Wubetumi Agyina Akodu Awiei
‘Momma yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.’—HEBRIFO 12:1.
1, 2. Gyina a yebegyina no kyerɛ dɛn?
ƆSOMAFO Paulo kyerɛw afeha a edi kan mu Hebrifo Kristofo sɛ: “Boasetɔ hia mo.” (Hebrifo 10:36) Bere a ɔsomafo Petro nso resi hia a saa su yi ho hia so dua no, ɔhyɛɛ Kristofo no nkuran sɛ: ‘Wɔmfa boasetɔ nka wɔn gyidi ho.’ (2 Petro 1:5, 6) Nanso, dɛn ankasa ne boasetɔ?
2 Hela ne Engiresi nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ Hela adeyɛ asɛm a ɛkyerɛ “gyina mu” ase sɛ “kɔ so gyina hɔ, nguan, . . . gyina wo nan so, gyina pintinn.” Ɛdefa Hela edin asɛm a ɛkyerɛ “boasetɔ” ho no, nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Ɛyɛ su a ɛma yetumi gyina nneɛma ano, ɛmma yɛmpa abaw ntɛmntɛm, na mmom ɛma yenya anidaso a emu yɛ den . . . Ɛyɛ su a ɛma onipa kɔ so gyina ne nan so wɔ ɔhaw mu. Ɛyɛ su pa a etumi ma yegyina sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara ano kodu anuonyam mu, efisɛ, ɛma yɛhwɛ ade tra ɛyaw a ɛwɔ mu no hu botae no.” Enti, boasetɔ ma yetumi gyina pintinn wɔ akwanside ne ɔhaw ahorow mu a yɛmpa abaw. Henanom titiriw na wohia saa su yi?
3, 4. (a) Henanom na wohia boasetɔ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegyina kodu awiei?
3 Sɛnkyerɛnne kwan so no, Kristofo nyinaa retu mmirika bi a egye boasetɔ. Bɛyɛ afe 65 Y.B. mu no, ɔsomafo Paulo kyerɛw saa awerɛkyekyesɛm yi kɔmaa ne yɔnko dwumayɛni ne akwantu mu ɔhokafo nokwafo Timoteo sɛ: “Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie.” (2 Timoteo 4:7) Bere a Paulo kae sɛ “mmirika no, mawie tu” no, na ɔde n’asetra sɛ Kristoni no retoto mmirikatu bi a ɛwɔ baabi a wofi ase ne baabi a wowie ho. Ebeduu saa bere no, na Paulo rewie mmirika no tu nkonimdi so, na na ɔde ahotoso rehwɛ akatua no kwan. Ɔkɔɔ so kae sɛ: “Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no.” (2 Timoteo 4:8) Na Paulo wɔ ahotoso sɛ ne nsa bɛka akatua no efisɛ na wagyina akodu awiei. Na yɛn a yɛaka yi nso ɛ?
4 Nea ɛbɛyɛ na Paulo ahyɛ wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ mmirikatu no mu nkuran no, ɔkyerɛw wɔn sɛ: ‘Momma yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.’ (Hebrifo 12:1) Sɛ́ Kristofo no, yɛnam yɛn ho so a yebehyira ama Yehowa Nyankopɔn denam Yesu Kristo so no so de yɛn ho hyɛ saa mmirikatu a egye boasetɔ yi mu. Asuafoyɛ adwuma no a yebefi ase yiye no ho hia, nanso nea ehia ankasa ne sɛ yebewie mmirika no tu. Yesu kae sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” (Mateo 24:13) Akatua a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wobetumi awie mmirikatu no ne daa nkwa! Enti, esiane sɛ yɛwɔ botae bi nti, ɛsɛ sɛ yegyina kodu awiei. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadu saa botae no ho?
Aduan Pa—Ɛho Hia
5, 6. (a) Sɛ yebetumi akɔ so atu nkwa ho mmirika no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so? (b) Honhom fam nsiesiei bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma, na dɛn ntia?
5 Beae bi bɛn Hela kurow, Korinto, a na wosi tete mmere mu Isthmia Akan no. Akyinnye biara nni ho sɛ na Paulo nim sɛ anuanom a wɔwɔ Korinto no nim mmirika ne akan foforo a wosi wɔ hɔ no ho nsɛm. Ogyinaa nea wonim no so twee wɔn adwene sii nkwa ho mmirika a na wɔretu no so sɛ: “Munim sɛ wɔn a wosi ammirika kane no, wɔn nyinaa tu mmirika no de, nanso obiako na onya nkonim bo no? Muntu mmirika saa ara, na moanya bi.” Paulo sii mmirika no a na wɔbɛkɔ so atu na wɔayere wɔn ho akosi sɛ wobewie no so dua. Nanso, dɛn na na ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ saa? Ɔde kaa ho sɛ: “Obiara a osi agumadi kane no, ɔsɔre ne ho ade nyinaa mu.” Yiw, wɔn a na wosi akan tete agumadi mu no de wɔn ho hyɛɛ ntetee a ɛyɛ den mu, hwɛɛ nea wodi ne nea wɔnom yiye, na wɔhwɛɛ wɔn dwumadi biara yiye sɛnea ɛbɛma wɔadi nkonim.—1 Korintofo 9:24, 25.
6 Mmirika a Kristofo retu no nso ɛ? Yehowa Adansefo asafo mu panyin bi kae sɛ: “Sɛ wubetumi akɔ so atu nkwa ho mmirika no a, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo honhom fam adidi yiye.” Susuw honhom fam aduan a Yehowa, ‘Onyankopɔn a ɔma boasetɔ’ no, de ama yɛn no ho hwɛ. (Romafo 15:5) Yenya yɛn honhom fam aduan no titiriw fi N’asɛm, Bible no mu. So ɛnsɛ sɛ yenya Bible akenkan ho nhyehyɛe pa? Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so nso ama yɛn Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ne Bible ho nhoma afoforo. (Mateo 24:45) Saa nhoma ahorow yi a yɛde nsi besua no bɛhyɛ yɛn den honhom fam. Yiw, ɛsɛ sɛ yegye bere—‘yenya adagyew’—ma kokoam adesua.—Efesofo 5:16.
7. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma Kristofo mfiase nkyerɛkyerɛ a yebehu no ara dɔɔso ma yɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘apere akɔ onyin’ mu?
7 Sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ Kristo asuafo a, ɛsɛ sɛ yɛn nimdeɛ sen “mfiase asɛm” no, na ‘yɛpere kɔ onyin’ mu. (Hebrifo 6:1) Enti ɛsɛ sɛ yɛn ani gye nokware no “tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ” ho, na yedi ‘aduan a ɛyɛ den a ɛfata wɔn a wɔanyin’ no. (Efesofo 3:18; Hebrifo 5:12-14) Fa Yesu asase so asetra ho kyerɛwtohɔ a yetumi de yɛn ho to so—Mateo, Marko, Luka, ne Yohane Nsɛmpa no—sɛ nhwɛso. Sɛ yesua saa Nsɛmpa yi yiye a, ɛnyɛ nneɛma a Yesu yɛe ne nipa ko a na ɔyɛ nko na yebetumi ahu, na mmom, adwene a ɛma ɔyɛɛ saa nneɛma no nso. Ɛno ansa na yebetumi ‘anya Kristo adwene.’—1 Korintofo 2:16.
8. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam horow boa yɛn ma yɛkɔ so tu nkwa ho mmirika no?
8 Paulo tuu mfɛfo gyidifo fo sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Hwɛ sɛnea Kristofo nhyiam ahorow hyɛ nkuran fa! Na hwɛ sɛnea abotɔyam wom sɛ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ dɔ a wɔn ani gye yɛn ho na wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn ma yegyina kodu awiei no bɛbɔ! Yentumi mmu Yehowa nsiesiei a ɔdɔ wom yi adewa. Momma yɛmfa kokoam adesua a yɛde nsi yɛ, ne asafo nhyiam horow a yɛkɔ no daa so ‘nyɛ pɛ wɔ ntease mu.’—1 Korintofo 14:20, NW.
Bɛhwɛadefo a Wɔbɛhyɛ Wo Nkuran
9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na bɛhwɛadefo betumi ahyɛ mmirikatufo nkuran ma wɔawie mmirika bi tu? (b) Dɛn ne ‘adansefo mununkum kɛse a atwa yɛn ho ahyia’ a wɔaka ho asɛm wɔ Hebrifo 12:1 no?
9 Nanso, ɛmfa ho sɛnea mmirikatufo bi asiesie ne ho yiye no, nneɛma bi betumi asisi wɔ n’akwan mu a ebetumi ama no ahinhim. Paulo kae sɛ: “Mututuu mmirika yiye; hena na osiw mo kwan sɛ munntie nokware no?” (Galatifo 5:7) Ɛda adi sɛ, Galatifo Kristofo no bi de wɔn ho hyɛɛ fekubɔne mu, ma enti, nneɛma twetwee wɔn adwene wɔ nkwa ho mmirika a na wɔretu no mu. Nanso, mmoa ne nkuranhyɛ a yebenya afi afoforo hɔ betumi ama mmirika no tu ayɛ mmerɛw koraa. Eyi te sɛ nkɛntɛnso a bɛhwɛadefo a wɔrehwɛ agumadi bi betumi anya wɔ agumadifo so no ara pɛ. Ahurusi kɛse a nnipadɔm no di no kanyan wɔn a wɔresi akan no fi mfiase kosi awiei. Mpɛn pii no, ose a bɛhwɛadefo no bɔ ne nnwom a ano yɛ den a wɔto ne wɔn nsambɔ a adi afra no tumi ma wɔn a wɔresi akan no nya ahoɔden foforo wɔ bere a wɔrebewie no. Nokwarem no, bɛhwɛadefo a wɔwɔ tema no betumi anya wɔn a wɔresi akan no so nkɛntɛnso pa.
10 Henanom na wɔyɛ bɛhwɛadefo wɔ nkwa ho mmirika a Kristofo retu no mu? Bere a Paulo bobɔɔ Yehowa adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba din, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Hebrifo ti 11 wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: ‘Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛmfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda yɛn anim no.’ (Hebrifo 12:1) Bere a Paulo refa mununkum sɛ kasakoa de aka asɛm no, wamfa Hela asɛmfua a ɛkyerɛ mununkum no kɛse ne ne yɛbea na edii dwuma. Mmom no, ɔde nea sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo W. E. Vine kyerɛ no, “ɛkyerɛ mununkum kɛse a enni yɛbea a ɛwɔ wim,” na edii dwuma. Ɛda adi sɛ, adansefo mununkum ho adwene na na ɛwɔ Paulo tirim—na wɔdɔɔso araa ma na wɔte sɛ mununkum kɛse bi.
11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na sɛnea yɛbɛka no no, adansefo anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no betumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛawie mmirika no tu? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ‘adansefo mununkum kɛse’ no so mfaso pii?
11 So adansefo anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no betumi ayɛ ɛnnɛyi bɛhwɛadefo ankasa? Dabida. Wɔn nyinaa adeda wɔ owu mu retwɛn owusɔre. Nanso, bere a wɔte ase no, na wɔn ankasa yɛ mmirikatufo nkonimdifo, na wɔn nhwɛso ahorow no wɔ Bible mu. Sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no a, yebetumi ahu saa anokwafo yi wɔ yɛn adwenem, na sɛnkyerɛnne kwan so no, wobetumi ahyɛ yɛn nkuran na ama yɛatumi awie mmirika no tu.—Romafo 15:4.a
12 Sɛ nhwɛso no, sɛ wiase nneɛma sɔ yɛn hwɛ a, so susuw a yebesusuw sɛnea Mose poo Misraim anuonyam ho no renhyɛ yɛn nkuran mma yɛnkɔ so ntu mmirika no? Sɛ ɛte sɛ nea sɔhwɛ a yɛrehyia no mu yɛ den a, akyinnye biara nni ho sɛ sɔhwɛ a emu yɛ den a Abraham hyiae bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne ba Isak nkɔbɔ afɔre no a yɛbɛkae no bɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛakɔ so akura yɛn gyidi mu. Baabi a saa adansefo ‘mununkum kɛse’ yi bɛhyɛ yɛn nkuran akodu wɔ saa kwan yi so no gyina sɛnea yɛde yɛn ntease aniwa behu wɔn no so ankasa.
13. Ɔkwan bɛn so na ɛnnɛyi Yehowa Adansefo hyɛ yɛn nkuran ma yetumi tu nkwa ho mmirika no?
13 Yehowa Adansefo mununkum kɛse atwa yɛn nso yɛn ho ahyia nnɛ. Gyidi ho nhwɛso akɛse bɛn ara na Kristofo a wɔasra wɔn ne mmarima ne mmea a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo ayɛ sɛɛ yi! (Adiyisɛm 7:9) Yebetumi akenkan wɔn asetra ho nsɛm bere ne bere mu wɔ saa nsɛmma nhoma yi ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma foforo mu.b Sɛ yesusuw wɔn gyidi ho a, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yegyina kodu awiei. Na hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebenya nnamfo pa ne abusuafo a wɔn nso, wɔde nokwaredi resom Yehowa no mmoa! Yiw, yɛwɔ nnipa pii a wɔbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛatu nkwa ho mmirika no.
Tutu W’anammɔn Nyansam
14, 15. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yetutu yɛn anammɔn nyansam? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ntease di dwuma wɔ botae ahorow a yɛde sisi yɛn anim no ho?
14 Sɛ mmirikatufo retu mmirika-tenten a, ɛsɛ sɛ otutu n’anammɔn nyansam. Atesɛm krataa New York Runner ka sɛ: “Sɛ wufi ase denneennen a, wubetumi adi nkogu. Nea ebetumi aba ne sɛ wobɛbrɛ bere a wunnya nnuruu baabiara no, anaasɛ wubegyae.” Obi a otu mmirika-tenten kae sɛ: “Ɔkasafo a mikotiee ne kasa bere a na meresiesie me ho ama akansi no bɔɔ kɔkɔ pefee sɛ: ‘Enni mmirikatufo a wɔn ho yɛ hare no akyi. Tu mmirika no sɛnea eye ma wo. Anyɛ saa a, wobɛbrɛ, na ebia woagyae.’ Saa afotu yi a mitiei no boaa me ma miwiee mmirika no tu.”
15 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo yere wɔn ho denneennen wɔ nkwa ho mmirika a wɔretu no mu. (Luka 13:24) Nanso, osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Nyansa a efi soro no . . . wɔ ntease.” (Yakobo 3:17, NW) Bere a afoforo nhwɛso pa betumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛayɛ pii no, ntease bɛboa yɛn ma yɛde botae ahorow a ɛne yɛn ahoɔden ne yɛn nsɛm tebea hyia asisi yɛn anim. Kyerɛwnsɛm no kae yɛn sɛ: “Na ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho. Na obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.”—Galatifo 6:4, 5.
16. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase boa yɛn ma yetutu yɛn anammɔn?
16 Wobisa yɛn asɛm a ɛkanyan adwene yi wɔ Mika 6:8, NW, sɛ: ‘Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wo hɔ sɛ wo ne wo Nyankopɔn bɛnantew ahobrɛase mu?’ Nea ahobrɛase kyerɛ nso ne sɛ yebehu yɛn sintɔ ahorow. So nyarewa anaa onyin ama nea yetumi yɛ wɔ Onyankopɔn som adwuma mu no so atew? Mommma yɛn abam mmmu. Yehowa ani sɔ yɛn mmɔdenbɔ ne afɔre ahorow a yɛbɔ ‘sɛnea yɛwɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea yenni.’—2 Korintofo 8:12; fa toto Luka 21:1-4 ho.
Fa W’ani Si Akatua no So
17, 18. Dɛn na Yesu de sii n’anim a ɛboaa no ma otumi gyinaa asɛndua ho amanehunu no ano?
17 Bere a Paulo reda no adi akyerɛ Korintofo Kristofo sɛ ɛho hia sɛ wɔkɔ so tu nkwa ho mmirika no, ɔkaa Isthmia Agumadi no ho asɛm foforo a na ehia sɛ wɔde wɔn adwene si so. Paulo kyerɛw faa wɔn a na wotu saa mmirika no ho sɛ: “Na wɔn de, [wotu mmirika] na wɔanya abotiri a ɛsɛe, na yɛn de, nea ɛrensɛe. Ne saa nti me de, mmirika a mitu yi, mintu no asunsumabo mu; kuturuku a meko yi, menko no sɛ nea ɔboro mframa.” (1 Korintofo 9:25, 26) Na akatua a wɔde ma tete agumadi mu nkonimdifo no yɛ abotiri, anaa nhwiren a wɔakyekyere, anaa wuram nhaban a akisa mpo—nokwarem no, ɛyɛ “abotiri a ɛsɛe” ankasa. Nanso, dɛn na Kristofo a wobegyina akodu awiei no benya?
18 Bere a ɔsomafo Paulo reka Yesu Kristo, yɛn Nhwɛsofo, ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.” (Hebrifo 12:2) Yesu gyinaa mu kosii ne desani nkwa no awiei denam ade a ɔhwɛ traa asɛndua ho amane no, huu n’akatua, a nea ɛka ho ne anigye a na ɔwɔ sɛ ɔbɛboa ma wɔatew Yehowa din ho, agye adesamma abusua afi owu mu, na wadi ade sɛ Ɔhene ne Sɔfopanyin, bere a ɔma adesamma asoɔmmerɛfo nya nkwa a enni awiei wɔ paradise asase so no so.—Mateo 6:9, 10; 20:28; Hebrifo 7:23-26.
19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so bere a yɛyɛ Kristo asuafoyɛ adwuma no?
19 Susuw anigye a ɛda yɛn anim bere a yɛkɔ so wɔ Kristo asuafoyɛ adwuma mu no ho. Yehowa ama yɛn adwuma a abotɔyam wom kɛse a ɛne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka, ne Bible mu nimdeɛ a egye nkwa a yɛde ma afoforo no. (Mateo 28:19, 20) Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebenya obi a n’ani gye nokware Nyankopɔn ho, na yɛaboa no ma ɔde ne ho ahyɛ nkwa ho mmirikatu no mu! Na ɛmfa ho sɛnea nkurɔfo a yɛka asɛm kyerɛ wɔn yɛ wɔn ade no, ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛyɛ adwuma a wɔde tew Yehowa din ho no bi. Anibiannaso a wɔn a wɔwɔ asasesin a yedi mu adanse mu yɛ anaa ɔsɔretia a wɔde ba nyinaa akyi no, sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no a, yɛn ani gye sɛ yɛama Yehowa koma ani agye. (Mmebusɛm 27:11) Na akatua kɛse a wɔde ahyɛ yɛn bɔ no ne daa nkwa. Hwɛ anigye ara a ɛno bɛyɛ! Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ saa nhyira ahorow yi na yɛkɔ so tu mmirika no.
Bere a Awiei no Bɛn No
20. Bere a nkwa ho mmirikatu no rebɛn n’awiei no, ɔkwan bɛn so na emu betumi ayɛ den pii?
20 Wɔ nkwa ho mmirikatu no mu no, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam di asi. Bere a yɛbɛn awiei no, wayere ne ho denneennen sɛ ɔbɛto yɛn suntidua anaasɛ ɔbɛma yɛagow yɛn nsam. (Adiyisɛm 12:12, 17) Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ Ahenni adawurubɔfo anokwafo a yɛahyira yɛn ho so bere a akodi, aduankɔm, nyarewa, ne ahokyere foforo nyinaa a ɛyɛ “awiei bere” no ho sɛnkyerɛnne no wɔ hɔ yi. (Daniel 12:4; Mateo 24:3-14; Luka 21:11; 2 Timoteo 3:1-5) Afei nso, ɛtɔ bere bi a, ebetumi ayɛ yɛn sɛ nea awiei no wɔ akyiri sen sɛnea yɛhwɛ kwan, titiriw sɛ yɛde yɛn ho hyɛɛ mmirikatu no mu akyɛ a. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ awiei no bɛba. Yehowa ka sɛ ɛrenka akyi. Awiei no abɛn.—Habakuk 2:3; 2 Petro 3:9, 10.
21. (a) Dɛn na ɛbɛhyɛ yɛn den bere a yɛkɔ so tu nkwa ho mmirika no? (b) Bere a awiei no bɛn no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
21 Enti, sɛ yebedi nkonim wɔ nkwa ho mmirikatu no mu a, ɛsɛ sɛ yenya ahoɔden fi honhom fam nnuan a Yehowa fi ɔdɔ mu de ama yɛn no mu. Yɛn nso yehia nkuranhyɛ biara a yebetumi anya afi fekuw a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo a wɔn nso retu mmirika no bi bɔ mu no. Sɛ ɔtaa ne asiane a emu yɛ den mpo to yɛn kwan mu ma mmirika a yɛretu no mu yɛ den kɛse a, yebetumi agyina akodu awiei, efisɛ Yehowa ma yɛn “tumi a ɛboro so.” (2 Korintofo 4:7) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yewie mmirika no tu nkonimdi mu! Momma yensi yɛn bo ‘mfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda yɛn anim no,’ a yɛwɔ ahotoso koraa sɛ “sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.”—Hebrifo 12:1; Galatifo 6:9.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ baabi a wɔaka Hebrifo 11:1–12:3 ho asɛm a, hwɛ May 1, 1987, Ɔwɛn-Aban, no nkratafa 10-20.
b Wubetumi anya osuahu a ɛhyɛ nkuran saa a aba nnansa yi no bi wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae June 1, 1998, nkratafa 28-31; September 1, 1998, nkratafa 24-8; February 1, 1999, nkratafa 25-9.
So Wokae?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegyina kodu awiei?
◻ Yehowa nsiesiei bɛn na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so?
◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ yetutu yɛn anammɔn nyansam?
◻ Anigye bɛn na ɛda yɛn anim bere a yɛkɔ so tu mmirika no?
[Kratafa 18 mfonini]
Nya nkuranhyɛ fi Kristofo nhyiam horow mu