Dwom 71:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wone m’anidaso,+ wo na mede me werɛ ahyɛ wo mu fi me mmofraase.+ Romafo 15:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Onyankopɔn a ɔma anidaso no mfa gye a mugye di so mma anigye ne asomdwoe nyinaa nyɛ mo mã, na moaboro so anidaso mu wɔ honhom kronkron ahoɔden+ mu. Tito 1:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 ade a egyina daa nkwa+ a Onyankopɔn a ontumi nni atoro+ no ahyɛ ho bɔ fi teteete+ ho anidaso so,
13 Onyankopɔn a ɔma anidaso no mfa gye a mugye di so mma anigye ne asomdwoe nyinaa nyɛ mo mã, na moaboro so anidaso mu wɔ honhom kronkron ahoɔden+ mu.