Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Leviticus 23:40
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 40 Da a edi kan no, mompɛ nnua fɛfɛ so aba ne berɛw+ ne dua mmãã a ahaban wɔ so kusuu ne nsuano nnua, na munni ahurusi+ Yehowa mo Nyankopɔn anim nnanson.

  • Deuteronomium 12:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Afei momma mo ani nnye wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mmabarima ne mo mmabea ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kurom no, efisɛ wannya mo agyapade no bi.+

  • Deuteronomium 26:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Na wo ne Lewini ne ɔhɔho a wabɛsoɛ wo ani nnye+ sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ama wo ne wo fiefo nnepa yi nyinaa.+

  • Nehemia 8:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkodi sradeduan na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi+ nkɔma wɔn a wonsiesiee hwee mmaa wɔn, efisɛ ɛnnɛ da yi yɛ da kronkron ma yɛn Awurade, enti mommma mo werɛ nnhow, na Yehowa mu anigye ne mo abannennen.”

  • Nehemia 8:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Enti wɔn a wofi nkoasom mu bae no bagua no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu; efi Nun ba Yosua+ nna no mu besi saa da no, na Israel mma nyɛɛ saa da, enti wodii ahurusi kɛse.+

  • Ɔsɛnkafo 5:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Hwɛ! Ade a mahu sɛ eye na ɛyɛ fɛ onipa nkwa nna dodow a nokware Nyankopɔn de ama no mu ne sɛ obedidi, na wanom, na wahu adepa, ne brɛ a ɔbrɛ owia ase nyinaa mu;+ eyi ne ne kyɛfa.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena