Wɔwowaw Me Wɔ Sɔhwɛ Ahorow A Ɛyɛ Hu mu
SƐNEA ÉVA JOSEFSSON KA KYERƐE
Ná yɛn mu kakraa bi ahyiam wɔ Újpest mantam mu wɔ Budapest, Hungary, rebɛyɛ nhyiam tiawa bi ansa na yɛafi adi akɔyɛ Kristofo som adwuma no. Ná ɛyɛ 1939, bere tiaa bi ansa na wɔrefi Wiase Ko II ase, na na wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Hungary. Saa mmere no, na wɔtaa kyere wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Bible wɔ baguam no.
ESIANE sɛ na ɛyɛ bere a edi kan a mereyɛ adwuma yi bi nti, na ɛbɛyɛ sɛ ehu aka me ama mayɛ bosaa kakra. Onua Kristoni panyin bi twaa n’ani hwɛɛ me ka kyerɛɛ me sɛ: “Éva, ɛnsɛ sɛ wusuro koraa. Yehowa a obi bɛsom no no yɛ anuonyamhyɛ a ɛsen biara a onipa betumi anya.” Saa nsɛm a na ɛda tema adi na ɛhyɛ den no boaa me wowaw me wɔ sɔhwɛ ahorow a ɛyɛ hu mu.
Yudani a na Meyɛ
Ná me ne ɔba panyin wɔ Yudafo abusua a mmofra baanum wom no mu. Ná Maame ani nye Yudasom ho ma enti ofii ase hwehwɛɛ ɔsom afoforo mu. Eyi na ɛma ohyiaa Erzsébet Slézinger, Yudani bea foforo a na ɔno nso rehwehwɛ Bible mu nokware no. Erzsébet de Maame kyerɛɛ Yehowa Adansefo, ma ne saa nti, me nso mibenyaa Bible nkyerɛkyerɛ ho anigye kɛse. Ankyɛ na mifii ase de nea masua no kyerɛkyerɛɛ afoforo.
Bere a midii mfe 18 wɔ 1941 ahohuru bere mu no, wɔbɔɔ me asu wɔ Danube Asubɔnten mu de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Saa bere no ara na wɔbɔɔ Maame asu, nanso Paapa ankyerɛ yɛn Kristofo gyidi foforo a yɛanya no ho anigye. M’asubɔ akyi pɛɛ na meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo, kyerɛ sɛ, mɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Ná ehia sɛ minya sakre, enti mifii ase yɛɛ adwuma wɔ adwinnan kɛse bi nhwehwɛmu dan mu.
Sɔhwɛ Ahorow Mfiase
Ná Nasifo no ako afa Hungary, na na adwinnan a meyɛ mu adwuma no abedi Germanfo nsam. Da bi wɔfrɛɛ adwumayɛfo no nyinaa baa mpanyimfo no anim sɛ yɛmmɛka ntam mfa nkyerɛ sɛ yɛtaa Nasifo no akyi. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ yɛanyɛ eyi a, ɛde ɔhaw kɛse bɛbrɛ yɛn. Wɔ guasodeyɛ a na wɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛka heil Hitler no mu no, mede nidi gyinaa hɔ nanso manyɛ nea wɔhwehwɛe no. Wɔfrɛɛ me kɔɔ adwumayɛdan mo mu saa da no ara, de m’akatua maa me, yii me adi. Esiane sɛ na adwuma ho yɛ den nti, na minhu nea ɛbɛba nhyehyɛe a mayɛ sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo no so. Nanso ade kyee no, minyaa adwuma foforo a na akatua no ye mpo.
Afei de, na metumi ayɛ ɔkwampaefo sɛnea na mepɛ no no. Minyaa akwampaefo ahokafo ahorow pii, na nea otwa to ne Juliska Asztalos. Ná yɛde Bible nkutoo na edi dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu, na na yenni nhoma biara a yɛde ma. Sɛ yenya anigyefo a, na yɛyɛ sankɔhwɛ ahorow de nhoma fɛm wɔn.
Ná me ne Juliska taa sesa asasesin a yɛyɛ mu adwuma no. Eyi te saa efisɛ sɛ ɔsɔfo bi hu sɛ yɛkɔ ‘ne nguan’ nkyɛn a, ɔbɔ nkae wɔ asɔredan mu sɛ sɛ Yehowa Adansefo ba wɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ wɔbɛbɔ ɔno anaa polisifo amanneɛ. Sɛ nkurɔfo a wɔpɛ yɛn asɛm ka nkaebɔ a ɛte saa ho asɛm kyerɛ yɛn a, na yɛafi hɔ kɔ asasesin foforo mu.
Da bi, me ne Juliska kɔɔ aberantewa bi a ɔkyerɛɛ anigye nkyɛn. Yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛsan akɔsra no afɛm no biribi ma wakenkan. Nanso bere a yɛsan kɔe no, na polisifo wɔ hɔ, na wɔkyeree yɛn de yɛn kɔɔ polisifo adwumam wɔ Dunavecse. Wɔde aberantewa no sum yɛn afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya yɛn akyere yɛn. Bere a yeduu polisifo adwumam hɔ no, yehuu ɔsɔfo bi wɔ hɔ na yehuu sɛ ɔno nso ka ho bi.
Me Sɔhwɛ a Ɛsen Biara
Woyii me ti nhwi nyinaa gui wɔ polisifo adwumam hɔ, na migyinaa polisifo bɛyɛ dummien anim a na wɔabɔ me adagyaw. Wobisabisa me nsɛm pɛe sɛ wohu nea odi yɛn anim wɔ Hungary. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ yenni ɔkannifo biara sɛ Yesu Kristo. Afei wɔde wɔn tuo no abena bobɔɔ me basabasa, nanso manyi me nuanom Kristofo no amma.
Ɛno akyi no, wɔkyekyeree me nan boom na wɔde me nsa nso guu m’atifi kyekyere boom. Afei sɛ miyi polisini biako fi mu a, wɔn nyinaa too me mmonnaa mmiako mmiako. Wɔkyekyeree me denneennen araa ma enti mfe abiɛsa akyi no, na ɛho twa no da so ara wɔ me nsa ho. Wɔyɛɛ me basabasa araa ma, wɔde me hyɛɛ ɔdan a ɛwɔ dan no ase nnawɔtwe abien kosii sɛ m’apirakuru akɛse paa no yɛe sɛ ɛrewuwu.
Ahotɔ Bere
Akyiri yi wɔde me kɔɔ afiase wɔ Nagykanizsa, baabi a na Yehowa Adansefo pii wɔ. Ɛmfa ho afiasenna no, yenyaa bere tiaa mu anigye mfe abien. Yɛyɛɛ yɛn nhyiam ahorow nyinaa wɔ kokoam, na yɛn nneɛma kɔɔ so te sɛ asafo ara pɛ. Yenyaa hokwan pii nso de yɛɛ bɔnnɔ so adansedi. Afiase ha na mihyiaa Olga Slézinger a ɔyɛ Erzsébet Slézinger, ɔbea a ɔkyerɛɛ me ne me maame Bible mu nokware no, honam fam nuabea.
Ebeduu 1944 no, na Nasifo a wɔwɔ Hungary no abɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛtɔre Yudafo a wɔwɔ Hungary nyinaa ase, sɛnea na wɔadi kan rekunkum wɔn wɔ mmeae ahorow a ɛhyɛ wɔn ase no. Da bi wɔbɛkyeree me ne Olga. Wɔde yɛn guu keteke a wɔde fa anantwi mu, na bere a wɔde yɛn twaa kwan a ɔbrɛ wom faa Czechoslovakia no, yeduu faako a yɛrekɔ, Poland anafo fam—owu nsraban, Auschwitz.
Auschwitz Asetra a Mefaa Mu
Sɛ me ne Olga wɔ hɔ a, na mete ahobammɔ nka. Sɛ edu bere a emu yɛ den mu mpo a, na otumi yi aseresɛm. Bere a yeduu Auschwitz no, yekogyinaa Oduruyɛfo Mengele a na wagye dimmɔne, a na n’adwuma ne sɛ obeyiyi abɛɛfo a wonni ahoɔden a wɔde bɛyɛ adwuma no afi wɔn a wɔte apɔw no mu, no anim. Ná wɔde wɔn a wonni ahoɔden no kɔ ɔdan a wɔde mframa bɔne kunkum nnipa wom no mu. Eduu yɛn so no, Mengele bisaa Olga sɛ, “Woadi mfe ahe?”
Ofi akokoduru ne n’anim a ɛyɛ anika anika mu buae sɛ, “20.” Nanso nokwarem no, na ne mfe yɛ ɛno mmɔho abien. Nanso Mengele serewee na ɔma no kogyinaa nifa so ma enti ɔtraa nkwa mu.
Ná wɔakyerɛw sɛnkyerɛnne bi agu nneduafo a wɔwɔ Auschwitz no nyinaa ntade ho—ná Yudafo de ne Dawid Nsoromma, na na Yehowa Adansefo de ne ntamasin ahinasa afasebiri no. Bere a na wɔpɛ sɛ wɔpam Dawid Nsoromma ntamasin bɔ yɛn ntade mu no, yɛkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo ma enti yɛpɛ ntamasin ahinasa afasebiri no bi. Ná ɛnyɛ sɛ ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yɛyɛ Yudafo, na mmom afei de na yɛyɛ Yehowa Adansefo. Wɔnam wɔn nan a wɔde bobɔɔ yɛn ne boro a wɔboroo yɛn no so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ yɛn ma yɛagye Yudafo ahyɛnsode no. Nanso yegyinaa pintinn kosii sɛ wogyee yɛn toom sɛ Yehowa Adansefo.
Bere bi akyi no, mihyiaa me nuabea Elvira a na mesen no panyin mfe abiɛsa no. Ná wɔde yɛn abusua mũ a yɛn dodow si baason no nyinaa kɔ Auschwitz. Me ne Elvira nkutoo na wogyee yɛn toom sɛ yɛwɔ ahoɔden a yebetumi ayɛ adwuma. Paapa, Maame, ne yɛn nuanom baasa no nyinaa wuwui wɔ ɔdan a wɔde mframa bɔne kunkum nnipa wom no mu. Saa bere no na Elvira nyɛ Ɔdansefo, na na yɛnte faako wɔ nsraban no mu. Onyaa ne ti didii mu, na otu kɔɔ United States, ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo wɔ Pittsburgh, Pennsylvania, na akyiri yi, owui wɔ hɔ wɔ 1973 mu.
Asetra a Mefaa Mu Wɔ Nsraban Afoforo Mu
Wɔ 1944/45 ahohuru bere mu no, esiane sɛ na Russiafo no rebɛn yɛn nti, Germanfo no sii gyinae sɛ wobeyi obiara afi Auschwitz. Enti wɔde yɛn kɔɔ Bergen-Belsen, wɔ Germany atifi fam. Yeduu hɔ ara pɛ na wɔde me ne Olga kɔɔ Braunschweig. Wɔ ha no, na ɛsɛ sɛ yɛboa ma wɔsesa nneɛma a aman a wɔyɛɛ apam ko tiaa Germany no ɔtopae bebrebe no ama asɛe no. Me ne Olga susuw asɛm no ho. Esiane sɛ na yenhu sɛ sɛ yɛyɛ adwuma yi a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛasɛe ɔfã biara a yenni sɛ Kristofo nti no, yɛn baanu nyinaa sii gyinae sɛ yɛrenyɛ.
Yɛn gyinaesi no kɔfaa asɛm bae. Wɔde aboa nhoma hwee yɛn na afei wɔde yɛn kɔe sɛ wɔnkɔbɔ yɛn tuo. Wɔmaa yɛn simma biako sɛ yɛmfa nsusuw asɛm no ho bio, na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ yɛansesa yɛn adwene a, wɔbɛbɔ yɛn tuo akum yɛn. Yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ yenhia bere a yɛde bedwen ho efisɛ yɛayɛ yɛn adwene dedaw. Nanso esiane sɛ na nsraban no mu panyin nni hɔ, na ɔno nkutoo na ɔwɔ tumi sɛ ɔma kwan ma wokum obi nti, na ɛsɛ sɛ wɔtwentwɛn yɛn kum no so.
Ansa na saa bere no bedu so no, wɔhyɛɛ yɛn ma yegyinaa nsraban no adiwo da mũ nyinaa. Asraafo baanu a wɔamia akode a wɔsesa wɔn nnɔnhwerew abien biara no hwɛɛ yɛn so. Wɔamma yɛn aduan biara, na esiane sɛ na ɛyɛ February mu nti, awɔw no ma yehuu amane yiye. Wodii yɛn ani saa ara nnawɔtwe, nanso ɔpanyin no amma. Enti wɔde yɛn guu kar bi akyi, na nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa no, nea yehui ara ne sɛ yɛadu Bergen-Belsen bio.
Ebeduu saa bere no, na me ne Olga tebea nye koraa. Ná me ti nhwi pii atutu na na atiridiinini akye me. Ná egye mmɔdenbɔ kɛse ansa na matumi ayɛ adwuma kakra. Ná aborɔfo nkontommire nkwan a hwee nnim ne paano ketewa bi a wɔde ma yɛn da biara no sua. Nanso na ehia sɛ yɛyɛ adwuma efisɛ na wokunkum wɔn a wontumi nyɛ adwuma no. Ná German anuawanom a wɔne me yɛ adwuma wɔ gyaade no boa me ma mehome. Sɛ na awɛmfo a wɔhwɛ yɛn so no reba a, anuawanom no bɔ me kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsɔre agyina pon ho ayɛ te sɛ nea mereyɛ adwuma denneennen.
Da bi na Olga nni ahoɔden a ɔde bɛkɔ baabi a ɔyɛ adwuma hɔ, na ɛno akyi no, yɛanhu no bio. Mehweree adamfo ne ɔyɔnko kokodurufo, obi a ɔboaa me yiye wɔ asram a na nneɛma mu yɛ den wɔ nsraban no mu no. Sɛ́ Awurade Yesu Kristo kyidini a wɔasra no no, ɛbɛyɛ sɛ ne nsa kaa ne soro akatua no ntɛm ara.—Adiyisɛm 14:13.
Afiase a Woyi Me Fi ne Ɛno Akyi
Bere a ɔko no baa awiei wɔ May 1945 na yenyaa ahofadi no, na mayɛ mmerɛw araa ma enti mantumi anni nhyɛsofo kɔndua a afei de na wɔabu mu no ho ahurusi; na saa ara nso na mantumi ne wɔn a wɔde wɔn a wɔanya ahofadi no rekɔ aman a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegye wɔn no ankɔ. Nea ɛbɛyɛ na manya ahoɔden bio no, medaa ayaresabea bi asram abiɛsa. Ɛno akyi no, wɔde me kɔɔ Sweden, na ɛhɔ bɛyɛɛ me kurom foforo. Ntɛm ara na mikohuu me nuanom Kristofo mmarima ne mmea, na bere bi akyi no, mede me ho hyɛɛ asɛnka adwuma a ɛsom bo no mu.
Wɔ 1949 mu no, mewaree Lennart Josefsson a na ɔde mfe pii asom sɛ Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo no. Esiane sɛ okuraa ne gyidi mu wɔ Wiase Ko II mu nti, na ɔno nso ada afiase pɛn. Yefii yɛn asetra sɛ akwampaefo no ase wɔ September 1, 1949, na wɔmaa yɛn dwumadi sɛ yɛnkɔsom wɔ Borås kurom. Yɛn mfe a edi kan mu no, na bere nyinaa yɛne anigyefo du yɛ Bible adesua nnawɔtwe biara. Yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ asafo a ɛwɔ Borås no bɛyɛɛ abiɛsa wɔ mfe akron ntam, na mprempren ɛyɛ anum.
Mantumi anyɛ ɔkwampaefo ankyɛ efisɛ yɛwoo ɔbabea wɔ 1950 mu, na mfe abien akyi no, yɛwoo ɔbarima. Enti minyaa hokwan a ɛyɛ anigye de kyerɛkyerɛɛ yɛn mma no nokware a ɛsom bo a onua dɔfo no kyerɛɛ me wɔ Hungary bere a na madi mfe 16 pɛ no, ɛne sɛ: “Yehowa a obi bɛsom no no yɛ anuonyamhyɛ a ɛsen biara a onipa betumi annya.”
Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’asetra a, mihu sɛ asɛm a osuani Yakobo kyerɛwee bere a na ɔrekae yɛn Hiob boasetɔ no abam wɔ me so: “[Yehowa, NW] ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.” (Yakobo 5:11) Ɛwom sɛ me nso mihyiaa sɔhwɛ ahorow a ɛyɛ hu de, nanso wɔde mma baanu ne wɔn ahokafo, ne mmanananom baasia adom me—a wɔn nyinaa yɛ Yehowa asomfo. Sɛ ɛno da nkyɛn a, mewɔ honhom fam mma ne mmanananom pii a wɔn mu binom yɛ akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo. Mprempren m’anidaso kɛse ne sɛ mehyia adɔfo a wɔadeda wɔ owu mu no na mayɛ wɔn atuu bere a wɔanyan wɔn afi wɔn nkae ada mu no.—Yohane 5:28, 29.
[Kratafa 31 mfonini]
Wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ Sweden wɔ Wiase Ko II akyi
[Kratafa 31 mfonini]
Me ne me kunu