Deuteronomium 12:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na ɛhɔ na munnidi wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mo ne mo fiefo bɛyɛ biara, momma mo ani nnye,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo. Dwom 32:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Treneefo nyinaa, munni ahurusi Yehowa mu, na momma mo ani nnye;+Komam teefo nyinaa, monto ahurusi dwom.+ Dwom 63:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Me kra mee sɛ nea onya adepa ne srade,+Na m’ano de ahurusi dwom beyi wo ayɛ.+ Dwom 68:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Treneefo de, ma wonni ahurusi,+Ma wɔn ho nsɛpɛw wɔn Onyankopɔn anim,+Ma wɔmfa anigye mmɔ ose.+ Filipifo 4:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Munni ahurusi wɔ Awurade mu daa.+ Meka bio sɛ, munni ahurusi!+
7 Na ɛhɔ na munnidi wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mo ne mo fiefo bɛyɛ biara, momma mo ani nnye,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo.
11 Treneefo nyinaa, munni ahurusi Yehowa mu, na momma mo ani nnye;+Komam teefo nyinaa, monto ahurusi dwom.+