Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/93 kr. 7
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1993
Yɛn Ahenni Som—1993
km 12/93 kr. 7

Asemmisa Afã

◼ So ɛyɛ mfomso sɛ Yehowa nkurɔfo bɛtew kuw a wɔde gye ani bi de ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran?

Sɛ́ anigye Nyankopɔn no, Yehowa pɛ sɛ n’asomfo nyinaa, mmofra ne mpanyin, de anigye som no. (1 Tim. 1:11; Lev. 23:40) Enti wonim Onyankopɔn asomfo sɛ wɔn a wonya asetra mu anigyede a ɛfata, na ɛma wonya fekubɔ a ɛhyɛ nkuran nso mu kyɛfa. (Ex. 15:20; Deut. 16:11, 14; Luka 5:29, 30; Yohane 2:1, 2) Enti ebia adwene a ebinom benya sɛ wɔbɛtew kuw bi wɔ asafo no mu de ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran no bɛyɛ te sɛ nea mfaso wɔ so.

Esiane sɛ Bible no kyerɛ sɛ wiase yi nyame a ɔne Satan asi ne bo sɛ ɔbɛdaadaa wɔn a wɔn ani nna wɔn ho so nti, ehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ eyi mu. (1 Yohane 5:19; 1 Pet. 5:8, 9) Kristoman mu asɔre ahorow pii wɔ akuw bebree a wɔde wɔn ho hyɛ anigyede a egu ahorow mu—akwan a wotu kogye wɔn ani, aponto ahorow, asaw, adetɔn, agumadi ahorow, ne anigyede afoforo a ne nyinaa botae ne sɛ ɛbɛma emuni biara anya anigye kɛse wɔ asɔre dwumadi ahorow mu. Nanso, eyi gye wɔn adwene, wɔn bere, ne nneɛma afoforo a anka ɛsɛ sɛ wɔde boa Kristofo dwumadi titiriw—Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a wɔka—no.—Mat. 24:14; fa toto Romafo 10:2, 3 ho.

Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho sɛ wiase yi denam adeyɛ bi a ɛte sɛ nea asiane biara nni mu a yɛbɛma asum yɛn afiri so. (Yohane 17:16; Rom. 12:2) Sɛ Kristoni bi nya adwene sɛ ɔbɛtew kuw bi a wɔde gye ani a, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ osusuw nsemmisa yi ho de hwehwɛ ne ho mu: Eyi bɛboa me honhom fam yiyedi dɛn? Ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa me ama me ho akokwaw sɛ ɔsɛmpakafo? Eyi gye me som adwuma no mu bere tenten bɛn? Me sika nso ɛ? Sɛ yehyiam a, nnipa bɛn na me ne wɔn bɛbɔ? So Kristofo mpanyimfo bɛba hɔ bi na wɔayɛ nhwɛso pa anaasɛ ɛbɛyɛ atipɛnfo kuw? So ɛhɔ dwumadi no de nidi bɛbrɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde no?

Sɛ kuw no dwumadi ahorow no nyɛ bɔne mpo a, ehia sɛ yɛma Kristofo asafo no botae titiriw no tra yɛn adwenem—sɛ́ yɛbɛboa nnipa komapafo nyinaa ma wɔanya nokware nimdeɛ denam Onyankopɔn Mesia Ahenni no ho asɛm a yɛbɛka na yɛakyerɛkyerɛ no so. (Mat. 28:19, 20) Esiane bere a yɛwɔ mu no nti, ɛsɛ sɛ yɛn ani kũ saa dwumadi yi ho kɛse. (1 Kor. 7:29a; fa toto Mateo 26:45 ho.) Enti ɛsɛ sɛ Kristoni de ahwɛyiye ne mpaebɔ susuw asɛm no ho na osi gyinae a ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia.—Rom. 14:16-18.

Sɛ́ nhwɛso no, sɛ ankorankoro bi si gyinae sɛ wɔbɛto nsa afrɛ mfɛfo Kristofo aba wɔn afie abegye wɔn ani a, ɛyɛ wɔn a wɔto nsa frɛ afoforo no asɛyɛde sɛ wɔhwɛ ma wodi Kristofo nnyinasosɛm ahorow akyi, na sɛ kuw no sua a, wotumi hwɛ ma biribiara kɔ so yiye. Hyia a wohyiam gye wɔn ani saa no fata, nanso ɛyɛ soronko wɔ kuw a wɔtew de gye wɔn ani a asɛm yi gyina so titiriw no ho.

Bere a nokware Kristofo hu hia a anigyede ho hia no, wɔma ɛtra wɔn adwene mu sɛ, ɛsɛ sɛ ‘wɔyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu’ ansa na saa nhyehyɛe yi aba n’awiei. (1 Kor. 15:58) Enti, sɛ́ ankorankoro ne kuw no, ɛnsɛ sɛ yɛma anigyede ahorow twe yɛn adwene fi honhom mu asɛyɛde ahorow a ɛho hia no so.—Mat. 6:24; Ɔsɛnk. 11:9, 10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena