo ani mmra wɔn ho so no, na wɔakenkan awie. Mekenkanee nkratawa yi pii, na awiei koraa no ɛmaa me behuu nokware no.” Mmu tumi a Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu tiawa wɔ nkratawa yi mu wɔ no adewa da.—Heb. 4:12.

4 Akwan Anan a Ɛnyɛ Den a Wubetumi Afa so: Nnipa pii atumi afa ɔkwan tiawa so afi nkɔmmɔbɔ ase. (1) Fa nkratawa no mu dodow bi kyerɛ ofiewura no na bisa no nea n’ani begye ho. (2) Sɛ ofiewura no paw bi wie a, bisa asɛm a woannwene no yiye a ɛtwe adwene si nsɛntitiriw a ɛwɔ kratawa no mu so. (3) Sɛ worebua asɛm no a, kenkan nkyekyem a ɛfata anaa kyerɛwsɛm bi fi kratawa no mu. (4) Sɛ ofiewura no kyerɛ anigye a, wo ne no mmɔ kratawa no mu nsɛm ho nkɔmmɔ anaa dan kɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu adesua bi anaa ti bi wɔ Nimdeɛ nhoma no mu a ɛde nkyerɛkyerɛmu pii ma so. Wɔ saa kwan yi so no, wubetumi afi Bible adesua ase tee. Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi bɛboa wo ma woasiesie nea wobɛka bere a wode nkratawa no mu anan redi dwuma no.

5 Wubetumi de kratawa a n’asɛmti ne “Hena na Odi Wiase no So Ankasa?” no ayɛ asɛmmisa: Sɛ nea wo ne no rebɔ nkɔmmɔ no bua sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn” anaasɛ ɔka sɛ “Minnim” a, kenkan kasamu abien a edi kan wɔ kratafa 2 ne nkyekyem a edi kan wɔ kratafa 3 no. Twe adwene si 1 Yohane 5:19 ne Adiyisɛm 12:9 so. Sɛ́ onii no gye tom sɛ Satan Ɔbonsam wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ anaasɛ ogye tom sɛ ɔno na odi wiase no so anaasɛ onnye nni no, wubetumi atoa so ne no asusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti “Yenya Nnyinasode wɔ Wiase Tebea Horow Mu” ase no ho de atoa mo nkɔmmɔbɔ no so. Sɛ ɔkyerɛ nkɔmmɔbɔ no ho anigye a, fa nsɛntitiriw a ɛwɔ kratawa no nkratafa 3 ne 4 kyerɛkyerɛ baabi a Ɔbonsam fi mu.

6 “Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu?” kratawa no betumi akanyan anigye ntɛm. Wubetumi aka eyi de afi nkɔmmɔbɔ ase:

◼ “So wususuw sɛ yebehu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio?” Sɛ ofiewura no bua a, twe adwene si nkyekyem abien a ɛwɔ kratawa no kratafa 4 so na kenkan Yohane 5:28, 29. Afei kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛboa ma yɛte nsɛm a ɛwɔ asɛmti a edi kan wɔ kratawa no mu no ase. Fa ma na ɛne no mmɔ mu nkɔmmɔ.

7 Mmusua a ɛwɔ amansan yi mu nyinaa ani gye “Nya Abusua Asetra Mu Anigye” kratawa no ho. Sɛ wode kratawa yi redi dwuma a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Ebia wugye tom sɛ abusua ho aba asɛm nnɛ. Wususuw sɛ dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ abusua mu ayɔnkofa den?” Sɛ ofiewura no bua a, twe n’adwene kɔ nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyem a edi kan wɔ kratafa 6 no so. Paw kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nkratafa 4 ne 5 wɔ kratawa no mu no biako na kyerɛkyerɛ mu. Afei ka sɛ, wopɛ sɛ wo ne no yɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

8 Wubetumi aka eyi bere a wode “Nea Enti a Wubetumi de Wo Ho Ato Bible no So” kratawa no redi dwuma no:

◼ “Nnipa pii ate Kain ne Habel ho asɛm a ɛwɔ Bible no nhoma a edi kan mu no. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis no nso ka Kain yere ho asɛm. So woasusuw baabi a ofi ho pɛn?” Fa nkyekyem a etwa to koraa wɔ kratawa no kratafa 2 bua asɛm no. Kyerɛkyerɛ mu sɛ kratawa no ka nsɛm a ɛho hia a Bible no ka fa yɛn daakye ho no ho asɛm. Fa nkyekyem a ɛto so abiɛsa a ɛwɔ kratawa no kratafa 5 toa nkɔmmɔbɔ no so, na fa kyerɛw nsɛm ahorow a ɛboa nkɔmmɔbɔ no di dwuma.

9 Bible ho nkratawa kyekyɛ yɛ ade a wɔasɔ ahwɛ, ahu sɛ ɛyɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so ka asɛmpa no. Esiane sɛ wubetumi de akɔ baabiara nti, wubetumi de adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ afie afie adwuma no mu ne bere a woredi adanse wɔ bɔnnɔ so. Nkratawa boa kɛse wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu. Hwɛ sɛ wowɔ nkratawa ahorow no bi, na fa di dwuma pii fa fi nkɔmmɔbɔ ase.—Kol. 4: 17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena