Nea Enti a Nkratawa Som Bo Kɛse wɔ Yɛn Som Adwuma mu Nnɛ
1 Ná osuahu bi a wɔato din sɛ “Onyaa Kratawa wɔ Keteke Dade So” wɔ January 1, 1991, Ɔwɛn-Aban, no kratafa 30. Ɛkaa obi a ɔhwɛ ma wosiesie keteke akwan a ohuu yɛn nkratawa no bi sɛ ɛhyɛ keteke kwan ase ho asɛm. Ɔkenkan kratawa no ntɛm ara na ɔka kyerɛɛ n’asebarima sɛ: “Ɛnnɛ mahu nokware no!” Mmarima baanu no nyinaa kraa nhoma pii na wosuae. Mprempren, wɔn asefo bɛboro ɔha yɛ hyew wɔ nokware no mu. Eyi da nea ebetumi afi kratawa biako pɛ a wɔbɛkenkan mu aba no adi.
2 Hokwan Ahorow a Yɛde Bedi Dwuma: Ɔdansefo abofra bi hui sɛ na ne sukuu kyerɛkyerɛfo di awerɛhow esiane n’asebea wu nti. Onuawa kumaa no kyerɛw ne kyerɛkyerɛfo no awerɛkyekye krataa na ɔde Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu? kratawa no bi kaa ho. Ɔkyerɛkyerɛfo no kyerɛw krataa kɔdaa yɛn nuabea kumaa no ase na afei ɔne no bɔɔ nkɔmmɔ. Mprempren ɔma ɔkyerɛkyerɛfo yi nsɛmma nhoma daa.
3 Adawurubɔfo bi a na wɔredi adanse wɔ amusiei kwan bi so hui sɛ nkurɔfo reka adamoa ho akado. Adawurubɔfo no de hokwan no maa wɔn nkratawa. Ná da a edi hɔ no yɛ dapɔnna a nnipa pii bɛba amusiei hɔ, enti adawurubɔfo no sii gyinae sɛ wobegyina amusiei no kwan ano akyekyɛ nkratawa. Wɔmaa nkratawa bɛboro ahanum, a nnipa baasa pɛ na wɔpowee. Afe a edi hɔ no, adawurubɔfo no san baa hɔ bɛmaa nkratawa bɛboro apem, nnipa baasia pɛ na wɔpowee.
4 Ɛnkyɛɛ pii, adawurubɔfo ne akwampaefo kuw ketewaa bi kɔɔ amusiei kɛse bi a na nnipa pii aba hɔ wɔ Akra Nyinaa Da rebegyam awufo no na wɔabɔ mpae ama wɔn. Wɔn a na wɔregyam awufo no ani gyee Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu? kratawa no ho titiriw. Anuanom yɛɛ ntɛm kɔɔ amusiei afoforo kɔkyekyɛɛ nkratawa. Sɛnea wɔn mu biako kae no, wɔn ani gyee hokwan a wɔde “kaa asɛm wɔ amusiei ahorow” no ho mmoroso.
5 Nkratawa susua na ɛnyɛ den sɛ yɛde bɛhyɛ yɛn ho akɔ baabiara a yɛkɔ. Bere a yɛne afoforo bɔ nkɔmmɔ bɔnnɔ so no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ka asɛm tiawa bi a ebetumi ama yɛabɔ nkratawa awotwe a mprempren yɛwɔ no mu biako mu nkɔmmɔ. Yebetumi ayɛ eyi bere a yɛne afipamfo kasa, yedi gua anaa yɛtwɛn obi, bere a yetu kwan anaa yɛakɔsra abusuafo, anaa wɔ tebea afoforo pii mu.
6 Nea Enti a Etu Mpɔn: Nkratawa no yɛ fɛ yiye. Emu nsɛm no nnɔɔso pii. Nanso, nkrasɛm no gye adwene na ɛma nimdeɛ. Ɔkenkanfo no nya nea a wɔaka ho asɛm wɔ kratawa no mu ho Kyerɛwnsɛm adwene a edi mũ. Bere a aberante bi nsa kaa Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no na wɔne no pɛɛpɛe mu wiei no, ɔkae sɛ: “Mentee wiase no tebea ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran sɛɛ da!”
7 Yɛpɛ sɛ yɛde nkratawa yi di dwuma bere biara a ɛfata. Adawurubɔfo pii ahu sɛ ɛboa ma wofi nkɔmmɔbɔ ase wɔ afie afie adwuma no mu. Kratawa na wɔde fii adesua ahorow a wɔreyɛ mprempren no pii ase. Sɛnea yɛde nkratawa bedi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ho nyansahyɛ pa bi wɔ Yɛn Ahenni Som yi kratafa 4. Yiw, nkratawa a esusua no yɛ nnwinnade a ɛsom bo ma yɛn som adwuma no.