Mmebusɛm 19:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɔdesani nkwaseasɛm na ɛkyea ne kwan,+ na ne koma huru hyɛ Yehowa.+ Yesaia 55:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Ɛnyɛ mo adwene ne m’adwene,+ na ɛnyɛ m’akwan ne mo akwan,”+ Yehowa asɛm ni. Yesaia 55:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Na sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no,+ saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan,+ na m’adwene korɔn sen mo adwene.+ Hesekiel 18:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 “‘Na mobɛka sɛ: “Yehowa akwan nteɛ.”+ O Israel fie, monyɛ aso ntie. So m’akwan nteɛ ampa?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?+ Hesekiel 18:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 “‘Afei Israel fie bɛka sɛ: “Yehowa akwan nteɛ.”+ O Israel fie, so m’akwan nteɛ ampa?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?’+
9 “Na sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no,+ saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan,+ na m’adwene korɔn sen mo adwene.+
25 “‘Na mobɛka sɛ: “Yehowa akwan nteɛ.”+ O Israel fie, monyɛ aso ntie. So m’akwan nteɛ ampa?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?+
29 “‘Afei Israel fie bɛka sɛ: “Yehowa akwan nteɛ.”+ O Israel fie, so m’akwan nteɛ ampa?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?’+