Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 4/1 kr. 32
  • “Boasetɔ Ho Hia Mo”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Boasetɔ Ho Hia Mo”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 4/1 kr. 32

“Boasetɔ Ho Hia Mo”

SƐ YƐN nsa bɛka “bɔhyɛ no” a, “boasetɔ hia” yɛn. (Hebrifo 10:36) Bible nhomanimfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛtɔ mmere bi a na Hela asɛmfua ma “boasetɔ” a ɔsomafo Paulo de dii dwuma wɔ asɛm yi mu no tumi gyina hɔ ma “tumi a dua bi tumi gyina tebea a ɛyɛ den na enye ano.”

Dua a ɛte saa pɛpɛɛpɛ nyin wɔ Europa mmepɔw so. Anwonwasɛm ne sɛ, wɔfrɛ no tra ase daa. Ɛwom sɛ saa bepɔw so dua yi ntra ase daa de, nanso nokwarem no, etumi nyin mfe pii na egu nhwiren a ɛyɛ fɛ yiye ahohuru bere biara. The New Encyclopædia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔde din, tra ase daa no maa dua no esiane “gyina a etumi gyina tebea a ano yɛ den ano ne kyɛ a ɛkyɛ nti.” (Nyansahu mu din a wɔde ama saa nnua a ɛwɔ Sempervivum abusua mu no nso kyerɛ “tra ase daa.”

Nea ɛma dua a ɛkyɛ yi da nsow ne sɛ, enyin wɔ mmeae a ɛhɔ tebea nye koraa. Wobetumi ahu wɔ mmepɔw atenten nsiane so, beae a wim tebea so tumi huan bɛyɛ digrii 35 sɛntigred wɔ dɔnhwerew 24 pɛ mu no. Ebetumi agye ntini wɔ abotan nturii a anhwea ketewaa bi na ɛwɔ so mu. Dɛn ne nneɛma a ɛma etumi gyina tebea horow a ano yɛ den saa ano no bi?

Tra ase daa no wɔ nhaban pipiripii a etumi kora nsu so yiye. Eyi boa no ma etumi de nsu a efi osu a ɛtɔ ne asukyenee a ɛnan mu nyinaa di dwuma kosi ase. Bio nso, enyin sɛ akuwakuw ka wɔn ahoɔden bom na wɔatumi anya nnyinaso wɔ abotan no mu. Wɔn ntini a ewurawura abotan nturii mu no bɔ wɔn ho ban fi wim tebea bɔne ho ɛmfa ho sɛ ebia na anhwea a ɛwɔ hɔ no nnɔɔso. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, etumi nyin denam hokwan biara a enya a ɛde di dwuma yiye wɔ tebea bɔne mu no so.

Sɛ yɛbɛka no honhom fam a, ebia yebetumi akɔ tebea a ɛbɛsɔ sɛnea yɛn boasetɔ te ahwɛ mu. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina wɔ sɔhwɛ mu? Te sɛ tra ase daa dua no, yebetumi akora Onyankopɔn Asɛm mu nsu a ɛma nkwa no so na yɛde yɛn ho abɔ nokware Kristofo na yɛanya nnyinaso ne ahobammɔ. Nea ɛsen ne nyinaa no, te sɛ bepɔw so nhwiren no, ɛsɛ sɛ yɛfam yɛn “botan,” Yehowa, ne afei nso, n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no ho denneennen.—2 Samuel 22:3.

Nokwarem no, tra ase daa dua no yɛ biribi a ɛkanyan adwene a ɛka yɛn sɛ wɔ tebea a enye koraa mu mpo no, sɛ yɛde nsiesiei a ɛwɔ hɔ no di dwuma a, yebetumi agyina. Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ, boasetɔ a ɛte saa no bɛboa yɛn ma ‘yɛanya bɔhyɛ ahorow no’ a ɛbɛkyerɛ ankasa sɛ yɛbɛtra ase daa.—Hebrifo 6:12; Mateo 25:46.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena