Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/93 kr. 3-4
  • Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Nkratawa Trɛw Asɛmpa no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa A Yɛde Bedi Nwuma Ɔkwan A Etu Mpɔn So So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nea Enti a Nkratawa Som Bo Kɛse wɔ Yɛn Som Adwuma mu Nnɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bible Ho Nkratawa A Wɔde Di Dwuma So
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 1/93 kr. 3-4

Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba

1 Yehowa nnɛyi ahyehyɛde no anya kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ sɛ atumi de nkratawa adi dwuma ma ayɛ yiye. Yɛn mmara kwan so adwumakuw no din ankasa a ɛne Watch Tower Bible and Tract Society (Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo) no kyerɛ sɛ nkratawa di dwuma titiriw wɔ asɛmpa no ka mu. Efi 1881 besi 1918 mu no, Yehowa nkurɔfo de nkratawa ɔpepem 300 ne akyi memae. Wɔde saa nkratawa no na edii kan daa nokware no adi kyerɛɛ wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristo nuanom nkaefo saa bere no mu pii.

2 Wɔ 1987 mu no, wɔsan sii nkratawa nketewa a wɔde di dwuma so dua bere a woyii nkratawa fɛfɛ anan a ɛda so ara wɔ hɔ fi saa bere no adi no. Wɔde amanneɛbɔ mae wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no ase sɛ wɔbɛtrɛw nkratawa a ɛba toatoa so no mu bere a woyii nkratawa afoforo fɛfɛ anan a ɛkanyan adwene adi no. Ɛne Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw, Nya Abusua Asetra Mu Anigye, Hena na Odi Wiase no so Ankasa? ne So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ? So wode nkratawa awotwe no nyinaa redi dwuma na ama mfaso horow afi wo som adwuma mu aba?

3 Nnepa fi nkratawa no a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no mu ba. Ebehia sɛ yɛn ankasa hu nea ɛwɔ emu biara mu. Sɛ nhwɛso no, so woatɔ wo bo ase akenkan ne nyinaa awie sɛnea ɛbɛyɛ na woama nea emu biara ka no atra w’adwenem? So woasusuw onipa a kratawa no biara bɛkanyan n’anigye ho? Kratawa no mu biara mu nsɛm a wubehu no fefeefe no bɛma w’ahotoso ayɛ kɛse wɔ dwuma a wode di wɔ afie afie adwuma no ne tebea horow pii a wubetumi adi bɔnnɔ so adanse wom no mu.

4 Fa Di Dwuma wɔ Afie Afie Ɔsom Adwuma no Mu: Ɔmansin sohwɛfo bi kyerɛw sɛ: “Menam me nkɔmmɔ ahorow no mu dodow no ara a mede kratawa fi ase no so resow aba pa.” So woasɔ eyi ahwɛ? Dɛn nti na womfa nkratawa nni dwuma sɛ wo nkɔmmɔbɔ nnianim asɛm? Esiane sɛ yɛwɔ nkratawa ahorow awotwe nti, mprempren yɛwɔ nnianim nsɛm awotwe a ɛkanyan nnipa a yɛbɛpaw bi afi mu. Kratawa biara ma yenya hokwan a yɛde befi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu anaa wɔ sankɔhwɛyɛ mu.

5 Hokwan ahorow a yɛnam so de nkratawa bedi dwuma afoforo wɔ hɔ. Wɔ nkɔmmɔbɔ wɔ afie mu no, ebia wobɛte sɛ onipa no dɔfo bi awu nnansa yi ara anaa abusua no muni bi yare. Nnipa a wodi awerɛhow kɛse anaa wɔrebɔ mmɔden agyina nsɛnnennen a akɔ so akyɛ ano no taa nya nkate a ɛnteɛ na wɔhaw. Hwɛ ɔdɔ a ɛbɛyɛ sɛ wobɛka Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw kratawa no mu nkrasɛm a ɛhyɛ nkuran no akyerɛ! Ebia wobɛte sɛ wɔagyae onipa no aware anaa n’adwuma afi ne nsa nnansa yi ara. Osuahu ahorow a ɛte sɛɛ no betumi ahaw adwene yiye na aka abusua no kɛse. Fa Nya Abusua Asetra mu Anigye kratawa no kratafa 2 nsemmisa no di dwuma: “Dɛn nti na mmusua a wɔwɔ hɔ nnɛ hyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den saa? Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya abusua asetra mu anigye?” Ebia eyinom ne nsemmisa a onipa no dwen ho titiriw. Sɛ n’ani annye ho ntɛm mpo a, ebetumi aba sɛ ɔbɛkenkan kratawa no akyiri yi.—Ɔsɛnk. 11:6.

6 Wɔ asafo ahorow bi mu no, wɔayɛ asasesin no mu adwuma mpɛn pii, na nnipa no mu pii wɔ yɛn nhoma ahorow no bi dedaw. Sɛ yɛde kratawa no di dwuma a, yebenya hokwan ne afiewuranom asusuw biribi a wɔn ani gye ho ho, yɛama wɔakyerɛ wɔn adwene na yɛanya wɔn ma wɔasusuw Ahenni anidaso no ho. Fa asemmisa bi a mubetumi asusuw ho akyiri yi hyɛ wɔn adwenem. San kɔsra wɔn, na ma anigye yi nnya nkɔanim. Bere bi akyi no, ebia yebetumi ne wɔn afi ase asua ade denam brochure anaa nhoma bi a wɔwɔ dedaw so.

7 Fa Nkratawa Di Dwuma Bɔnnɔ So: Sɛ yɛde nkratawa hyɛ baabi a yɛn nsa bɛka no ntɛm—yɛn soro ntade kotoku mu, yɛn sika bag, anaa adansedi bag mu—a, yebetumi de adi dwuma wɔ mmere horow pii mu, baabiara a nnipa wɔ. Fa di dwuma bere a woredi gua, woretu kwan, anaa wo ne abusuafo anaa nsrahwɛfo rekasa no. Nkratawa ma yenya hokwan di adanse tiawa. Kratawa nyɛ biribi a ɛboro obi so, na mmom ɛka nsɛm tẽẽ na ɛde anifere di dwuma. Wogye no ntɛm sen nhoma anaa nsɛmma nhoma, efisɛ emu nsɛm nnɔɔso na yɛde kyɛ.

8 Ma w’ani nna hɔ sɛ wubehu hokwan ahorow a ɛbɛma wode nkratawa ama bɔnnɔ so wɔ sukuu mu anaa w’adwumam, wɔ adidibea, wɔ baabi a wɔtɔn pɛtrol, ne nea ɛkeka ho. Bere a onuawa bi reyɛ nhyehyɛe de ne nanabea akohu oduruyɛfo bi no, ɔhwɛe sɛ ɔwɔ nkratawa no bi. Wɔ oduruyɛfo no adwumam hɔ no, ɔne ɔpemfo bi fii ase bɔɔ nkɔmmɔ. Bere a onuawa no de Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no kyerɛɛ ɔbea no wiei no, obisae sɛ: “So wobɛpɛ sɛ wotete wo ba wɔ wiase bi a ɛte sɛ nea wɔayɛ ho mfonini wɔ ha no mu?” Otumi kɔɔ ɔbea no fie ne no kɔtoaa saa nkɔmmɔbɔ no so. Eyi ma ɔkɔsraa no daa mpɛn dodow bi.

9 Wubetumi De Nkratawa Afi Bible Adesua Ase: Ɔmansin sohwɛfo bi bɔɔ amanneɛ sɛ asafo a wakɔsra wɔn no fii ofie Bible adesua 64 ase wɔ dapɛn no mu denam nkratawa a wɔde dii dwuma bere a wɔadi kan akyia ofiewura no so.

10 So woabɔ mmɔden sɛ wobɛhyehyɛ Bible adesua wɔ afie afie nsrahwɛ a edi kan mu? Sɛ wode kratawa di dwuma a, ebia wubetumi de bere tiaa bi akyerɛ sɛnea wɔyɛ adesua no. Onuawa bi de Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no yɛɛ saa. Bere a ɔde mfonini no kyerɛɛ ofiewura no, obisaa no sɛ osusuw sɛ yɛn asase no bɛdan saa da bi? Bere a ofiewura no bua wiee no, onuawa no ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkenkan 2 Petro 3:13 ne Yesaia 65:17 a wɔasi so dua wɔ kratawa no mu no. Afei onuawa no kae sɛ: “Bɔhyɛ ahorow yi nyɛ adaeso anaa nsusuwii hunu bi, na mmom wɔaka ho asɛm ankasa wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu.” Afei ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛtoa nkɔmmɔbɔ no so wɔ dapɛn a edi hɔ no mu. Wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu no, obuaa ɔbea no nsemmisa bi na ɔde Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no maa no. Ɛdanee Bible adesua.

11 So woyɛ obi a wɔabɔ no asu foforo, anaa ebia ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu a worenya osuahu wɔ wo som adwuma mu? Sɛ saa a, ebia wobɛpɛ sɛ wohwehwɛ wɔn a wɔn ho akokwaw kɛse na wubisa wɔn sɛ wɔmma wo nyansahyɛ ahorow a ɛfa kratawa a wɔde di dwuma wɔ mo asafo no asasesin mu ho. Yɛwɔ nhwɛso pii wɔ Bible no mu a ɛfa wɔn a wonyaa nkuranhyɛ ne akwankyerɛ fii wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ gyidi no mu nkyɛn ho.—Aso. 18:24-27; 1 Kor. 4:17.

12 Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no titiriw betumi aboa ma wɔayɛ nhyehyɛe ma afoforo aboa wo ma wode nkratawa adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔboa wɔn mma ma wonya nkɔanim wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɔdansefo kumaa bi awofo tetee no ma ɔde Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no ama. Bere a ɔne ne maame reyɛ Bible adesua no, ɔde kratawa bi maa onigyeni no kunu. Okunu no ani gyei sɛ abofra bi anya nyamesom gyidi a emu yɛ den saa. N’ani gyee kratawa no akenkan ho yiye. Bere biara a abeawa no ne ne maame bɛsan akɔ hɔ no, ɔka kyerɛwsɛm anaa Bible mu asɛm bi a wasiesie titiriw ama ɔbarima no kyerɛ no. Mprempren ɔbarima no kenkan nsɛmma nhoma no daa, wakyerɛ Adiyisɛm Awiei Koraa nhoma no ho anigye, na wakɔ nhyiam horow bi. Esiane sɛ awofo no gyee bere de dii wɔn asɛyɛde ho dwuma de kyerɛkyerɛɛ wɔn babea no sɛnea wɔde nkratawa di dwuma yiye nti na eyi nyinaa afi mu aba.

13 Fa Yɛn Nkratawa Afoforo no Di Dwuma Yiye: Sɛ wode So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ? kratawa no redi dwuma a, wubetumi ada wo ho adi na woafi wo nkɔmmɔbɔ no ase sɛ: “Mema wo akye. Yɛreka sɛnea asetra te nnɛ no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. So wususuw sɛ asetra no bɛyɛ papa anaa ɛbɛkɔ so asɛe? [Twɛn ma ommua.] Ebinom susuw sɛ nea ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no yɛ Bible nkɔmhyɛ mmamu, na wiase no awiei abɛn. Wususuw ho dɛn?” Sɛ ofiewura no bua wie a, fa kratawa no ma no na twe n’adwene si nsemmisa abiɛsa a ɛwɔ nkyekyem a ɛto so abien no mu no so. Afei di sɛnea wɔahyehyɛ kratawa no mu asɛm no akyi fa kyerɛ sɛnea wiase bi aba awiei pɛn na eyi nso bɛba awiei no. Bere a nsrahwɛ no aba awiei no, yɛ nsrahwɛ foforo a ɛbɛma moasusuw Bible mu adanse a ɛkyerɛ sɛ wiase no awiei abɛn no ho nhyehyɛe.

14 Mpɛn pii no yehu sɛ yɛwɔ tebea bi a ɛbɛma yɛde bere tiaa bi aka Ahenni nkrasɛm no akyerɛ afoforo mu, te sɛ adwumam anaa sukuu. Wɔ w’adwumam no, ebia nsɛm a wɔaka nnansa yi afa aban ho ho nkɔmmɔbɔ betumi asɔre. Wubetumi agye atom sɛ wɔ mmɔden a sodifo a wokura adwempa bɔ nyinaa akyi no, wiase no ahu amane kɛse wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Afei twe adwene si Hena Na Odi Wiase no So Ankasa? kratawa no kratafa 2 no nkyekyem a ɛwɔ ase hɔ no so. Kenkan nsemmisa abiɛsa a ɛkanyan adwene no. Sɛ wonni bere a mode bɛbɔ nkɔmmɔ bere tiaa bi a, ma onipa no anaa nnipa no kratawa na yɛ nhyehyɛe sɛ mubesusuw nsemmisa yi ho bere foforo anaa wɔ beae foforo.

15 Sɛ ankorankoro ne mmusua no, munnye bere mfa nsusuw sɛnea mode nkratawa ahorow yi mu biara bɛma ho. Monyɛ wɔ fie nhwɛ. Ɔkwan bɛn so na mubetumi de nkratawa ne nhoma a yɛde ma wɔ asɛnka mu wɔ ɔsram no mu adi dwuma? Nhyehyɛe bɛn na woayɛ a wubetumi de nkratawa kakra akɔ? So wubehyia obi dapɛn yi a obenya nkrasɛm a ɛyɛ ne bere so de a nkratawa yi de ma no mu mfaso?

16 Ɔdɔ a emu dɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nkurɔfo ho a yedwen bɛkanyan yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi nyinaa ma wɔate asɛmpa no. Nkratawa a yɛde bedi dwuma daa no bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa. Ná abarimaa bi a wadi mfe ason pɛ sɛ ɔboa ne yɔnko a ɔne no bɔ fipam ma ɔkɔ nhyehyɛe foforo no mu, enti ɔmaa no kratawa na wofii Bible adesua ase. Ɛte sɛ nea ɛnyɛ den koraa! Nanso so yɛn ani sɔ ɔkwantiaa a wɔfa so wɔ yɛn asɛnka mu yi? Bere foforo a yɛde kratawa bɛma obi no, ebetumi adan Bible adesua nso. Sɛ yɛde nkratawa di dwuma nyansam wɔ Ahenni ho asɛmpaka no mu a, yebenya ahotoso sɛ yebenya mfaso afi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena