Asɛnka ne Nhyiam a Wɔnkɔ Daa Bere a Wɔkɔ Sukuu no Sodi
1 Nhomasua ho hia na eye. Wɔ Adansefo a wɔkɔ sukuu no mu pii fam no, egye mmɔdenbɔ na wɔama sukuu adwuma ne ɔsom dwumadi ahorow, sɛ nhwɛso no, asɛnka, akari pɛ. Dɛn na wobetumi ayɛ na wɔabɔ asɛmpa no dawuru daa?
2 Nea edi kan no, ehia sɛ sukuuni biara kae sɛ ne nhomasua no yɛ biribi ankasa a ɛma odu botae bi ho kɛkɛ. Yehowa a wɔsom no nokwaredi mu na wonya n’anim dom a wɔhwɛ daa nkwa kwan som bo kɛse sen ɛno. Bere a asomfo nkumaa a wɔkɔ sukuu de Filipifo 1:10 di dwuma na ‘wɔahu nneɛma a eye koraa no,’ wofi nyansam tew bere a wɔde yɛ sukuu akyi dwumadi ahorow, te sɛ agorudi, drama akuw ne ade no so.
3 Hia a Bere Nhyehyɛe ho Hia: Bere nhyehyɛe pa boa ma wɔkari pɛ wɔ ofie nnwuma ne ahosiesie ma sukuu dwumadi mu, ne teokrase dwumadi ahorow nso mu wɔ dapɛn no mu ne dapɛn no awiei.
4 Asasesin Titiriw: Sɛ wokɔ sukuu a wɔda hɔ a, dɛn nti na womfa wo sukuu no sɛ w’asasesin titiriw? Ɛsɛ sɛ Adansefo sukuufo nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa wɔ abrabɔ mu. (1 Pet. 2:12) Eyi taa ma wunya hokwan da wo ho adi sɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na ɛtaa ma wo nnamfo de Bible mu nsemmisa ba wo nkyɛn. W’ankasa wubetumi adi kan adi adanse bɔnnɔ so, na wonam saayɛ so ama nnɔnhwerew a wunya wɔ asɛnka mu no akɔ anim. Wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkenkan asɛm a wɔato din sɛ “Wo Nso, Wubetumi Adi Bɔnnɔ so Adanse ma Ayɛ Yiye” a ɛwɔ June 1990 Yɛn Ahenni Som kratafa 3 no na wanya nyansahyɛ ahorow a eye.
5 Awofo, mommoa mo mma a wɔkɔ sukuu no mma wonnya bere nhyehyɛe pa a ɛma wɔn sukuu adwuma ne teokrase dwumadi ahorow kari pɛ. Mo ne wɔn nkɔ asɛnka na monam saayɛ so ahyɛ wɔn nkuran. Momma wonhu hia a ehia sɛ wɔde wɔn asɛnka akontaabu bɛma ntɛm wɔ ɔsram no awiei, na nea ɛsen biara no, womfi wɔn kra nyinaa mu nyɛ ade wɔ ɔsom kronn mu.