1 Ahene
20 Ɛnna Siria hene Ben-Hadad+ boaboaa n’asraafodɔm nyinaa ano; ná ahene aduasa abien+ ne apɔnkɔ+ ne nteaseɛnam+ ka ne ho, na obetwaa+ Samaria+ ho hyiae sɛ ɔne wɔn rebɛko. 2 Afei otuu abɔfo+ kɔɔ Israel hene Ahab nkyɛn wɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Ben-Hadad aka ni, 3 ‘Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom ne wo mma a wɔn ho yɛ fɛ nso yɛ me dea.’”+ 4 Ɛnna Israel hene buae sɛ: “Sɛnea woaka no, me wura ɔhene, me ne nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea.”+
5 Akyiri yi, abɔfo no san ba bɛkae sɛ: “Nea Ben-Hadad aka ni, ‘Mesoma baa wo nkyɛn sɛ: “Fa wo dwetɛ ne wo sika ne wo yerenom ne wo mma ma me. 6 Ɔkyena sesɛɛ nso, mɛsoma me nkoa aba wo nkyɛn, na wɔbɛhwehwɛ wo fie ne wo nkoa afie mu, na ɛbɛba sɛ ade biara a ɛyɛ fɛ+ w’ani so no, wɔbɛfa akura wɔn nsam de aba.”’”
7 Ɛhɔ ara na Israel hene frɛɛ asase no so mpanyimfo+ nyinaa bɔɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Mesrɛ mo, monhwɛ nhu sɛ mmusu na onipa yi rehwehwɛ;+ ɔsoma bɛka kyerɛɛ me sɛ memfa me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika mma no, na mamfa ankame no.” 8 Ɛnna mpanyimfo no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nyɛ nea waka no, na mpene so.” 9 Enti ɔka kyerɛɛ Ben-Hadad abɔfo no sɛ: “Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ, ‘Nea wudii kan soma bɛka kyerɛɛ me no, mɛyɛ ne nyinaa, na eyi de, ɛnyɛ ade a metumi ayɛ.’” Ɛnna abɔfo no fii hɔ kɔe, na wɔkɔbɔɔ no amanneɛ.
10 Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mfutuma a ɛbɛka Samaria no betumi ayɛ m’akyidifo nyinaa nsa amaama+ a, anyame+ no ntua me ka na wɔmfa bi nka ho!”+ 11 Ɛnna Israel hene nso buae sɛ: “Monkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Mma nea ɔhyɛ akotade+ nnhoahoa ne ho sɛ nea ɔreyi agu hɔ.’”+ 12 Bere a ɔtee asɛm yi no, ná ɔne ahene no renom nsã+ wɔ asese ase, ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Mommoaboa mo ho!” Na wofii ase boaboaa wɔn ho sɛ wɔrekɔ kurow no so.
13 Na hwɛ! odiyifo bi baa Israel hene Ahab+ nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni,+ ‘Woahu dɔm kɛse yi nyinaa? Hwɛ, ɛnnɛ mede wɔn bɛhyɛ wo nsa na woahu sɛ mene Yehowa.’”+ 14 Ɛnna Ahab bisae sɛ: “Ɛnam hena so?” na obuae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Ɛnam amantam asoafo no mmerante so.’” Na ɔhene san bisae sɛ: “Hena na obebue ɔko no ano?” na obuae sɛ: “Ɛyɛ wo!”
15 Ɛnna ɔkan amantam asoafo no mmerante no; wɔn dodow sii ahanu aduasa abien.+ Ɛno akyi no, ɔkan Israel nyinaa mu nnipa a wɔkɔ ɔsa; wɔn dodow sii mpemnson. 16 Afei wofii adi kɔe owigyinae bere a Ben-Hadad rewe nsã bow+ wɔ asese ase no, ɔne ahene no, ahene aduasa abien a wɔka ne ho reboa no no. 17 Bere a amantam asoafo no mmerante+ no dii kan fii adi no, ɛhɔ ara na Ben-Hadad soma kɔɔ hɔ, na wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Mmarima bi fi Samaria aba.” 18 Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛ asomdwoe mu mpo na wɔbae a, monkyere wɔn anikan, na sɛ ɔko nso nti na wɔbae a, anikan ara na monkyere wɔn.”+ 19 Eyinom na wofii adi fii kurow no mu bae, amantam asoafo no mmerante no ne asraafo a wodi wɔn akyi no. 20 Na obiara bobɔɔ onipa a ofii adi behyiaa no no, na Siriafo+ guanee,+ na Israelfo tiw wɔn. Siria hene Ben-Hadad de, ɔtenaa ɔpɔnkɔ so ne n’apɔnkɔsotefo guanee. 21 Na Israel hene fii adi kɔbobɔɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ no, na ɔde okunkɛse kunkum Siriafo no.
22 Akyiri yi, odiyifo+ no kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔhyɛ wo ho den,+ na hu nea wobɛyɛ+ efisɛ sɛ afe kɔ behyia a, Siria hene bɛba wo so.”+
23 Siria hene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔn Nyankopɔn yɛ mmepɔw Nyankopɔn.+ Ɛno nti na wɔn ho yɛɛ den sen yɛn no. Enti ma yɛne wɔn nkɔko wɔ asase a ɛda fam so, na hwɛ sɛ yɛn ho renyɛ den nsen wɔn anaa. 24 Na eyi na yɛ: Yiyi ahene+ no nyinaa fi mu, na fa amradofo sisi wɔn ananmu.+ 25 Afei kan asraafodɔm a wɔn dodow te sɛ asraafodɔm a wohweree wɔn no, na apɔnkɔ nhyɛ apɔnkɔ ananmu na nteaseɛnam nhyɛ nteaseɛnam ananmu na yɛne wɔn nkɔko wɔ asase a ɛda fam so, na hwɛ sɛ yɛn ho renyɛ den nsen wɔn anaa.”+ Enti otiee wɔn nne, na ɔyɛɛ saa.
26 Na afe kɔ behyiae no, Ben-Hadad boaboaa Siriafo+ ano, na wosiim kɔɔ Afek+ sɛ wɔne Israel rekɔko. 27 Wɔboaboaa Israelfo nso ano, na wɔmaa wɔn nea wohia,+ na wofii adi sɛ wɔrekohyia wɔn; Israelfo bɔɔ nsra te sɛ nguankuw* nketewa abien wɔ wɔn anim, nanso Siriafo no de, wɔhyɛɛ asase no so mã.+ 28 Ɛnna nokware Nyankopɔn+ nipa no bɛn Israel hene bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ́ Siriafo aka sɛ: “Yehowa yɛ mmepɔw Nyankopɔn na ɔnyɛ asase a ɛda fam Nyankopɔn” nti, mede dɔm kɛse yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa+ na moahu sɛ mene Yehowa.’”+
29 Na wɔbɔɔ nsra nnanson; eyinom anim kyerɛ eyinom anim.+ Da a ɛto so ason no, ɔko no fii ase, na da koro, Israelfo kunkum Siriafo mmarima mpem ɔha a wɔnam fam. 30 Wɔn a wɔkae no guan kɔɔ Afek+ kurow no mu; ɛnna ɔfasu no bu guu mmarima mpem aduonu ason a wɔkae no so.+ Ben-Hadad de, oguanee,+ na ɔkɔhyɛɛ pia mu+ wɔ kurow no mu.
31 Ɛnna ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛate sɛ Israel fie ahene yɛ ahene a wɔyɛ adɔe.+ Enti yɛsrɛ wo, ma yɛmfa atweaatam+ mmobɔ yɛn asen+ na yɛmfa nhama mmobɔ yɛn ti nkɔ Israel hene nkyɛn. Ebia ɔbɛkora wo kra so.”+ 32 Enti wɔfaa atweaatam bobɔɔ wɔn asen na wɔde nhama bobɔɔ wɔn ti kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea w’akoa Ben-Hadad aka ni, ‘Mesrɛ wo, ma me kra ntena nkwa mu.’” Ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Ɔda so te ase anaa? Me nua ne no.” 33 Ɛnna mmarima+ no faa no sɛ asɛmpa na ɛreba, na ɔno ara ne tirim asɛm na waka no, na wɔkae sɛ: “Ben-Hadad yɛ wo nua.” Na ɔno nso kae sɛ: “Monkɔfa no mmra.” Enti Ben-Hadad baa ne nkyɛn, na ntɛm ara ɔma ɔforo bɛtenaa teaseɛnam no mu.+
34 Ɛnna Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkurow+ a me papa gye fii wo papa nsam no, mɛsan adan ama; paw mmorɔn wɔ Damasko fa sɛnea me papa nso paw bi fae wɔ Samaria no.”
Na Ahab nso kae sɛ: “Me nso, me ne wo bɛyɛ apam+ eyi ho na magya wo kwan ma woakɔ.”
Na ɔne no yɛɛ apam gyaa no kwan ma ɔkɔe.
35 Na ɔbarima bi a ofi adiyifo no asefo mu+ nam Yehowa asɛm+ so ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Nanso ɔbarima no ammɔ no. 36 Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ woantie Yehowa nne nti, bere a worefi me nkyɛn akɔ yi, gyata bekum wo.” Ɛno akyi no, ofii ne nkyɛn kɔe na okohyiaa gyata+ ma okum no.+
37 Okohuu ɔbarima foforo, na ɔka kyerɛɛ ɔno nso sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Ɛnna ɔbarima no bɔɔ no; ɔbɔɔ no piraa no.
38 Afei odiyifo no kɔe kogyinaa kwan so twɛn ɔhene no, na ɔde biribi kataa n’anim sɛnea obi renhu no.+ 39 Bere a ɔhene no rebetwam no, ɔfrɛɛ ɔhene kae sɛ:+ “W’akoa fi kɔɔ ɔko no mfinimfini; na hwɛ! na ɔbarima bi refi ɔko no mu akɔ, na ɔde obi bɛhyɛɛ me nsa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ ɔbarima yi so. Sɛ ɔyera a, wo kra+ besi ne kra ananmu,+ anyɛ saa a, wobɛkari dwetɛ dwetikɛse biako ahyɛ mu.’+ 40 Ɛbae sɛ bere a w’akoa redi akɔneaba no, hwɛ, onipa no guanee.” Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Saa na w’atemmu bɛyɛ. Wo ara na woabua.”+ 41 Ntɛm ara na oyii ade no fii n’anim, na Israel hene huu onipa kõ a ɔyɛ, sɛ ofi adiyifo no mu.+ 42 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ́ woama ɔbarima a makyerɛ sɛ wɔnsɛe no afi wo nsa+ nti, wo kra besi ne kra ananmu,+ na wo man besi ne man ananmu.’”+ 43 N’ano sii no, Israel hene de n’ani kyerɛɛ ne fie; ná wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ+ na wabotow, na ɔkɔɔ Samaria.+