Nea Ehia Me Titiriw—Sɛ Mɛkɔ So Adi Nokware
SƐNEA ALEXEI DAVIDJUK KA KYERƐE
Ná afe no yɛ 1947; na efi yɛn akuraa Laskiv, Ukraine, a ɛbɛn Poland hye so rekɔ beae no yɛ akwansin kakraa bi. Ná m’adamfo dada Stepan som sɛ ɔsomafo a ɔde Bible ho nhoma fa sum ase fi Poland ba Ukraine. Da koro anadwo bi, hye so wɛmfo bi huu no, taa no, na ɔtow no tuo kum no. Mfe dumien akyi no, Stepan wu no nyaa m’asetra so nkɛntɛnso kɛse, sɛnea mɛkyerɛkyerɛ mu akyiri yi no.
BERE a wɔwoo me wɔ Laskiv wɔ 1932 mu no, na yɛn akuraa no ase-mmusua du na wɔyɛ Bible Asuafo, sɛnea na wonim Yehowa Adansefo saa bere no. Ná wɔn mu bi ne m’awofo a wɔyɛɛ nokwaredi ma Yehowa ho nhwɛso pa kosii wɔn wu mu wɔ 1970 mfe no mu no. Wɔ m’asetra nyinaa mu no, Onyankopɔn a medi no nokware no ne ade a ehia me titiriw.—Dwom 18:25.
Wɔ 1939 mu, afe a Wiase Ko II no fii ase no, beae a na yɛte wɔ Poland apuei fam no kodii Soviet Unionfo nsam. Sovietfo dii yɛn so kosii June 1941 mu, bere a Germanfo bɛko faa saa beae no.
Wɔ Wiase Ko II mu no, mihyiaa nsɛnnennen bi wɔ sukuu mu. Wɔkyerɛɛ mmofra no sɛ wɔnto ɔman nnwom na wɔmfa wɔn ho nhyɛ sraadi ntetee mu. Nokwarem no, na yɛn ntetee no fã bi ne sɛ yebesua sɛnea yɛtow tuo. Nanso mamfa me ho anhyɛ ɔman nnwom ne sraadi ntetee no nyinaa mu. Mmɔden a mebɔe wɔ me mmofraberem sɛ mekura Bible mu gyidi ahorow mu denneennen no boaa me ma midii Onyankopɔn nokware wɔ mfe a edii akyi no mu.
Nnipa pii kyerɛɛ Bible no ho anigye wɔ yɛn asafo no asasesin mu araa ma enti wɔde akwampaefo baanu, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no, baa saa beae hɔ bɛboa kyerɛkyerɛɛ wɔn. Akwampaefo no biako, Ilja Fedorovitsch, ne me suaa Bible no, na ɔtetee me wɔ ɔsom adwuma no mu. Bere a Germanfo bɛko faa hɔ no, wɔpam Ilja na wɔde no kɔɔ Nasi nneduaban no biako mu, na owuu wɔ hɔ.
Sɛnea Paapa Bɔɔ Mmɔden sɛ Ɔrennyina Obiara Afã
Wɔ 1941 mu no, Soviet atumfoɔ bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Paapa de ne nsa ahyɛ krataa bi ase de ahyɛ bɔ sɛ obetua sika de aboa ɔko no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ́ nokware Nyankopɔn no somfo no, ɔrennyina ɔfã biara mfa mmoa ɔko no. Wobuu Paapa sɛ ɔtamfo na wɔde no too afiase mfe anan. Nanso odii nnanan pɛ. Dɛn ntia? Efisɛ da a wɔde no too afiase no, ne Kwasida na German asraafo no bɛko faa baabi a yɛte no.
Bere a afiase awɛmfo no tee sɛ Germanfo reba hɔ no, wobuee afiasedan no guanee. Soviet asraafo no kunkum nneduafo pii guu abɔnten hɔ. Paapa anguan amonom hɔ ara nanso akyiri yi oguan kɔɔ ne nnamfo bi fie. Ofi hɔ too Maame nkra sɛ ɔmfa ne nkrataa a ɛkyerɛ sɛ wɔde no too afiase esiane sɛ wantaa Sovietfo akyi wɔ ɔko no mu nti no mmrɛ no. Bere a Paapa de eyi kyerɛɛ German asraafo no, wogyaee no.
Ná Germanfo no pɛ sɛ wohu nnipa a wɔtaa Sovietfo akyi no nyinaa din. Wɔhyɛɛ Paapa sɛ ɔmmobɔ wɔn din, nanso wammobɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ onni ɔfã biara. Sɛ ɔbɔɔ obi din a, anka wobekum saa nipa no. Enti, ɔfã biara a Paapa annya no bɔɔ afoforo nkwa ho ban, na wɔkyerɛɛ anisɔ maa no kɛse.
Yɛyɛ Adwuma Wɔ Sum Ase
Sovietfo no san baa Ukraine wɔ August 1944 mu, na wɔ May 1945 no, Wiase Ko II no baa awiei wɔ Europa. Ɛno akyi no, nea wɔfrɛ no Amammui Mu Hye no maa yɛn a yɛwɔ Soviet Union no tew yɛn ho fii wiase no nyinaa ho. Ná ɛyɛ den mpo sɛ yɛne Yehowa Adansefo a wɔwɔ Poland hye no akyi no bedi nkitaho. Ná Adansefo a wɔwɔ akokoduru no wia wɔn ho twa hye no kɔfa Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a ɛsom bo no kakra ba. Esiane sɛ na efi yɛn fie wɔ Laskiv rekɔ hye no so yɛ kilomita 8 pɛ nti, na mete ɔhaw a saa asomafo yi hyia no ho asɛm.
Sɛ nhwɛso no, Ɔdansefo bi a na wɔfrɛ no Silvester twaa hye no mpɛn abien kɔ bae a hwee anyɛ ano. Nanso bere a ɔrekɔ nea ɛto so abiɛsa no, hye so awɛmfo ne wɔn nkraman huu no. Asraafo no teɛteɛɛm sɛ onnyina hɔ, nanso Silvester guan de peree ne nkwa. Ná ɔkwan biako pɛ a ɔbɛfa so akwati nkraman no ne sɛ obehuruw atɔ ɔtare bi a ɛbɛn hɔ mu. Odii anadwo mũ no nyinaa wɔ nsu mu a ne ti tɛ nsu ani, na ohintaw wɔ nsɔnhwea atenten bi mu. Bere a awiei koraa no asraafo no sanee no, Silvester a na wabrɛ no yɛɛ nkakrankakra baa fie.
Sɛnea mekae mfiase no, wokum Silvester wɔfase Stepan bere a na ɔrebɔ mmɔden atwa hye no. Nanso, na ɛho hia sɛ yɛkɔ so ne Yehowa nkurɔfo nya nkitahodi. Ɛdenam asomafo akokodurufo no so no, na yɛn nsa tumi ka honhom fam aduan ne akwankyerɛ a ehia.
Afe a edi hɔ, wɔ 1948 mu no, wɔbɔɔ me asu anadwo wɔ ɔtare ketewa bi a ɛbɛn yɛn fie mu. Wɔn a na wɔrebɛbɔ wɔn asu no hyiaa wɔ yɛn fie, nanso na minnim nkurɔfo ko a wɔyɛ, esiane sɛ na ade asa na yɛyɛɛ dinn yɛɛ biribiara wɔ kokoam nti. Yɛn a na wɔrebɛbɔ yɛn asu no ne yɛn mu biara anni nkitaho. Minnim onipa ko a ɔmaa asubɔ kasa no, bisaa me asubɔ nsɛmmisa no bere a na yegyina ɔtare no ho no, anaasɛ nea ɔde me hyɛɛ nsu mu. Mfe bi akyi no, bere a me ne m’adamfo pa bi rebɔ nkɔmmɔ no, yebehui sɛ na yɛn baanu nyinaa ka wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu saa anadwo no ho!
Wɔ 1949 no, Adansefo a wɔwɔ Ukraine no nsa kaa ahyɛde fii Brooklyn a na ɛrehyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsrɛ Moscow aban no ma ɔmfa asɛnka adwuma no nhyɛ mmara ase wɔ Soviet Union. Bere a yedii saa akwankyerɛ no akyi no, yɛde yɛn adesrɛ faa ɔmanwoe soafo so kɔmaa Soviet Akunini Boayikuw a ɛwɔ U.S.S.R no. Ɛno akyi no, wɔka kyerɛɛ Mykola Pyatokha ne Ilya Babijchuk sɛ wɔnkɔ Moscow nkogye aban no mmuae fa wɔn adesrɛde no ho. Wɔpenee so, na wotuu kwan kɔɔ Moscow saa ahohuru bere no.
Ɔpanyin a ogyee asomafo yi tiei bere a wɔde nkyerɛkyerɛmu a egyina Bible so a ɛfa yɛn adwuma no ho mae no. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛreyɛ yɛn adwuma no de ama Yesu nkɔmhyɛ a ɛne sɛ “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse” no anya mmamu. (Mateo 24:14) Nanso, ɔpanyin no kae sɛ Ɔman no rennye yɛn ntom wɔ mmara mu.
Adansefo no san baa fie na wɔkɔɔ Ukraine ahenkurow Kiev mu sɛ wɔrekɔyɛ ma wɔagye yɛn adwuma no atom wɔ Ukraine ha. Bio no, atumfoɔ no ampene adesrɛ no so. Wɔkae sɛ sɛ wobegyae Yehowa Adansefo haw a, gye sɛ wɔboa Ɔman no. Wɔkae sɛ ɛsɛ sɛ Adansefo no kɔ sraadi na wɔde wɔn ho hyɛ abatow mu. Bio no, yɛkyerɛkyerɛɛ ɔfã biara a yenni no mu sɛ yɛde redi yɛn Wura, Yesu Kristo, ahyɛde a ɛne sɛ yennya ɔfã biara wɔ wiase mu no akyi.—Yohane 17:14-16.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔkyeree Onua Pyatokha ne Onua Babjchuk, bɔɔ wɔn sobo, de wɔn too afiase mfirihyia 25. Saa bere no ara wɔ 1950 mu no, atumfoɔ no kyeree Adansefo pii, a na me papa ka ho. Wɔde no too afiase mfirihyia 25 na wɔde no kɔɔ Khabarovsk, wɔ Soviet Union akyirikyiri bɛyɛ kilomita 7,000!
Wotwaa Yɛn Asu Kɔɔ Siberia
Afei, wɔ April 1951 mu no, Soviet Man no de ɔsɔretia a emu yɛ den baa Adansefo a wɔwɔ atɔe amantam a ɛne Latvia, Estonia, Lithuania, Moldova, Belarus, ne Ukraine mu no so. Saa ɔsram no mu no, wotwaa yɛn mu bɛyɛ 7,000, a na me ne Maame ka ho, asu kɔɔ Siberia. Asraafo bɔ wuraa yɛn fie anadwo kɛkɛ bɛfaa yɛn kɔɔ keteke gyinabea. Ɛhɔ no, wɔde yɛn guu nantwi nteaseɛnam mu too yɛn mu—na nnipa bɛyɛ 50 na wɔwɔ teaseɛnam biara mu—na bɛboro dapɛn abien akyi no, wokoyii yɛn guu beae bi a wɔfrɛ hɔ Zalari, a ɛbɛn Ɔtare Baikal wɔ Irkutsk mantam mu no.
Bere a na yegyina sukyerɛma so, na mframa a ano yɛ nwini rebɔ yɛn, na asraafo a wokurakura atuo atwa yɛn ho ahyia no, misusuw nea na ɛda yɛn anim retwɛn yɛn ho. Ɔkwan bɛn so na mɛfa adi Yehowa nokware wɔ ha? Yefii ase too Ahenni nnwom de yii yɛn adwene fii awɔw no so. Afei ɔman nnwuma mu mpanyimfo baa hɔ. Ná ebinom hia mmarima ma wɔayɛ nnwumaden bi, na na afoforo nso pɛ mmea de wɔn ahwɛ wɔn mmoa so. Wɔde me ne Maame kɔɔ adansi adwumayɛbea bi, baabi a na wɔresi Tagninskaya Anyinam Ahoɔden Adwumayɛbea no.
Bere a yeduu hɔ no, yehuu asraafo atrae a wɔde nnua abobɔ bebree, a emu na na wɔn a wɔatwa wɔn asu no te. Wɔmaa me kaa trata yɛɛ anyinam ahoɔden ho adwuma, na wɔmaa Maame yɛɛ afuw so adwuma. Wogyee yɛn toom wɔ mmara mu sɛ wɔn a wɔapam wɔn afi ɔman bi mu, na ɛnyɛ nneduafo. Enti na yɛwɔ hokwan sɛ yɛnantenantew anyinam ahoɔden adwumayɛbea hɔ nkutoo, ɛwom sɛ wɔbaraa yɛn sɛ yɛnnkɔ atrae foforo a ɛwɔ akyiri bɛyɛ kilomita 50 no de. Atumfoɔ no hyɛɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn nsa nhyɛ krataa bi ase mfa nkyerɛ sɛ yɛbɛtra hɔ daa. Ná ɛno yɛ bere tenten ma me, bere a na madi mfe 19 no, enti mamfa me nsa anhyɛ ase. Nanso, yɛtraa beae hɔ mfirihyia 15.
Wɔ Siberia no, na Poland hye no nni akyiri kilomita 8 bio, na mmom, na ɛwɔ akyiri bɛboro kilomita 6,000! Sɛ́ Adansefo no, yɛyɛɛ nea yebetumi nyinaa kyekyɛɛ yɛn ho mu yɛɛ no asafo ahorow, na yɛpaw mmarima a wobedi anim. Mfiase no, na yenni Bible ho nhoma biara gye kakraa bi a Adansefo bi bɔɔ mmɔden de hyɛɛ wɔn ho fi Ukraine bae no. Yɛhwɛɛ so de yɛn nsa kyerɛw bi, na yɛkyekyɛ maa obiara nyaa bi.
Ankyɛ na yefii ase yɛɛ nhyiam ahorow. Esiane sɛ na yɛn mu pii te asraafo atrae nti, na yɛtaa hyiam anwummere. Ná adawurubɔfo bɛyɛ 50 na wɔwɔ asafo biara mu, na wɔmaa mehwɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu so. Ná mmarima kakraa bi na ɛwɔ yɛn asafo mu, enti na mmea nso ma asuafo kasa no bi, na ɛno bɛyɛɛ ade a wobegye toom wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow no mu bɛyɛ 1958 mu. Obiara amfa ne dwumadi anni agoru, na yebuu sukuu no sɛ ɔkwan a yɛnam so yi Yehowa ayɛ na yɛhyɛ afoforo nkuran wɔ asafo no mu.
Wohyiraa Yɛn Som Adwuma no So
Esiane sɛ na wɔn a wɔnyɛ Adansefo nso te atrae hɔ nti, da koro mpo antwam a yɛanka yɛn gyidi ho asɛm ankyerɛ afoforo, ɛwom sɛ na wɔabara eyi katee de. Bere a Joseph Stalin, Soviet mampanyin, wui wɔ 1953 mu no, tebea no sesae. Wɔmaa yɛn hokwan kɛse sɛ yɛne afoforo mmɔ yɛn Bible mu gyidi ho nkɔmmɔ wɔ baguam. Ɛdenam nkrataa a na yɛne yɛn nnamfonom a wɔwɔ Ukraine kyerɛw so no, yehuu baabi a na Adansefo foforo wɔ wɔ beae hɔ, ne wɔn dii nkitaho. Eyi maa yetumi kyekyɛɛ yɛn asafo ahorow no mu yɛɛ no amansin.
Wɔ 1954 mu no, mewaree Olga, a na wɔatwa ɔno nso asu afi Ukraine no. Mfe no mu no, ɔyɛɛ me mmoa kɛse wɔ me som a mede maa Yehowa no mu. Ɛyɛ Olga nuabarima, Stepan, na wokum no wɔ Ukraine ne Poland hye so wɔ 1947 mu no. Akyiri yi, yɛwoo yɛn babea, Valentina.
Me ne Olga nyaa nhyira pii wɔ yɛn Kristofo som adwuma no mu wɔ Siberia. Sɛ nhwɛso no, yehyiaa George, a na ɔyɛ Baptist kuw bi kannifo. Yɛkɔsraa no daa ne no suaa Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a yɛwɔ no. Ankyɛ na George begye toom sɛ nea Yehowa asomfo kyerɛkyerɛ fi Bible mu ne nokware no. Ne nnamfo Baptistfo pii nso fii ase ne yɛn suaa ade. Hwɛ anigye ara a yenyae bere a George ne ne nnamfo no bi gyee asubɔ na wɔbɛyɛɛ yɛn honhom fam nuanom no!
Wɔ 1956 mu no, wɔpaw me ɔhwɛfo kwantufo, a na ɛhwehwɛ sɛ dapɛn biara mekɔsra asafo bi wɔ baabi a yɛwɔ no. Ná meyɛ adwuma da mũ nyinaa, na afei edu anwummere a, matra me moto so akohyia asafo no. Sɛ ade kye anɔpatutuutu a na mesan ba bɛsen kɔ adwuma. Mykhailo Serdinsky, a wɔpaw no sɛ ɔmmoa me wɔ akwantu adwuma mu no, wui wɔ kar akwanhyia mu wɔ 1958 mu. Owui Wukuda, nanso yɛtwentwɛnee n’ayi no so kosii Kwasida na ama Adansefo pii atumi aba.
Bere a nnipakuw pii sen yuu kɔɔ amusiei no, Polisifo dii yɛn akyi. Ná Bible mu ɔkasa a ɛfa owusɔre ho anidaso ho a yɛbɛma no bɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ wɔkyere yɛn. Nanso biribi kanyan me ma mekaa Mykhailo ne ne daakye akwanhwɛ a ɛyɛ anigye ho asɛm. Ɛwom sɛ mede Bible no dii dwuma de, nanso Polisifo no ankyere me. Ɛda adi sɛ wɔtee nka sɛ wonnya hwee mfi mu, na na wonim me yiye, esiane sɛ na mekɔ wɔn adwumayɛbea ti hɔ ma wokobisabisa me nsɛm bere nyinaa nti.
Obi Koyi Yɛn Ma
Wɔ 1959 mu no, Polisifo no kyeree Adansefo 12 a wodi asɛnka adwuma no anim. Wɔfrɛɛ afoforo pii bisabisaa wɔn nsɛm, a na meka ho. Bere a eduu me so no, me ho dwiriw me sɛ metee sɛ mpanyimfo no reka kokoam nneɛma a ɛfa yɛn dwumadi ho no ho asɛm. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi huu eyi? Ɛda adi sɛ obi na na ɔyɛ saa, obi a na onim yɛn ho nsɛm pii a ɔde bere bi ayɛ adwuma ama Ɔman no.
Wɔde Adansefo 12 a wɔkyeree wɔn no guu dan koro mu, na wɔyɛɛ nokoro sɛ wɔrenka asɛm biara nkyerɛ atumfoɔ no. Saa kwan no so no, nkɔnkɔnsani no bɛda ne ho adi wɔ asɛnnii no ase abɛka nea ɛfa yɛn ho. Ɛwom sɛ wɔammɔ me sobo de, nanso mekɔɔ asɛnnibea hɔ kɔhwɛɛ nea ɛbɛba. Ɔtemmufo no bisabisaa nsɛm, na 12 no ammua. Afei Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Konstantyn Polishchuk, a na mede mfe pii nim no, dii adanse tiaa 12 no. Asɛnnii no baa awiei, na wɔde Adansefo no bi guu afiase. Mefaa ɔkwan bi a ɛda asɛnnibea no akyi kɔɔ Polishchuk nkyɛn.
Mibisaa no sɛ: “Dɛn nti na woreyi yɛn ama?”
Obuae sɛ: “Efisɛ minnye nni bio.”
Mibisae sɛ: “Dɛn na wunnye nni bio?”
Obuae sɛ: “Mintumi nnye Bible no nni bio.”
Anka Polishchuk betumi ayi me nso ama, nanso wɔ n’adanse no mu no, wammɔ me din. Enti mibisaa no nea enti a wammɔ me din.
Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mempɛ sɛ wokɔda afiase. Meda so ara te afobu nka wɔ wo yere nuabarima, Stepan, ho. Ná me na mede no retwa hye no anadwo a wokum no no. Madi mfomso ankasa wɔ ɛno ho.”
Ne nsɛm no hyɛɛ me abufuw. Hwɛ sɛnea na n’ahonim awu afa! Odii yaw wɔ Stepan wu ho, nanso oyii Yehowa asomfo mae. Manhu Polishchuk bio. Owui asram bi akyi. Obi a na manya ne mu awerɛhyem mfe pii a mihui sɛ wayi yɛn nuanom ama no maa midii yaw ankasa. Nanso nea esii no maa minyaa asuade titiriw bi: Polishchuk anni nokware esiane sɛ ogyaee Bible no kan na wankyerɛ mu gyidi bio nti.
Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛde saa asuade yi to yɛn adwene mu: Sɛ yɛbɛkɔ so adi Yehowa nokware a, ɛsɛ sɛ yesua Kyerɛw Kronkron no daa. Bible ka sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.” Bio nso, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo sɛ wɔnhwɛ yiye. Dɛn ntia? “Na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.”—Mmebusɛm 4:23; Hebrifo 3:12.
Yɛsan Kɔɔ Ukraine
Bere a yefi Siberia bae wɔ 1966 mu no, me ne Olga san baa Ukraine, wɔ kurow a wɔfrɛ no Sokal a efi hɔ rekɔ L’viv bɛyɛ kilomita 80 no. Ná yɛwɔ pii yɛ wɔ hɔ, efisɛ na Adansefo 34 pɛ na wɔwɔ Sokal ne Cervonograd ne Sosnivka nkurow a ɛbɛn hɔ no mu. Ɛnnɛ, asafo 11 na ɛwɔ saa mmeae no!
Olga wui nokwaredi mu wɔ 1993 mu. Mfe abiɛsa akyi no, mewaree Lidiya, na efi saa bere no, wayɛ me ahoɔden kɛse. Bio nso, me babea, Valentina, ne n’abusua yɛ Yehowa asomfo a wɔyɛ nsi na wɔahyɛ me nkuran nso. Nanso, nea ɛkɔ so ma minya anigye kɛse ne Yehowa, Onyankopɔn nokwafo, a makɔ so adi no nokware no.—2 Samuel 22:26.
Alexei Davidjuk dii nokware maa Yehowa kosii owu mu wɔ February 18, 2000, bere a na yɛreyɛ asɛm yi ho adwuma atintim no.
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Yɛn asafo a na wohyiam wɔ asraafo atrae hɔ wɔ 1952 mu wɔ Siberia apuei fam no
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Yɛn Teokrase Ɔsom Sukuu wɔ 1953 mu
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Mykhailo Serdinsky ayi wɔ 1958 mu
[Mfonini wɔ kratafa 32]
Me ne me yere Lidiya