Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Samuel 16:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ,+ efisɛ onipa desani hwɛ nea etua aniwa,+ na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”+

  • Hiob 34:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Sɛnea ɔbarima nneyɛe te na obetua no ka,+

      Na sɛnea onipa kwan te no, saa ara na ɔbɛma aba no so.

  • Mmebusɛm 24:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Sɛ woka sɛ: “Hwɛ! Ná yennim eyi”+ a, so nea ɔkari koma no renhu,+ na nea ɔhwɛ wo kra no, ɔrenhu,+ na ɔrentua ɔdesani ka sɛnea ne nnwuma te anaa?+

  • Yeremia 32:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Wo na wosõ, afotu+ ne nnwuma+ mu, na w’ani abue hwɛ nnipa mma+ akwan nyinaa sɛ wubetua obiara ka sɛnea n’akwan ne ne nneyɛe so aba te.+

  • Hesekiel 7:27
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 Ɔhene bedi awerɛhow;+ obirɛmpɔn befura ahoyeraw+ na asase no sofo nsam ahodwow. Me ne wɔn bedi sɛnea wɔn akwan te+ na wɔn atemmu na mede bebu wɔn atɛn,+ na wobehu sɛ mene Yehowa.’”+

  • Romafo 2:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Na obetua obiara ka sɛnea ne nnwuma te:+

  • 2 Korintofo 5:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Na etwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmu agua anim,+ na obiara anya nea ɔnam nipadua no so yɛe ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+

  • Galatifo 6:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe.+ Na nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa;+

  • Kolosefo 3:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 Nokwarem no, nea ɔyɛ bɔne no benya adebɔne a ɔyɛe no so akatua,+ na animhwɛ nnim.+

  • 2 Timoteo 4:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Aleksandro+ a ɔyɛ kɔbere dwumfo no yɛɛ me bɔne pii—Yehowa betua no ka sɛnea ne nnwuma te+​—

  • 1 Petro 1:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra bere a mode te ase sɛ ahɔho no.+

  • Adiyisɛm 20:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na mihuu awufo, akɛse ne nketewa,+ sɛ wogyinagyina ahengua no anim, na wobuebuee nhoma mmobɔwee mu. Na wobuee nhoma foforo mu; ɛno ne nkwa nhoma no.+ Na wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no buu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.+

  • Adiyisɛm 22:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 “‘Hwɛ! mereba ntɛm,+ na mewɔ akatua+ wɔ me nkyɛn a mede bɛma obiara sɛnea n’adwuma te.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena