Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. February: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ 1983 mu anaa nea akyɛ sen saa. Momfa biako biara nnye ₵250. Akwampaefo begye nhoma a ɛte saa no biara ₵125. Ɛsɛ sɛ sika sohwɛfo no de Remittance and Credit Request kratasin (S-20) foforo bisa ma wɔtew nea bere nyinaa asomfo gyei no fi wɔn ka so ne foforo ma adawurubɔfo ne akwampaefo aboafo. Sɛ mo asafo no nni saa nhoma ahorow no bi a, momfa True Peace and Security—How Can You Find It? nhoma no mma, na mubetumi akra bi afi baa dwumadibea. March: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. April: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn ɔsram biara Literature Order Form (S-14) a edi hɔ no nkraa bi.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a.
◼ Yɛbɛyɛ 1994 Nkaedi no Memeneda, March 26, bere a owia akɔtɔ. Wɔde da a wɔbɛyɛ 1994 Nkaedi afahyɛ no adi kan ama na anuanom ayɛ nneɛma a ehia no anaa wɔahwehwɛ asa afoforo wɔ baabi a asafo ahorow pii na wɔde Ahenni Asa biako di dwuma a ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ baabi foforo no.
◼ Asafo ti no ayɛ kratawa foforo a ɛwɔ Engiresi ne Spain kasa mu sɛ wɔmfa nni dwuma wɔ Yudafo mu. Wɔato din sɛ Jehovah’s Witnesses—What Do They Believe? (Kratawa a Ɛto so 18). Sɛ ɛba kasa afoforo mu a, wɔde ho amanneɛbɔ bɛma.
◼ Nhoma a Ebi Wɔ Hɔ Mprempren:
Engiresi: Theocratic Ministry School Guidebook a wɔasakra mu; The Bible—God’s Word or Man’s? Twi: Monto Ayeyi Nnwom mma Yehowa (Kɛse).
◼ Kasɛt Ahorow a Ɛwɔ Hɔ:
Engiresi: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm (kasɛt anan a ɛhyɛ album mu)
◼ Video Kasɛt Ahorow a Ɛwɔ Hɔ:
Engiresi: Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name.
◼ 1993 afe asɛm ne: “O Yehowa, kyerɛkyerɛ me . . . Ka me koma bom ma ensuro wo din.” (Dwom 86:11, New World Translation) So mode afe asɛm no abɔ mo Ahenni Asa so fɛfɛɛfɛ? Sɛ momfa mmɔɔ hɔ a, monyɛ saa ntɛm.