2 Ɛnna ofii adi kɔɔ Asa anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me ɛ! Yehowa de, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena;+ sɛ mohwehwɛ+ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo.+
22 Ná ɛyɛ me aniwu sɛ mebisa asraafodɔm+ ne apɔnkɔsotefo+ afi ɔhene no hɔ ma wɔabɔ yɛn ho ban afi atamfo nsam wɔ ɔkwan so, efisɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene sɛ: “Yɛn Nyankopɔn nsa+ wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so sɛ obedi ama wɔn,+ na ne tumi ne n’abufuw+ wɔ wɔn a wɔpo+ no so.”