Wɔde ma Yedutan dwonkyerɛfo. Dawid dwom.
62 Onyankopɔn na me kra ayɛ komm retwɛn no.+
Ne hɔ na me nkwagye fi.+
2 Ampa ara, ɔno ne me botan ne me nkwagye, m’abantenten;+
Merenwatiriw nhwe ase.+
3 Mubetu mo ani asi onipa a morepɛ no akum no so akosi da bɛn?+
Mo nyinaa mote sɛ ɔfasu a akyea, abo ɔfasu a wɔrepia ahwe fam.+
4 Ampa ara wɔde afotu ma onipa de dɛfɛdɛfɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a ne nidi bɛbɔ no;+
Atoro na wɔn ani gye ho.+
Wɔde wɔn ano hyira, na wɔn mu de, wɔdome.+ Sela.
5 O me kra, twɛn Onyankopɔn,+
Efisɛ ɔno na m’ani da no so.+
6 Ampa ara ɔne me botan ne me nkwagye, m’abantenten;+
Merenhinhim da.+
7 Me nkwagye ne m’anuonyam gyina Onyankopɔn so.+
Onyankopɔn ne me botantim ne me guankɔbea.+
8 Momfa mo ho nto no so daa.+
Munyi mo koma mu nsɛm adi nkyerɛ no.+
Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea.+ Sela.
9 Ampa ara nnipa mma yɛ mframa,+
Adesamma yɛ guankɔbea hunu.+
Sɛ wɔkari wɔn nsenia mu a, wɔn nyinaa mu yɛ hare sen mframa.+
10 Mommfa mo ho nnto nsisi so,+
Na mommma korɔnbɔ nnnaadaa mo.+
Sɛ ahonyade dɔɔso a, mommfa mo adwene nnsi so.+
11 Onyankopɔn akasa pɛnkoro, na mate asɛm yi mprenu,+
Sɛ Onyankopɔn nsam na tumi wɔ.+
12 Adɔe nso yɛ wo dea, O Yehowa,+
Na wo na wutua obiara ka sɛnea ne nnwuma te.+