Deuteronomium
16 “Kae bosome Abib* na di Twam ma Yehowa wo Nyankopɔn,+ efisɛ bosome Abib mu na Yehowa wo Nyankopɔn yii wo fii Egypt anadwo.+ 2 Fa oguan ne nantwi+ bɔ Twam afɔre ma Yehowa wo Nyankopɔn+ wɔ baabi a Yehowa bɛpaw de ne din ato no.+ 3 Ɛnsɛ sɛ wode biribiara a ɛkaw ka ho di.+ Nnanson na di paanoo a mmɔkaw* nnim anaa ahoyeraw paanoo no, efisɛ wode ahopere na efii Egypt asaase so bae.+ Yɛ saa fa kae da a wufii Egypt no wo nkwa nna nyinaa.+ 4 Ɛnsɛ sɛ wohu mmɔkaw biara wɔ obiara nkyɛn wɔ asaase no nyinaa so nnanson.+ Afei sɛ wukum aboa no da a edi kan no anwummere a, nnyaw bi mma ade nnkye so.+ 5 Worentumi nkum Twam aboa no wɔ nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no biara mu kɛkɛ. 6 Mmom baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛpaw de ne din ato no, ɛhɔ na kum Twam aboa no. Kum no anwummere a owia akɔtɔ,+ te sɛ bere a na worefi Egypt no. 7 Noa aboa no nam na we+ wɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ,+ na ade kye anɔpa a woasan akɔ wo ntamadan mu. 8 Di paanoo a mmɔkaw nnim nnansia, na da a ɛto so ason no bɛyɛ nhyiam titiriw ama Yehowa wo Nyankopɔn. Nyɛ adwuma biara.+
9 “Kan nnawɔtwe ason. Ɛda a edi kan a wode kantankrankyi* bɛto wo hwiit* so sɛ woretwa no, kan nnawɔtwe ason no fi saa da no.+ 10 Afei di Nnawɔtwe Afahyɛ ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Hwɛ sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo no ho na fa ayamye afɔre bra.+ 11 Wo ne wɔn a wɔte w’asaase so nyinaa ani nnye wɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛpaw de ne din ato no; wo babarima, wo babea, w’akoa ne w’afenaa, Lewifo a wɔwɔ mo nkurow* mu, ɔhɔho a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafo, wo ne wɔn nyinaa ani nnye wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ 12 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt,+ enti tie ahyɛde yi nyinaa na di so.
13 “Sɛ woboaboa wo nnɔbae ne wo ngo ne wo nsã* ano a, di Apata* Afahyɛ no nnanson.+ 14 Edu afahyɛ bere yi a, ma w’ani nnye,+ wo ne wo babarima, wo babea, w’akoa ne w’afenaa, Lewini, ɔhɔho a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafo a ɔwɔ wo kurom no. 15 Di afahyɛ no nnanson+ fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn anuonyam wɔ baabi a Yehowa bɛpaw no, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo nnɔbae+ ne nea woyɛ nyinaa so. Enti nea wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma w’ani agye.+
16 “Afe biara mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa bɛba abegyina Yehowa mo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛpaw ama moadi Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ,+ Nnawɔtwe Afahyɛ,+ ne Apata* Afahyɛ+ no. Na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara de nsapan ba Yehowa anim. 17 Obiara nhwɛ sɛnea Yehowa ne Nyankopɔn ahyira no ho na ɔmfa n’akyɛde mmra.+
18 “Paw atemmufo+ ne mpanyimfo wɔ nkurow* a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuw biara no mu, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no atɛn. 19 Mmu atɛnkyea,+ nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude,* efisɛ adanmude fura anyansafo ani,+ na etumi ma atreneefo sesa wɔn ano. 20 Atɛntrenee, atɛntrenee nko ara na di akyi,+ na woanya nkwa na woakɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no.
21 “Hwɛ na woannua dua biara amfa anyɛ abosonnua*+ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn afɔremuka a wubesi no ho.
22 “Nyɛ ɔbosom dum biara,+ efisɛ ɛyɛ ade a Yehowa wo Nyankopɔn kyi koraa.