Romafo
15 Nanso ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den no soa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ,+ na ɛnsɛ sɛ yɛsɔ yɛn ankasa ani.+ 2 Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani wɔ nea eye a ɛbɛma wayɛ den mu.+ 3 Na Kristo mpo ansɔ n’ankasa ani;+ na mmom sɛnea wɔakyerɛw no: “Wɔn a na wɔbɔ wo ahohora no ahohorabɔ aba me so.”+ 4 Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw+ ama yɛn nkyerɛkyerɛ,+ na yɛnam yɛn boasetɔ+ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye+ so anya anidaso.+ 5 Na Onyankopɔn a ɔma boasetɔ ne awerɛkyekye no mma munnya adwenkoro+ no ara a na Kristo Yesu wɔ no bi wɔ mo mu, 6 na moafi adwenkoro+ mu de nokoro ahyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya anuonyam.
7 Enti munnye mo ho mo ho,+ sɛnea Kristo nso gyee yɛn no,+ na ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. 8 Na mise Kristo bɛyɛɛ twetiafo+ somfo+ ankasa de kyerɛɛ Onyankopɔn nokwaredi,+ na ɔde ahyɛ bɔ a ɔhyehyɛɛ wɔn agyanom no mu den,+ 9 na ama amanaman+ no ahyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ ne mmɔborɔhunu+ ho. Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Ɛno nti na mɛpae mu abɔ wo din wɔ amanaman mu, na mɛto ayeyi dwom ama wo din.”+ 10 Na ɔka nso sɛ: “Amanaman, mo ne ne man ani nnye.”+ 11 Ɔka bio sɛ: “Aman nyinaa, munyi Yehowa ayɛ, na momma nnipa nyinaa nkamfo no.”+ 12 Na bio nso Yesaia ka sɛ: “Yese ntini bɛba,+ na obi bɛsɔre abedi amanaman so;+ ɔno na amanaman de wɔn ani bɛto ne so.”+ 13 Onyankopɔn a ɔma anidaso no mfa gye a mugye di so mma anigye ne asomdwoe nyinaa nyɛ mo mã, na moaboro so anidaso mu wɔ honhom kronkron ahoɔden+ mu.
14 Me nuanom, me ara nso migye tom sɛ papayɛ ahyɛ mo nso mã sɛnea nimdeɛ nyinaa ahyɛ mo mã+ no, na mubetumi atutu mo ho fo+ nso. 15 Nanso nea enti a merekyerɛw mo penpen wɔ nsɛm bi ho, te sɛ nea mede rekae+ mo bio no ne adom a Onyankopɔn de adom me+ 16 sɛ menyɛ Yesu Kristo baguam somfo mma amanaman+ no, na menyɛ Onyankopɔn asɛmpa+ no ho adwuma kronkron no, sɛnea ɛbɛyɛ a ayɛyɛde,+ a ɛne amanaman yi, bɛyɛ nea ɛsɔ ani,+ honhom kronkron+ a wɔde atew ho nti.
17 Enti nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho+ de, mewɔ nea megyina so adi ahurusi wɔ Kristo Yesu mu.+ 18 Na merensi me bo sɛ mɛbɔ biribi so gye nea Kristo nam me so yɛ+ maa amanaman mufo yɛɛ setie+ no; ɔnam m’asɛm+ ne m’adwuma so, 19 nsɛnkyerɛnne ne anwonwade+ tumi so, honhom kronkron tumi so; enti maka Kristo asɛmpa no awie koraa+ fi Yerusalem de akɔpem Iliriko akɔ abesi.+ 20 Saa kwan yi so no, mede yɛɛ me botae ankasa sɛ merenka asɛmpa no wɔ baabi a wɔabɔ Kristo din wɔ hɔ dedaw, na manto ɔfoforo nhyɛase so;+ 21 na mmom, sɛnea wɔakyerɛw no: “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu, na wɔn a wɔntee no bɛte ase.”+
22 Ɛno nso nti na mpɛn pii no mannya kwan amma mo nkyɛn no.+ 23 Nanso seesei a minni asase bi bio a menyɛɛ mu adwuma wɔ mpɔtam ha, na m’ani agyina mfe pii ni sɛ mɛba mo nkyɛn+ nti, 24 bere biara a mesi kwan so sɛ merekɔ Spania+ no, m’ani da so paa sɛ mehu mo anim, na sɛ me ne mo bɔ ma minya akomatɔyam kakra a, moagya me kwan+ kakra ma makɔ hɔ. 25 Nanso seesei de, merebɛkɔ Yerusalem akɔsom akronkronfo+ no. 26 Na wɔn a wɔwɔ Makedonia ne Akaia+ no ani gye sɛ wɔde nea wɔwɔ ma sɛ ntoboa+ kɔma akronkronfo a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafo. 27 Ɛwom, wɔde anigye na ɛyɛɛ saa, nanso na wɔde wɔn ka; efisɛ sɛ amanaman no anya wɔn honhom fam nneɛma no bi+ a, ɛsɛ sɛ wɔn nso de honam fam nneɛma som wɔn+ bi. 28 Enti sɛ miwie eyi na mesɔ aba+ yi ano de kɔma wɔn a, mɛfa mo hɔ akɔ Spania.+ 29 Bio nso, minim sɛ minya ba mo nkyɛn a, mede Kristo nhyira a abu so bɛba.+
30 Afei anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne honhom no dɔ so tu mo fo+ sɛ momfa animia nka me ho mmɔ Onyankopɔn mpae mma me,+ 31 na wɔayi me+ afi wɔn a wonnye nni nsam wɔ Yudea, na akronkronfo+ no ani agye me som adwuma a merekɔyɛ wɔ Yerusalem+ no ho, 32 na Onyankopɔn pɛ so meba mo nkyɛn anigye mu a, me ne mo nyinaa ho asan yɛn.+ 33 Onyankopɔn a ɔma asomdwoe no ne mo nyinaa ntena.+ Amen.