Deuteronomium
16 “Kae ɔsram Abib+ na di twam ma Yehowa wo Nyankopɔn,+ efisɛ ɔsram Abib mu na Yehowa wo Nyankopɔn yii wo fii Egypt anadwo.+ 2 Fa oguan ne nantwi+ bɔ twam afɔre ma Yehowa wo Nyankopɔn+ wɔ baabi a Yehowa de ne din bedua.+ 3 Di no nnanson, na mfa biribiara a akaw nka ho.+ Fa paanoo a mmɔkaw nnim, anaa ahoyeraw paanoo, ka ho di, efisɛ wode ahopere na efii Egypt asase so bae.+ Na wo nkwa nna nyinaa wobɛkae da a wufii Egypt no.+ 4 Na ɛnsɛ sɛ wohu mmɔkaw wɔ obiara nkyɛn wɔ asase no nyinaa so nnanson.+ Afei sɛ wukum aboa no da a edi kan anwummere a, nnyaw bi mma ade nnkye so.+ 5 Wuntumi nkum twam aboa no wɔ nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no biara mu kɛkɛ. 6 Mmom baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bedua no,+ ɛhɔ na kum twam aboa no. Kum no anwummere, bere a owia akɔtɔ,+ te sɛ bere a wufii Egypt no. 7 Faako a Yehowa wo Nyankopɔn bɛpaw no,+ ɛhɔ na siesie twam no na di,+ na ade kye anɔpa a woasan akɔ wo ntamadan mu. 8 Di paanoo a mmɔkaw nnim nnansia, na da a ɛto so ason no bɛyɛ nhyiam titiriw ama Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara.
9 “Kan adapɛn ason. Kan fi da a edi kan a wode wo kantankrankyi bɛto w’awi so sɛ woretwa no; kan adapɛn ason fi saa bere no.+ 10 Na di adapɛn afahyɛ ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Fa ayɛyɛde a efi wo pɛ mu bra sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo.+ 11 Wo ne wɔn a wɔwɔ wo nkyɛn nyinaa ani nnye wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ Wo ne wo babarima ne wo babea, w’akoa ne w’afenaa, Lewini a ɔwɔ wo kurom ne ɔhɔho,+ agyanka+ ne okunafo+ nyinaa ani nnye wɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bedua no.+ 12 Di ahyɛde yi nyinaa so+ na kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt.+
13 “Di asese afahyɛ+ no nnanson. Ɛyɛ bere a woboaboa wo nnɔbae ne wo ngo ne wo nsã ano. 14 Edu afahyɛ bere yi a ma w’ani nnye,+ wo ne wo babarima ne wo babea, w’akoa ne w’afenaa, Lewini ne ɔhɔho, agyanka ne okunafo a ɔwɔ wo kurom no. 15 Di afahyɛ no nnanson+ fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn anuonyam wɔ baabi a Yehowa bɛpaw no, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn behyira+ wo nnɔbae ne wo nsa ano adwuma nyinaa so. Enti nea wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma w’ani agye.+
16 “Afe biara ɔbarima biara bɛba abegyina Yehowa wo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛpaw no:+ bere a woredi paanoo a mmɔkaw nnim afahyɛ+ ne adapɛn afahyɛ+ ne asese afahyɛ no.+ Na obiara mmfa nsapan mmma Yehowa anim.+ 17 Obiara nhwɛ sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyira no ho mfa n’akyɛde mmra.+
18 “Sisi atemmufo+ ne mpanyimfo+ wɔ nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuw biara no apon ano, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no atɛn. 19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano. 20 Asɛntrenee, asɛntrenee+ na di na woanya nkwa na woakɔfa asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no.+
21 “Nnua dua biara mfa nyɛ abosonnua wɔ Yehowa wo Nyankopɔn afɔremuka a wubesi no ho.+
22 “Nyɛ abosom adum biara,+ efisɛ ɛyɛ ade a Yehowa wo Nyankopɔn kyi koraa.+