Boasetɔ A Yɛde Betu Mmirika No
“Momma yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.”—HEBRIFO 12:1.
1. (a) Dɛn na wɔde si yɛn ani so bere a yehyira yɛn ho so ma Yehowa Nyankopɔn no? (b) Mmirika bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni siesie ne ho ma?
BERE a yɛnam Yesu Kristo so hyiraa yɛn ho so maa Yehowa no, Onyankopɔn de sɛnkyerɛnne kwan so mmirikatu bi sii yɛn ani so. Sɛ mmirika no ba awiei a, wɔbɛma wɔn a wotumi tu wiei no nyinaa nkonimbo. Nkonimbo bɛn? Daa nkwa! Sɛ Kristoni mmirikatufo betumi anya nkonimbo fɛfɛ yi a, ehia sɛ osiesie ne ho ma mmirikatu tenten bi, ɛnyɛ mmirika tiawa a wowie no ntɛm ara. Enti obehia boasetɔ. Ebehia sɛ otumi gyina mmirika tenten no mu ɔbrɛ ankasa, ne akwanside ahorow a obehyia wɔ mmirikatu no mu no nyinaa ano.
2, 3. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛawie Kristofo mmirika no tu? (b) Ɔkwan bɛn so na anigye boaa Yesu ma ɔde boasetɔ tuu mmirika no?
2 Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛatumi atu mmirika a ɛte sɛɛ awie? Wiɛ, dɛn na ɛboaa Yesu ma otumi gyinae bere a na ɔyɛ onipa wɔ asase so no? Onyaa ahoɔden fii su a ɛne anigye mu. Hebrifo 12:1-3 kenkan sɛ: “Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa. Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.”
3 Wɔ ne baguam ɔsom adwuma mu nyinaa no, Yesu tumi kɔɔ so tuu mmirika no esiane Yehowa mu anigye nti. (Fa toto Nehemia 8:10 ho.) N’anigye no boaa no ma otumi gyinaa asɛndua so animguase wu mpo ano, na ɛno akyi no, onyaa anigye a enni kabea a ɛne sɔre a ɔsɔre fii awufo mu kɔtraa n’Agya nsa nifa wɔ soro, na wakɔyɛ Onyankopɔn adwuma no awie wɔ hɔ. Ɛdenam boasetɔ a ɔde gyinaa Onyankopɔn afã sɛ onipa no so no, ɔkɔɔ so kuraa daa nkwa hokwan a ɔwɔ no mu. Yiw, sɛnea Luka 21:19 ka no: “Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.”
4. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa ne mfɛfo mmirikatufo no, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so?
4 Yesu Kristo yɛɛ nhwɛso a eye sen biara maa ne mfɛfo mmirikatufo, na ne nhwɛso no ma yenya awerɛhyem sɛ yɛn nso yebetumi ayɛ nkonimdifo. (1 Petro 2:21) Yebetumi ayɛ nea Yesu hyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ. Sɛnea ogyinaa mu no, yɛn nso yebetumi agyina mu. Na bere a yegyina pintinn de suasua no no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye no so. (Yohane 15:11, 20, 21) Anigye bɛhyɛ yɛn den ma yɛakɔ so atu mmirika no wɔ Yehowa som adwuma no mu kosi sɛ yɛn nsa bɛka daa nkwa anuonyam nkonimbo no—Kolosefo 1:10, 11.
5. Yɛbɛyɛ dɛn anya anigye ne denhyɛ ama mmirika a ɛda yɛn anim no?
5 Yehowa ma yɛn ahoɔden a ɛboro so na aboa yɛn ma yɛakɔ so atu mmirika no. Sɛ wɔtaa yɛn a, saa ahoɔden no ne nea enti a yenya hokwan sɛ wɔbɛtaa yɛn ho nimdeɛ hyɛ yɛn den. (2 Korintofo 4:7-9) Biribiara a ɛba yɛn so sɛnea ɛbɛyɛ na yɛde nidi aba Onyankopɔn din so na ama yɛagyina ne tumidi akyi no yɛ nea ɛsɛ sɛ ɛma yɛn anigye a obiara rentumi nnye mfi yɛn nsam. (Yohane 16:22) Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a bere a Yudafo Sanhedrin no maa wɔhwee asomafo no wɔ anwonwade a Yehowa Nyankopɔn ayɛ ama Yesu ho adanse a wodii ho no akyi no, wodii ahurusi “sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora” no mu. (Asomafo no Nnwuma 5:41, 42) Na wɔn anigye no mfi ɔtaa no ankasa, na mmom na efi anigye a wonyae wɔ wɔn mu esiane sɛ na wonim sɛ wɔreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ne Yesu ani nti no.
6, 7. Dɛn nti na Kristoni mmirikatufo betumi adi ahurusi wɔ bere a ɔwɔ ahohia mu mpo, na dɛn na ebefi mu aba?
6 Tumi foforo a etumi wowaw yɛn wɔ yɛn asetra mu ne anidaso a Onyankopɔn de asi yɛn ani so no. Sɛnea Paulo kae no: “Yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe; ɔno nso so na yɛnam de gyidi anya ɔdom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Onyankopɔn anuonyam ho anidaso mu. Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, efisɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de [Onyankopɔn mpeneso] ba, na [Onyankopɔn mpeneso] de anidaso ba; na anidaso nhyɛ aniwu.”—Romafo 5:1-5.
7 Ahohia ankasa nyɛ anigye, nanso asomdwoe aba a ɛsow akyiri yi no yɛ anigye. Aba yi ne boasetɔ, Onyankopɔn mpeneso, anidaso, ne saa anidaso no mmamu. Yɛn boasetɔ bɛma yɛanya Onyankopɔn mpeneso. Sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mpeneso a, yebetumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka ne bɔhyɛ no. Anidaso yi ma yɛkɔ so nantew ɔkwan pa so na ɛhyɛ yɛn nkuran wɔ ahohia mu kosi sɛ nea yɛn ani da so no bɛbam.—2 Korintofo 4:16-18.
Anigye Ne Wɔn a Wogyina Mu!
8. Dɛn nti na bere a yɛde twɛn yi nyɛ bere sɛe mma yɛn?
8 Bere a yɛretwɛn bere a wofi soro ahyɛ ato hɔ sɛ wɔde nkonimbo bɛma mmirikatufo no, yenya nsakrae ahorow mu osuahu. Eyinom yɛ honhom fam nkɔso wɔ yɛn mu a efi sɔhwɛ a yetumi gyina ano yiye mu ba, na ɛma yenya Onyankopɔn anim dom kɛse. Ɛma yetumi kyerɛ nnipa ko a yɛyɛ, na ɛma yenya hokwan sɛ yɛbɛda su pa ahorow a na tete mmere mu anokwafo, titiriw yɛn nhwɛsofo, Yesu Kristo, daa no adi no ara bi adi. Osuani Yakobo se: “Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ. Na momma boasetɔ nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi.” (Yakobo 1:2-4) Yiw, ebia yɛbɛhwɛ kwan sɛ yebehyia sɔhwɛ ahorow, nanso eyinom bɛma yɛakɔ so anya su pa ahorow no. Yɛnam saa kwan no so kyerɛ sɛ yɛbɛkɔ so atu mmirika yi akosi sɛ yɛn nsa bɛka nkonimbo no, a akwanside biara a yebehyia mfa ho.
9, 10. (a) Dɛn nti na wɔn a wogyina sɔhwɛ ahorow ano no ani gye, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yegyina sɔhwɛ ahorow ano? (b) Henanom ne tetefo a wɔwɔ anigye no, na yɛbɛyɛ dɛn na wɔabu yɛn aka wɔn ho?
9 Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ Yakobo kae sɛ: “Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya [nya mpeneso a], obenya nkwa abotiri a [Yehowa] de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no”! (Yakobo 1:12) Momma yɛnkɔ so mfa akokoduru ne su pa ahorow a ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛadi so nkonim no nhyia sɔhwɛ ahorow bere nyinaa.—2 Petro 1:5-8.
10 Kae sɛ ɔkwan a Yehowa fa so ne yɛn di nsɛm no nyɛ ade foforo. Ɔne tete “adansefo mununkum” anokwafo no dii sɛnea wodii Onyankopɔn nokware no ara. (Hebrifo 12:1) Wɔayɛ sɛnea Onyankopɔn penee wɔn so no ho kyerɛwtohɔ wɔ n’Asɛm no mu, na yebu wɔn nyinaa sɛ wɔwɔ anigye efisɛ wɔkɔɔ so gyinaa sɔhwɛ mu. Yakobo se: “Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasae [Yehowa] din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre sɛnnahɔ. Hwɛ yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no [anigyefo]. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea [Yehowa] ma ewiee no, sɛnea [Yehowa] ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.” (Yakobo 5:10, 11) Wɔka siei sɛ wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, ebinom bɛba wiase a wɔde nokwaredi bɛsom Yehowa, sɛnea tete mfehaha no mu adiyifo no yɛe ara pɛ. So ɛnyɛ yɛn anigye sɛ yɛne wɔn a wɔreyɛ saa no?—Daniel 12:3; Adiyisɛm 7:9.
Denhyɛ a Yebenya Afi Yehowa Nkuranhyɛ Asɛm Mu
11. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn ma yɛagyina mu, na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Yesu bɛ no mu mmeae a abo wɔ no?
11 Paulo daa ade foforo a ɛboa ma wonya boasetɔ adi bere a ɔkae sɛ “yɛnam ntoboase a yɛde begyina mu, ne nkuranhyɛ a yenya fi Kyerɛwnsɛm mu no so betumi akura yɛn anidaso no mu pintinn” no. (Romafo 15:4, The Twentieth Century New Testament) Ɛsɛ sɛ nokware no a ɛne Onyankopɔn Asɛm no gye ntini yiye wɔ yɛn mu, na ama yɛatumi ayɛ nea ɛfata bere nyinaa. Yɛrennya mfaso biara wɔ yɛn ho a yɛbɛyɛ sɛ asase a abo wɔ so, a wɔaka ho asɛm wɔ Yesu bɛ a ɛfa ogufo ho no mu no, nea ese: “Eyinom nso ne wɔn a wogu wɔn abo so no: wɔn na wonya te asɛm no a, ntɛm ara, wɔde anigye gye, na ennye ntini wɔn mu, na wɔwɔ hɔ bere tiaa bi; na akyiri no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn hintidua.” (Marko 4:16, 17) Onyankopɔn Asɛm mu nokware no nnye ntini yiye wɔ wɔn a wɔte sɛɛ mu; enti, wɔ ahohia bere mu no, wontumi nnya mu mfaso sɛ ahoɔden ne anidaso nokware fibea.
12. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛde daadaa yɛn ho bere a yegye asɛmpa no tom no?
12 Ɛnsɛ sɛ obiara a ogye Ahenni asɛmpa no tom no daadaa ne ho wɔ nea ebedi akyi aba no ho. Ɔresi asetra kwan bi a ɛde ahohia ne ɔtaa bɛba ne so so. (2 Timoteo 3:12) Nanso ɛsɛ sɛ obu no “anigye ‘koraa” sɛ wanya hokwan sɛ esiane Onyankopɔn Asɛm a okura mu pintinn na ɔka ho asɛm kyerɛ afoforo nti, obehyia sɔhwɛ ahorow.—Yakobo 1:2, 3.
13. Ɔkwan bɛn so na dɛn nti na Paulo dii Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no ho ahurusi?
13 Afeha a edi kan no mu no, asɔretiafo a wɔwɔ Tesalonika yɛɛ basabasa esiane Paulo asɛnka nti. Bere a Paulo kɔɔ Beroia no, ataafo yi dii n’akyi kɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwanyan basabasayɛ wɔ hɔ nso. Ɔsomafo a wɔtaa no no kyerɛw anokwafo a ɛkaa wɔn wɔ Tesalonika no sɛ: “Ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa mo nti, anuanom, sɛnea ɛfata, efisɛ mo gyidi nyin boro so na mo nyinaa mmiako mmiako dɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu adɔ, mo boasetɔ ne gyidi a mukura mu, mo taa nyinaa ne amane a mumiaa mo ani hui no mu nti, ɛma yɛn ankasa hoahoa yɛn ho ma mo Onyankopɔn asafo no mu. Ɛno na ɛyɛ Onyankopɔn atɛntrenee agyirae, sɛ wobebu mo sɛ Onyankopɔn ahenni a muhu ho amane no fata mo.” (2 Tesalonika 1:3-5) Amane a wohui wɔ atamfo nsam nyinaa akyi no, Tesalonikafo Kristofo nyaa nkɔso wɔ Kristo su asuasua ne wɔn dodow mu. Ɔkwan bɛn so na ɛno tumi yɛɛ yiye? Efisɛ wonyaa ahoɔden fii Yehowa nkuranhyɛ Asɛm no mu. Wotiee Awurade ahyɛde ahorow na wɔde boasetɔ tuu mmirika no.—2 Tesalonikafo 2:13-17.
Esiane Afoforo Nkwagye Nti
14. (a) Nneɛma bɛn nti na yɛde anigye kɔ so yɛ ɔsom adwuma no wɔ ɔhaw ahorow nyinaa akyi? (b) Dɛn na yɛbɔ mpae bisa, na dɛn ntia?
14 Onyankopɔn din ho san titiriw nti, yɛde nokwaredi gyina ɔhaw ne ɔtaa ahorow ano a yennwiinwii. Nanso ade foforo bi a pɛsɛmenkominya nnim wɔ hɔ a ɛno nti yɛma kwan ma wɔyɛ yɛn nneɛma a ɛte saa: sɛnea ɛbɛyɛ na yɛaka Ahenni nkrasɛm no akyerɛ afoforo na wɔanya Onyankopɔn Ahenni ho adawurubɔfo pii ma ‘wɔapaem aka akɔ nkwagye mu.’ (Romafo 10:10) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔreyɛ Onyankopɔn som adwuma no bɔ mpae ma Owura no hyira wɔn adwuma no so denam Ahenni adawurubɔfo pii a ɔbɛma wɔanya so. (Mateo 9:38) Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Na nea wote fii m’anom, adansefo bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa. Na wo nso, mia w’ani hu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa.”—2 Timoteo 2: 2, 3.
15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ asraafo ne akansifo bi ‘wɔ agumadi mu’?
15 Ɔsraani twe ne ho fi wɔn a wɔnyɛ asraafo no asetra a anohyeto nnim pii no ho. Saara na ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛde wɔn a wɔnka Awurade asraafo no ho, na nokwarem no, wɔsɔre tia yɛn no nsɛm tõatoa yɛn ho. Enti, Paulo kyerɛw Timoteo bio sɛ: “Obi nkɔ ɔsa mfa ne ho ntõatoa ofie asetrasɛm mu, na wasɔ ɔsahene ani. Na sɛ obi di aguma ko nso a, wɔmmɔ no nkonim abotiri, gye sɛ wako no sɛnea ɛho mmara te.” (2 Timoteo 2: 4, 5) Wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi nkonim wɔ mmirika a wɔretu akonya “nkwa abotiri” no mu no, ɛsɛ sɛ mmirikatufo no nya ahosodi na wɔkwati nnesoa ne nneɛma a ɛtõatoa a ɛho nhia nyinaa. Saa kwan yi so no, wobetumi de wɔn adwene asi nkwagye asɛmpa a wɔbɛka akyerɛ afoforo no so.—Yakobo 1:12; fa toto 1 Korintofo 9:24, 25 ho.
16. Dɛn na wɔrentumi nkyekyere, na henanom na wonya yɛn boasetɔ mu mfaso?
16 Esiane sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne wɔn a wɔte sɛ nguan a wɔpɛ sɛ wohu no no nti, yɛde anigye gyina nneɛma pii ano sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi de nkwagye asɛmpa no adu afoforo nkyɛn. Atamfo betumi akyekyere yɛn esiane Onyankopɔn Asɛm a yɛka nti. Nanso wontumi nkyekyere Onyankopɔn Asɛm, na wontumi ngu ɛho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo ma wɔanya nkwagye no nkɔnsɔnkɔnsɔn. Paulo kyerɛkyerɛɛ nea nti a na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obehyia sɔhwɛ no mu kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Kae Yesu Kristo a ɔsɔre fii awufo mu a ofi Dawid ase, sɛnea m’asɛmpa no te no. Ɛno mu na mihu amane bedu ɔkyere mu sɛ ɔdebɔneyɛfo, nanso Onyankopɔn asɛm de, wɔnkyeree no. Eyi nti metɔ me bo ase amane nyinaa mu, wɔn a wɔapaw wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa anuonyam.” (2 Timoteo 2:8-10) Ɛnnɛ, ɛnyɛ wɔn a wobenya ɔsoro Ahenni no nkaefo kakraa bi no nko na wɔn ho asɛm wɔ yɛn adwenem, na mmom nnipakuw kɛse a wɔyɛ Oguanhwɛfo Pa Yesu Kristo nguan foforo no nso, nnipakuw kɛse a wɔbɛtra asase so Paradise mu wɔ Kristo Ahenni no ase no.—Adiyisɛm 7:9-17.
17. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegyae mmirika no tu, na sɛ yɛkɔ so tu mmirika no kosi awiei a, dɛn na efi mu ba?
17 Sɛ yegyae mmirika no tu a, yɛremmoa yɛn ankasa ho anaa obi foforo biara ma wanya nkwagye. Ɛdenam Kristofo mmirika no a yɛbɛkɔ so atu wɔ akwanside ahorow a yehyia nyinaa akyi no so no, yɛkɔ so yɛ wɔn a wɔn nsa bɛka nkonimbo no, na yebetumi aboa afoforo tee ma wɔanya nkwagye, bere a yɛyɛ ahoɔden ho nhwɛso a tumi wom ma afoforo no. Sɛ́ yɛn anidaso yɛ ɔsoro de anaasɛ asase so de no, Paulo su a ɛne sɛ ‘ɔde mmirika pɛ botae no ho adu’ no yɛ nea ɛfata sɛ yɛn nyinaa suasua.—Filipifo 3:14, 15.
Mmirika no a Yɛbɛkɔ So Atu
18. Nkonimbo no a yɛn nsa bɛka no gyina dɛn so, nanso sɛ yɛbɛkɔ so agyina mu akosi awiei a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?
18 Yɛn Kristofo mmirika no a yebewie tu wɔ nkonimdi mu de asan Yehowa din ho, na yɛn nsa aka nkonimbo a ɔde asie ama yɛn no gyina mmirika no a yɛbɛkɔ so atu akosi awiei no so. Ne saa nti, yɛrentumi ntu mmirika no nkosi awiei bere a yɛasoa nneɛma a ɛnhyɛ trenee ho nkuran agu yɛn ho so no. Sɛ yeyi nneɛma yi fi yɛn ho so koraa mpo a, ahwehwɛde ahorow no mu yɛ den araa ma ebehia sɛ yɛde ahoɔden a yɛwɔ nyinaa di dwuma. Enti, Paulo de afotu ma sɛ: “Momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.” (Hebrifo 12:1) Te sɛ Yesu no, ɛnsɛ sɛ yesusuw amane a yebehu no ho mmoroso, na mmom ɛsɛ sɛ yebu no sɛ ɛyɛ nkonimbo a ɛyɛ anigye no ho bo ketewaa bi a yebetua.—Fa toto Romafo 8:18 ho.
19. (a) Ahotoso bɛn na Paulo kaa ho asɛm wɔ ɛrekɔ n’asetra awiei mu? (b) Bere a yɛbɛn boasetɔ ho mmirikatu yi awiei no, ahotoso bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ akatua a wɔahyɛ ho bɔ no mu?
19 Ɛde rekɔ n’asetra awiei no, Paulo tumi kae sɛ: “Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie. Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri.” (2 Timoteo 4:7, 8) Yɛretu boasetɔ ho mmirika yi sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn nsa aka daa nkwa abotiri no. Sɛ yɛn boasetɔ no ba awiei esiane sɛ ɛte sɛ nea mmirikatu no ware sen sɛnea yɛhwɛɛ kwan bere a yefii ase no nti a, ɛnde yebedi nkogu bere a yɛabɛn akatua a wɔahyɛ ho bɔ no a yɛn nsa bɛka ho no. Mma w’adwenem nyɛ wo naa. Akyinnye biara nni ho sɛ akatua no wɔ hɔ.
20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ kosi sɛ yebewie mmirika no tu?
20 Enti ɛmmra sɛ yɛremmrɛ wɔ ahohiahia kɛse a yɛhwɛ sɛ ebefi ase, na ɛde ɔsɛe aba Babilon Kɛse so nea edi kan, na afei asɛe Ɔbonsam ahyehyɛde a aka no nso no mu. (2 Petro 3:11, 12) Esiane sɛnkyerɛnne a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa nti, ɛmmra sɛ yɛde gyidi bɛhwɛ nea ɛbɛba kwan. Ɛmmra sɛ yɛbɛhyɛ yɛn boasetɔ tumi no mu den, na ɛmmra sɛ yɛde akokoduru bɛkɔ so atu mmirika a Yehowa Nyankopɔn de asi yɛn ani so no, kosi sɛ yɛbɛkɔ akodu awiei, na yɛn nsa aka nkonimbo a ɛyɛ anigye no, na yɛnam Yesu Kristo so de asan Yehowa din ho.
Wubebua Dɛn?
◻ Mmirikatu bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni siesie ne ho ma?
◻ Dɛn nti na anigye ho hia yiye saa wɔ mmirikatu no mu?
◻ Nneɛma atitiriw bɛn nti na yɛkɔ so yɛ ɔsom adwuma no wɔ ɔhaw ahorow nyinaa akyi?
◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegyae mmirika a Onyankopɔn de asi yɛn ani so no tu?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Sɛnea ɛte wɔ mmirikatu a ɛware mu no, ɛsɛ sɛ Kristofo nya boasetɔ
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Ɛsɛ sɛ mmirikatufo suasua ahosodi wɔ ‘nkwa abotiri”a wɔhwehwɛ no mu