Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Beresosɛm 28:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 “Na wo, me ba Solomon, hu+ Onyankopɔn a wo papa som+ no no, na fa koma+ a edi mũ ne ɔkra+ mu anigye som no; efisɛ Yehowa hwehwɛ koma nyinaa mu,+ na ohu emu adwene nyinaa.+ Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no,+ na sɛ wugyaw no a,+ ɔno nso bɛtow wo akyene koraa.+

  • Dwom 62:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Adɔe nso yɛ wo dea, O Yehowa,+

      Na wo na wutua obiara ka sɛnea ne nnwuma te.+

  • Mmebusɛm 24:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Sɛ woka sɛ: “Hwɛ! Ná yennim eyi”+ a, so nea ɔkari koma no renhu,+ na nea ɔhwɛ wo kra no, ɔrenhu,+ na ɔrentua ɔdesani ka sɛnea ne nnwuma te anaa?+

  • Yeremia 32:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Wo na wosõ, afotu+ ne nnwuma+ mu, na w’ani abue hwɛ nnipa mma+ akwan nyinaa sɛ wubetua obiara ka sɛnea n’akwan ne ne nneyɛe so aba te.+

  • Hesekiel 33:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 “Na moka sɛ, ‘Yehowa akwan nteɛ.’+ Nanso Israel fie, mebu mo mu biara atɛn sɛnea n’akwan te.”+

  • Mateo 16:27
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 Etwa sɛ onipa Ba no ba n’Agya anuonyam mu a n’abɔfo ka ne ho, na obetua obiara ka sɛnea ne nneyɛe te.+

  • Romafo 2:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Na obetua obiara ka sɛnea ne nnwuma te:+

  • 2 Korintofo 5:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Na etwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmu agua anim,+ na obiara anya nea ɔnam nipadua no so yɛe ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+

  • Galatifo 6:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe.+ Na nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa;+

  • 1 Petro 1:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra bere a mode te ase sɛ ahɔho no.+

  • Adiyisɛm 22:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 “‘Hwɛ! mereba ntɛm,+ na mewɔ akatua+ wɔ me nkyɛn a mede bɛma obiara sɛnea n’adwuma te.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena