Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/12 kr. 2-3
  • Fa Nkratawa Trɛw Asɛmpa no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nkratawa Trɛw Asɛmpa no Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa A Yɛde Bedi Nwuma Ɔkwan A Etu Mpɔn So So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nea Enti a Nkratawa Som Bo Kɛse wɔ Yɛn Som Adwuma mu Nnɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bible Ho Nkratawa A Wɔde Di Dwuma So
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 10/12 kr. 2-3

Fa Nkratawa Trɛw Asɛmpa no Mu

1. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo de nkratawa adi dwuma?

1 Yehowa nkurɔfo fi bere tenten de nkratawa atrɛw asɛmpa no mu. Wɔ afe 1880 mu no, C. T. Russell ne n’ahokafo no fii ase tintim Bible Students’ Tracts, na wɔde maa wɔn a na wɔkenkan Ɔwɛn-Aban sɛ wɔnkyekyɛ mma ɔmanfo. Ná wobu nkrataa yi sɛ ɛho hia araa ma bere a C. T. Russell de adwumakuw a ɛmpɛ mfaso hyɛɛ mmara ase wɔ afe 1884 mu a atirimpɔw no ne sɛ ɔde bɛtrɛw Ahenni nneɛma mu no, wɔde Borɔfo asɛmfua ma kratawa (“tract”) kaa edin Zion’s Watch Tower Tract Society, a seesei wɔfrɛ no Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no ho. Ebeduu afe 1918 no, na Bible Asuafo no akyekyɛ nkratawa bɛboro ɔpepem 300. Nkratawa akɔ so ayɛ nhoma a etu mpɔn a yɛde di adanse.

2. Dɛn nti na sɛ yɛde nkratawa di dwuma a, etu mpɔn?

2 Nea Enti a Etu Mpɔn: Nkratawa yɛ fɛ. Nsɛm ntiantiaa a ɛwom no kanyan anigye na aba wom. Afiewuranom a wɔmpɛ nsɛmma nhoma anaa nhoma akenkan no ani gye ho. Ɛnyɛ den sɛ adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ne mmofra mpo de nkratawa bɛma. Afei nso, nkratawa susua na ɛnyɛ den sɛ yɛde bɛhyɛ yɛn ho.

3. Ka w’ankasa suahu anaa nea ɛwɔ yɛn nhoma mu a ɛkyerɛ sɛ nkratawa so wɔ mfaso.

3 Nkratawa na ɛmaa nnipa pii dii kan tee nokware no ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, ɔbea bi a ɔwɔ Haiti huu kratawa bi wɔ abɔnten so. Ɔfa kenkan na ɔteɛm sɛ, “Mahu nokware no!” Awiei koraa no, ɔkɔɔ Ahenni Asa so, ofii ase suaa Bible no na ɔbɔɔ asu. Tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ohui wɔ kratawa no mu na ɛma ɔyɛɛ eyinom nyinaa.

4. Sɛ nkratawa na yɛde rema wɔ ɔsram bi mu a, dɛn na yɛde bɛyɛ yɛn botae?

4 Afie ne Afie: Esiane sɛ nkratawa yɛ nhoma a sɛ yɛde di adanse a etu mpɔn nti, efi November no, ɛwom a yɛde bɛma wɔ asram bi mu. Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛde nkratawa bɛma kɛkɛ na mmom sɛ yɛde befi nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ ɔkyerɛ ho anigye bere a edi kan a yɛkɔ ne nkyɛn anaa yɛsan kɔsra no no a, yebetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa nhoma foforo a yɛne afoforo sua akyerɛ no sɛnea yɛyɛ Bible adesua. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so de nkratawa ama wɔ afie afie? Ɛsono kratawa biara, enti ehia sɛ yehu nea yɛde rema no mu nsɛm yiye.

5. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so de nkratawa ama wɔ afie afie?

5 Ɛsɛ sɛ asɛm a yɛbɛka no ne asasesin no mu tebea ne kratawa no mu nsɛm hyia. Yebetumi de kratawa no ama ofiewura no de afi nkɔmmɔbɔ ase. Kratawa no akyi a ɛyɛ fɛ no betumi akanyan n’anigye. Anaasɛ yebetumi de nkratawa no pii akyerɛ ofiewura no ma wapaw emu nea n’ani gye ho. Sɛ yɛwɔ nkratawa a ɛwɔ kasa a yɛn asafo no ka no mu bi wɔ hɔ a, wɔkamfo kyerɛ sɛ yɛmfa ɛno nni dwuma. Sɛ kratawa no anim asɛm no yɛ asɛmmisa a, yebetumi abisa ofiewura no ma wakyerɛ n’adwene wɔ ho. Anaasɛ yebetumi anwene asɛmmisa bi a n’ani begye ho na ama yɛatumi ne no abɔ nkɔmmɔ. Afei yebetumi ne ofiewura no akenkan kratawa no mu nsɛm no bi, na yɛagyina wɔ baabi a nsɛmmisa wɔ na yɛama wakyerɛ n’adwene wɔ ho. Yebetumi akenkan kyerɛw nsɛm a esi nsɛntitiriw no so dua afi Bible no mu. Bere a yɛasusuw emu nsɛm no bi ho awie no, yebetumi de nkɔmmɔbɔ no asi hɔ na yɛne no ayɛ nhyehyɛe pɔtee bi asan akɔsra no. Sɛ asafo no taa gyaw nhoma ma wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie a, yebetumi agyaw kratawa bi ahyɛ baabi a afoforo renhu ama afiewuranom a yɛnto wɔn wɔ fie no.

6. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so de nkratawa ama bere a yɛredi adanse wɔ mmorɔn so?

6 Mmorɔn so Adansedi: So wode nkratawa ama bere a woredi adanse wɔ mmorɔn so no? Wɔn a wotwam no bi pɛ ntɛm ma enti wɔmpɛ sɛ wogyina ne yɛn bɔ nkɔmmɔ. Ebetumi ayɛ den sɛ yebehu sɛnea wɔn ani gye asɛm no ho. Sɛ́ anka yɛde nsɛmma nhoma a aba foforo bɛma wɔn a yɛrentumi nhu sɛ ebia wɔbɛkenkan anaa wɔrenkenkan no, dɛn nti na yɛmfa kratawa mmom mma wɔn? Esiane sɛ nsɛm a ɛwɔ kratawa no anim kanyan anigye na emu nsɛm nnɔɔso nti, kratawa no mu nsɛm a nkurɔfo pɛ sɛ wohu no bɛma wɔakenkan bere a wɔanya bere kakra no. Nanso, sɛ wɔmpɛ ntɛm a, yebetumi ne wɔn asusuw kratawa no mu nsɛm no bi ho.

7. Ka osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea yɛde nkratawa ma bere a yɛredi adanse wɔ bɔnnɔ so no.

7 Bɔnnɔ so Adansedi: Ɛnyɛ den sɛ yɛde nkratawa bedi adanse wɔ bɔnnɔ so. Onua bi de nkratawa kakra hyɛ ne kotoku mu bere biara a opue fi fie. Sɛ ohyia obi, te sɛ obi a ɔte sotɔɔ ano a, ɔka kyerɛ no sɛ ɔpɛ sɛ ɔma no biribi kenkan, na ɔde kratawa no ma no. Bere a awarefo bi kɔɔ New York City sɛ wɔrekɔhwehwɛ hɔ no, wohui sɛ wobehyia nnipa a wofi aman horow so. Enti wɔfaa Nations nhomawa no ne nkratawa ahorow bi a ɛwɔ kasa horow mu kɔe. Afei, sɛ wɔte sɛ obi a ɔretɔn ade wɔ kwan ho, anaa ɔte bɛn wɔn wɔ ahomegyebea anaa adidibea reka ɔman foforo bi so kasa a, wɔde kratawa a ɛwɔ ne kurom kasa mu ma no.

8. Ɔkwan bɛn so na nkratawa te sɛ aba?

8 “Gu W’aba”: Yebetumi de nkratawa atoto aba ho. Okuafo pete n’aba gu mmeae pii efisɛ onnim nea ebefifi. Ɔsɛnkafo 11:6 ka sɛ: “Gu w’aba anɔpa, na nyi wo nsa mfi ho kosi anwummere, efisɛ wunnim nea ɛbɛyɛ yiye; eyi anaa eyi, anaasɛ abien no nyinaa bɛbom ayɛ yiye.” Enti momma yɛmfa saa asɛnka adwinnade a etu mpɔn paa yi nkɔ so ‘mpete nimdeɛ.’—Mmeb. 15:7.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]

Esiane sɛ nkratawa yɛ nhoma a sɛ yɛde di adanse a etu mpɔn nti, efi November no, ɛwom a yɛde bɛma wɔ asram bi mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena