Deuteronomium 31:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Saa da no, m’abufuw bɛdɛw ahyɛ wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adan m’ani afi wɔn so,+ na meyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛe. Na wobehyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mfinimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+ Dwom 73:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Na hwɛ! Wɔn a wɔtwe wɔn ho fi wo ho no, wɔn na wɔbɛyera.+Wɔn a wofi w’akyi kɔbɔ aguaman no nyinaa, wobɛsɛe wɔn.+ Yesaia 1:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Na wɔbɛsɛe atuatewfo ne abɔnefo nyinaa prɛko,+ na wɔatwa wɔn a wogyaw Yehowa no afi hɔ.+ Hebrifo 10:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 “Na gyidi na ɛbɛma me treneeni anya nkwa,”+ na, “sɛ ɔsan n’akyi a, me kra ani rennye ne ho.”+
17 Saa da no, m’abufuw bɛdɛw ahyɛ wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adan m’ani afi wɔn so,+ na meyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛe. Na wobehyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mfinimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+
27 Na hwɛ! Wɔn a wɔtwe wɔn ho fi wo ho no, wɔn na wɔbɛyera.+Wɔn a wofi w’akyi kɔbɔ aguaman no nyinaa, wobɛsɛe wɔn.+