Hebrifo
10 Na esiane sɛ Mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsuma+ na ɛnyɛ nneɛma no adeban ankasa nti, nnipa ntumi mfa afɔre koro no ara a wɔbɔ no afe afe no so mma wɔn a wɔba no nwie pɛyɛ+ da. 2 Anyɛ saa a, so anka wɔannyae afɔre a na wɔbɔ no? Efisɛ anka wɔn a na wɔyɛ ɔsom adwuma no a wɔatew wɔn ho prɛko no nnim bɔne bio.+ 3 Mmom no, saa afɔrebɔ yi ma wɔkae bɔne afe biara,+ 4 efisɛ anantwinini ne mmirekyi mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.+
5 Enti bere a ɔbaa wiase no, ɔkae sɛ: “‘Afɔre ne ayɛyɛde de woampɛ,+ na mmom wusiesiee nipadua maa me.+ 6 Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ansɔ w’ani.’+ 7 Ɛnna mekae sɛ, ‘Hwɛ! Maba (wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu)+ sɛ merebɛyɛ w’apɛde, O Onyankopɔn.’”+ 8 Bere a wadi kan aka sɛ: “Woampɛ, na w’ani ansɔ afɔrebɔ ne ayɛyɛde ne ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre”+—afɔre a wɔbɔ sɛnea Mmara no kyerɛ+ no— 9 afei ɔka sɛ: “Hwɛ! Maba sɛ merebɛyɛ w’apɛde.”+ Oyi nea edi kan no fi hɔ na ama watumi de nea ɛto so abien no asi hɔ.+ 10 Saa “apɛde”+ no nti wɔnam Yesu Kristo nipadua a wɔde mae+ prɛko+ no so atew yɛn ho.+
11 Bio nso, ɔsɔfo biara gyina ne gyinabea+ som daa daa,+ na ɔbɔ afɔre koro no ara mpɛn pii esiane sɛ entumi nyi bɔne mfi hɔ korakora nti.+ 12 Nanso ɔbarima yi bɔɔ afɔre biako maa bɔne afebɔɔ,+ na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa,+ 13 na efi saa bere no ɔretwɛn akosi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiaso.+ 14 Na ɔnam afɔre biako+ so ama wɔn a wɔtew wɔn ho no ayɛ pɛ+ afebɔɔ. 15 Afei nso, honhom kronkron+ no nso di yɛn adanse, efisɛ ɛka sɛ: 16 “‘Eyi ne apam a me ne wɔn bɛyɛ wɔ nna no akyi,’ Yehowa asɛm ni. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn komam, na makyerɛw wɔ wɔn adwenem.’”+ 17 Na ɛka wɔ ɛno akyi sɛ: “Na merenkae wɔn bɔne ne wɔn mmaratode bio da.”+ 18 Na sɛ eyinom ho fafiri+ wɔ hɔ a, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.+
19 Enti anuanom, esiane sɛ yɛnam Yesu mogya so wɔ akokoduru a yɛde kɔ+ kronkronbea+ hɔ, 20 nea obuee ano maa yɛn sɛ ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam+ no mu, ɛne sɛ, ne honam+ mu, 21 na afei esiane sɛ yɛwɔ ɔsɔfo kɛse a odi Onyankopɔn fie so nti,+ 22 momma yɛmfa nokware koma mmra a yɛwɔ gyidi mu awerɛhyem a edi mũ, bere a wɔatew* yɛn koma ho afi ahonim+ bɔne mu na wɔde nsu a emu tew+ ahohoro yɛn nipadua ho no. 23 Momma yenso anidaso+ ho mpaemuka no mu pintinn a yenhinhim,+ efisɛ nea ɔhyɛɛ bɔ no yɛ ɔnokwafo.+ 24 Na momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho+ nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu,+ 25 na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam+ sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran,+ titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.+
26 Na sɛ yenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ,+ na ɛno akyi no yɛboapa+ tena bɔne mu a, bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio,+ 27 mmom no atemmu akwanhwɛ+ a ɛyɛ hu na ɛwɔ hɔ, ne ninkunu a ano yɛ hyew a ɛrebɛhyew wɔn a wɔsɔre tia.+ 28 Sɛ obi bu Mose mmara no animtiaa a, wogyina nnipa baanu anaa baasa adanse so ma owu a ahummɔbɔ nnim.+ 29 Ɛnde mususuw sɛ asotwe a ɛkyɛn so+ bɛn na ɛbɛfata obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so,+ na wabu apam mogya+ a wɔde tew ne ho no sɛ adehunu bi, na wasopa adom honhom+ no pasaa no? 30 Na yenim nea ɔkae sɛ: “Aweredi wɔ me; me ara metua bɔne so ka”;+ afei nso: “Yehowa bebu ne nkurɔfo atɛn.”+ 31 Ɛyɛ hu sɛ obi bɛhwe Onyankopɔn teasefo no nsam.+
32 Nanso, monkɔ so nkae kan nna a muhuu hann no,+ sɛ mode animia gyinae, koe denneennen wɔ amanehunu mu,+ 33 na ɛtɔ da bi a na wɔde ahohorabɔ ne ahohia ba mo so te sɛ nea mowɔ adehwɛbea,+ na ɛtɔ da bi nso a, mo ne wɔn a wɔfaa saa tebea no mu hu amane.+ 34 Na wɔn a wɔdaa afiase no asɛm yɛɛ mo mmɔbɔ, na mode anigye penee mo ahode a wɔfowee+ so, bere a munim sɛ mowɔ agyapade a ɛkyɛn so na ɛwɔ hɔ daa no.+
35 Enti monntow ahotoso a mode kasa+ a ɛso wɔ akatua+ kɛse no nnkyene. 36 Na muhia boasetɔ,+ na sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde wie+ a, mo nsa aka bɔhyɛ+ no. 37 Na “aka kakraa bi”+ na “nea ɔreba no abedu, na ɔrenkyɛ.”+ 38 “Na gyidi na ɛbɛma me treneeni anya nkwa,”+ na, “sɛ ɔsan n’akyi a, me kra ani rennye ne ho.”+ 39 Yɛn de, yɛnyɛ nnipa a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu,+ na mmom yɛyɛ nnipa a wɔwɔ gyidi a egye ɔkra nkwa.+