Dawid dwom; bere a ɔwɔ Yuda sare so no.+
63 Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, na wo na mehwehwɛ wo daa.+
Wo ho sukɔm de me kra.+
Wo ho anigyina ama matɔ piti
Wɔ asase wosee a hwee nni so so, faako a nsu nni.+
2 Saa na mahu wo wɔ kronkronbea hɔ,+
Na mahu w’ahoɔden ne w’anuonyam.+
3 Esiane sɛ w’adɔe ye sen nkwa nti,+
M’ano na mede bɛkamfo wo.+
4 Saa na mehyira wo me nkwa nna nyinaa;+
Wo din mu na mɛma me nsa so.+
5 Me kra mee sɛ nea onya adepa ne srade,+
Na m’ano de ahurusi dwom beyi wo ayɛ.+
6 Sɛ mekae wo me kɛtɛ so+
Anadwo dasum a, midwinnwen wo ho.+
7 Wone me boafo,+
Na wo ntaban nwini ase na meto ahurusi dwom.+
8 Me kra di w’anammɔn akyi;+
Wo nsa nifa kura me mu denneennen.+
9 Wɔn a wɔrehwehwɛ me kra asɛe no no de,+
Asase ase tɔnn na wɔbɛkɔ.+
10 Wɔde wɔn bɛhyɛ nkrante nsa;+
Wɔbɛdan asakraman aduan.+
11 Na ɔhene bedi Onyankopɔn mu ahurusi.+
Obiara a ɔka no ntam no bɛhoahoa ne ho,+
Efisɛ wɔbɛma nkontompofo aka wɔn ano atom.+