Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bible Ho Nkratawa A Wɔde Di Dwuma So
1 Wɔ nnɛyi Yehowa Adansefo abakɔsɛm mfiase hɔ no, Bible ho nkratawa a wɔkyekyɛe so titiriw na wɔnam yɛɛ baguam adansedi adwuma no. Nnipa pii dii kan tee Ahenni asɛm no wɔ saa kwan no so. Ɛnnɛ, nkratawa da so ara di dwuma a ɛho hia wɔ yɛn “asɛmpa” no ho dawurubɔ no mu.—Mat. 24:14.
2 Afe a etwaam no mu wɔ “Ahenni Nokwaredi” Ɔmantam Nhyiam horow no ase no, woyii Ahenni Asɛm No. 30 adi de kɔɔ afie afie wɔ nkurow a yɛyɛɛ nhyiam wɔ mu no mu. Efi saa bere no wɔde kratawa foforo yi a wɔato din Is Planet Earth Near the Brink? (So Asase Okyinsoromma, Awiei Abɛn?) yi bi amana asafo horow ma wɔde akyekyɛ amanfo. So wode kratawa foforo yi redi dwuma yiye?
3 Saa kratawa foforo fɛfɛ yi ne n’asɛmti a ɛkanyan adwene no betumi ayɛ mmoa kɛse wɔ adanse yiye a wubedi wɔ w’asasesin mu no mu. Anuanom bebree di kan de kratawa yi di dwuma wɔ wɔn asɛnka no mfiase de twetwe ofiewura no adwene ma etu mpɔn. Ebinom nso pɛ mmom sɛ wɔde kanyan anigye kɛse wɔ nsrahwɛ no awiei bere a wɔannye nhoma biara. Na nea ɛsen biara no, wɔtaa gyaw kratawa no wɔ afie a wɔanto obiara wɔ hɔ no mu anaasɛ baabi a ofiewura no nni adagyew koraa sɛ obetie asɛm no. Sɛ woregyaw kratawa no bi wɔ ofie a woanto obiara wɔ hɔ mu a, hwɛ sɛ wode bɛhyɛ baabi a wɔn a wɔretwam renhu.
4 Wɔ mfe kakra a atwam yi mu no wɔada nkratawa ahorow bi adi de adi dwuma ma ɛde asɛnka tiaa akɔ ofie biara mu wɔ yɛn nsasesin mu. Kratawa foforo yi yɛ nea wɔayɛ sɛ yɛde bedi dwuma bere nyinaa wɔ asɛnka mu. So woayɛ nhyehyɛe sɛ wode nkratawa yi kakraa bɛhyɛ wo nneɛma mu bere nyinaa na woatumi de adi dwuma bere biara a ɛfata anaa?
5 Nkratawa no ho wɔ mfaso kɛse sɛ yɛde bɛma nnipa a ebia yɛne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ bere a yɛretu kwan, bere a yɛredi gua anaa bere a yɛredi da biara da asetra mu nneɛma ho dwuma no. Wubetumi de nkratawa ahorow yi kakra ahyɛ wo kotoku mu anaasɛ wo bag mu. Dɛn nti na womfa kakra nkɔ w’adwuma mu anaasɛ womfa kakra nka wo nhoma ne nkrataa a wode kɔ sukuu no ho? Nkratawa no bi a wowɔ no ankasa bɛhyɛ wo nkuran ma woahwehwɛ akwan horow a wobɛfa so adi bɔnnɔ so adanse.
6 Yiw, Bible ho nkratawa a wɔde di dwuma no yɛ ɔkwan a wɔnam so ka “asɛmpa” no a wɔasɔ ahwɛ ahu sɛ etu mpɔn. Hwɛ sɛ wubegye bi ntɛm na wode adi dwuma bere biara a hokwan bɛba.