13 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm.+ Woanni Yehowa, wo Nyankopɔn mmara nsɛm+ a ɔhyɛɛ wo+ no so; sɛ wudii so a, anka Yehowa bɛma w’ahenni atim Israel so afebɔɔ.
42 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ́ woama ɔbarima a makyerɛ sɛ wɔnsɛe no afi wo nsa+ nti, wo kra besi ne kra ananmu,+ na wo man besi ne man ananmu.’”+