Dɛn na Ɛma Nkurɔfo Ani Gye?
Mfe aduonu ni a nhwehwɛmufo kuw bi a wɔwɔ wiase nyinaa atɔ wɔn bo ase asua anigye ho ade. Dɛn na wohui? Scientific American nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛte sɛ nea anigye nnyina tebea horow a atwa yɛn ho ahyia so titiriw.”
Nyansahu ho nsɛmma nhoma yi kae nso sɛ: “Ahonyade nso nkyerɛ sɛ obi wɔ anigye. Nkurɔfo nnyaa anigye bere a wodi yiye kɛse wɔ wɔn asetram. . . . Wɔ aman dodow no ara mu no, abusuabɔ a ɛda sika a wonya ne anigye ntam no yɛ ketewaa bi.”
Nhwehwɛmu no maa su horow anan a ɛda adi wɔ nnipa a wɔwɔ anigye ho daa adi: Wɔn ani gye wɔn ho na wobu wɔn ho paa, wɔte nka sɛ wɔwɔ wɔn ankasa asetra so tumi, wɔwɔ anidaso, na wɔpɛ nnipa. Afei nso, aware pa ne nnamfo pa a obi nya boa ma asetra yɛ anigye, na eyinom ma akwahosan pa ne onyinkyɛ.
Nea ɛfoa asɛm no so no, Scientific American bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nkurɔfo a wɔde wɔn ho hyɛ nyamesom mu denneennen nso kyerɛ sɛ wonya anigye kɛse. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe ma ɛbɛdaa adi sɛ nnipa a wɔpɛ nyamesom yiye no betumi aka sɛ wɔwɔ anigye kɛse sen wɔn a wɔmfa wɔn ho nhyɛ honhom fam nhyehyɛe biara mu no mpɛn abien. Nhwehwɛmu afoforo, a nea wɔyɛe wɔ aman 16 nkabom nhwehwɛmu a wɔyɛɛ nnipa 166,000 a wɔwɔ aman 14 mu ka ho no daa no adi sɛ anigye ne asetram abotɔyam nya nkɔso bere a nkurɔfo yere wɔn ho wɔ nyamesom mu na wɔkɔ asɔre daa no.”
Bere tenten bi a atwam no, odwontofo Dawid daa no adi sɛ anigye ne biakoyɛ a wɔde som Yehowa Nyankopɔn wɔ abusuabɔ, bere a ɔkyerɛwee sɛ: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ [Yehowa, NW] fi.”—Dwom 122:1.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Paulo hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam”! (Hebrifo 10:24, 25; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Nokwarem no, wɔn a yɛne wɔn kura gyidi a ɛsom bo koro no ara a yɛne wɔn behyiam asom Onyankopɔn no yɛ anigyede ma wɔn a wɔpɛ Bible mu nokware no. Yehowa Adansefo ɔpepem pii ahu sɛ eyi yɛ nokware na wɔto nsa frɛ wo sɛ w’ankasa bɛhwɛ eyi denam ka a wobɛka wɔn ho ne wɔn asom wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo so no so.