Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 10/8 kr. 19-23
  • Gyidi a Minyae Wɔ Katabaako Nniso Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyidi a Minyae Wɔ Katabaako Nniso Ase
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gestaponi Bi Bisabisaa Me Nsɛm
  • Wiase Tebea Sakrae
  • Nneduaban Mu Wɔ Russia
  • Mesan Kɔɔ Ukraine
  • Gyidi Ho Sɔhwɛ a Emu Yɛ Den
  • Nea Ehia Me Titiriw—Sɛ Mɛkɔ So Adi Nokware
    Nyan!—2000
  • Sɛnea Onyankopɔn Hyɛɛ Me Den Ma Migyinaa Sɔhwɛ Ano
    Nyan!—2000
  • Bɔhyɛ a Masi Me Bo sɛ Medi So
    Nyan!—1998
  • Komunisfo Baraa Yɛn Bɛboro Mfirihyia 40
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 10/8 kr. 19-23

Gyidi a Minyae Wɔ Katabaako Nniso Ase

SƐNEA MICHAEL DASEVICH KA KYERƐE

Gestapofo panyin bi teɛɛ ne nsa kyerɛɛ otuo a etweri tweaa so hɔ no kae sɛ: “Yɛde otuo yi kunkum Yehowa Adansefo wɔ Germany. So wuhu saa otuo no? Metumi de sekan awɔ wo a mente afobu biara nka.”

Bere a na Nasifo redi me man so wɔ 1942 mu a na madi mfe 15 pɛ na mihyiaa saa ahunahuna yi.

WƆWOO me wɔ November 1926 mu wɔ akuraa ketewaa bi a ɛbɛn Sanislav (a seesei wɔfrɛ no Ivano-Frankivs’k), a saa bere no na ɛwɔ Poland no, ase. Wɔ Wiase Ko II mu wɔ September 1939 kosi May 1945 mu no, Soviet Union ko faa hɔ nea edi kan, na afei Germanfo bɛfaa hɔ, na awiei koraa no, yɛkɔhyɛɛ Sovietfo ase bio. Wɔ ɔko no akyi no, ɛbɛyɛɛ Ukrainefo Soviet Kwasafo Amammui Adehyeman no fã, na bere a Soviet Union gui wɔ 1991 mu no, ebedii Ukrainefo nsam.

Ná me papa a ɔyɛ Polandni ne me maame a ɔyɛ Belorussiani no yɛ Greekfo Katolek Asɔre no mufo. Nanso wɔ 1939 mu no, mmea baanu a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ akuraa Horyhliady a ɛbɛn hɔ ase a emufo yɛ 30 no mu de nhomawa a wɔato din Universal War Near brɛɛ yɛn. Na ɛreka nsɛm a m’ankasa m’ani tua ho asɛm. Enti, bere a nhomawa no bisae sɛ, “Dɛn nti koraa na amanaman no ho repere wɔn akɔ ɔko?” no, mehyɛɛ nkyerɛkyerɛmu a egyina Bible so a ɛde mae no nsow yiye.

Ná ɛnyɛ ɔko nko na ɛrekɔ so wɔ Ukraine. Ná ɔkɔm kɛse nso asi hɔ. Nhyehyɛe a Soviet Mampanyin Joseph Stalin de bae no ma wɔhyɛɛ ebinom twaa wɔn asu kɔɔ Russia. Amane a mihui no ma mehwehwɛɛ Bible no mu yiye. Mesrɛɛ Ɔdansefo bi a ɔwɔ Horyhliady sɛ ɔne me mmesua Bible no.

Gye sɛ wutwa Asubɔnten Dniester ansa na woatumi afi Horyhliady aba yɛn akuraa Odajiv ase, na na mede ahyɛmma twa saa asu kɛse no mpɛn pii dapɛn biara kɔyɛ me Bible adesua. Wɔ August 1941 mu no, wɔbɔɔ me ne me nuabea Anna ne afoforo baanu asu wɔ saa asubɔnten no mu.

Gestaponi Bi Bisabisaa Me Nsɛm

Ɛyɛ 1941 mu na Germanfo nniso no fii ase, na ɛmfa ho sɛ wohunahunaa yɛn sɛ wɔbɛtwe yɛn aso no, yɛannyae yɛn Kristofo dwumadi no. Afe a edi hɔ no mifii akwampae adwuma ase, na na baesekre na mede kɔ asɛnka. Ɛno akyi bere tiaa bi na me ne Germanfo Gestaponi a mekaa ne ho asɛm mfiase no hyiae no. Nea ɛbae ni.

Bere a da koro bi merefi asɛnka aba fie no, mekɔsraa mfɛfo Kristofo baanu bi, ɛna bi ne ne babea. Ná ne babea no kunu sɔre tia yɛn gyidi no na na ɔpɛ sɛ ohu baabi a ne yere nya Bible ho nhoma no denneennen. Saa da no, na ɛnyɛ nhoma ahorow nko na mikura, na mmom mfɛfo Kristofo asɛnka akontaabu nso. Okunu no huu me sɛ merefi fie hɔ.

Ɔteɛɛm sɛ: “Gyina hɔ!” Mefaa me bag no na miguanee.

Ɔteɛɛm kae sɛ: “Ɔkorɔmfo! Gyina hɔ!” Adwumayɛfo a wɔreyɛ adwuma wɔ afum susuwii sɛ mawia biribi, enti wɔkyeree me gyinaa hɔ. Ɔbarima no de me kɔɔ polisifo adwumam, baabi a na Gestapofo panyin bi wɔ no.

Bere a ɔpanyin no huu nhoma a ɛwɔ me bag mu no, ɔde German kasa teɛɛm sɛ: “Rutherford! Rutherford!” Ná enhia sɛ obi bɛkyerɛ me ase ansa na mahu nea enti a ne bo afuw no. Na Joseph F. Rutherford ne Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, na na ne din pue wɔ nhoma a Yehowa Adansefo tintim no akyi. Onuawa no kunu no bɔɔ me sobo sɛ mepɛ ne yere no. Polisifo ne Gestapofo panyin no hui sɛ eyi nyɛ nokware efisɛ na ne yere no ani afi a obetumi awo me. Afei wofii ase bisabisaa me nsɛm.

Ná wɔpɛ sɛ wohu nipa ko a meyɛ ne baabi a mifi, ne titiriw no, baabi a minyaa nhoma no. Nanso manka ankyerɛ wɔn. Wɔboroo me kakra, na wodii me ho fɛw, na ɛno akyi no, wɔde me too afiasedan mu. Wɔde nnansa a edi hɔ no bisabisaa me nsɛm. Afei wɔde me kɔɔ Gestapofo panyin no adwumam, baabi a ohunahunaa me sɛ ɔde sekan bɛwɔ me no. Ná mintumi nhu sɛ ɔde sekan no bɛwɔ me ampa. Misii me ti ase, na ɛhɔ yɛɛ dinn bere tenten bi. Afei ɔkae prɛko pɛ sɛ: “Wubetumi akɔ.”

Sɛnea wubetumi ahu no, na asɛm no a yɛbɛka saa bere no yɛ asɛnnennen ankasa, na na saa ara na nhyiam ahorow a yɛbɛyɛ nso te. Yɛyɛɛ Kristo wu Nkaedi afahyɛ no wɔ April 19, 1943 mu, wɔ adan abien mu wɔ ofie bi a ɛwɔ Horyhliady mu. (Luka 22:19) Bere a yɛrebefi nhyiam no ase no, obi kae sɛ polisifo reba fie hɔ. Yɛn mu binom kohintaw turo no mu, nanso me nuabea Anna ne mmea afoforo baasa kɔɔ ɔdan no ase. Polisifo no huu wɔn, na wɔtwee wɔn puee mmiako mmiako bisabisaa wɔn nsɛm. Wɔyɛɛ wɔn ayayade nnɔnhwerew pii, na wɔn mu biako piraa kɛse.

Wiase Tebea Sakrae

Wɔ 1944 ahohuru bere mu no, Germanfo no fii hɔ, na Sovietfo san bɛfaa beae a yɛte no. Sɛ́ Yehowa asomfo no, yɛkɔɔ so kuraa Bible nnyinasosɛm koro no ara a yekuraa mu bere a Nasifo ko faa hɔ no mu. Yɛannya kyɛfa biara wɔ sraadi anaasɛ amammui dwumadi biara mu. Ankyɛ koraa na wɔsɔɔ yɛn nokwaredi hwɛe esiane Bible nnyinasosɛm a ɛte saa a yedi so no nti.—Yesaia 2:4; Mateo 26:52; Yohane 17:14.

Nna kakraa bi mu no, Sovietfo no fii ase boaboaa mmerante ano de wɔn kɔɔ sraadi. Nea ɛmaa asɛm no sɛee koraa ne sɛ, na ɛnyɛ Sovietfo no nko na wɔreboaboa mmerante ano akɔ sraadi. Ukraine asraafo nso baa beae hɔ bɛboaboaa mmerante ano de wɔn kɔɔ kwae mu kɔmaa wɔn sraadi ho ntetee. Enti yɛn a yɛyɛ Adansefo no baa tebea a emu yɛ den mu efisɛ na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yenni obiara afã—Sovietfo ne Ukrainefo no.

Saa akuw abien yi hyiae wɔ yɛn akuraa hɔ pɛɛ na wɔko maa wokunkum Ukrainefo no kakra guu ɔkwan a ɛda yɛn fie anim no so. Soviet asraafo no baa yɛn fie bebisae sɛ yenim wɔn a wɔawu no anaa. Mpanyimfo a wɔbaa hɔ no yɛe sɛ wɔde me bɛkɔ akɔka wɔn asraafo dɔm, a na wɔn mu pii yɛ Polandfo, no ho. Esiane sɛ na me fã bi fi Poland nti, na ɛsɛ sɛ wɔde me ka wɔn ho.

Me ne Adansefo foforo baanan poe sɛ yɛbɛkɔ sraadi, enti wɔde yɛn faa keteke kɔɔ Dnipropetrovs’k, kurow bi a ɛwɔ apuei fam bɛyɛ kilomita 700. Bere a yɛkyerɛkyerɛɛ mu wɔ hɔ sɛ yentumi mfa yɛn ho nhyɛ sraadi mu esiane yɛn Bible mu gyidi ahorow nti no, wɔde yɛn guu afiase bere a na wɔrehwehwɛ sobo a wɔde bɛbɔ yɛn no. Bere a wɔde yɛn kɔɔ asɛnnibea no, yehui sɛ nea ɔrehwehwɛ asɛm no mu no yɛ Yudani. Yɛkyerɛkyerɛɛ yɛn gyidi ahorow mu de yii yɛn ho ano, na ɔtemmufo no tiee asɛm no yiye. Yɛkaa nsɛm a yenim sɛ n’ani begye ho, a na nea ɛka ho ne Israelfo a wɔyɛɛ wɔn ayayade wɔ Misraim, ne gye a wɔnam Mose so gyee wɔn no.

Asram a edii ansa na asɛnnibea no rebua asɛm no mu no, wɔde yɛn guu afiasedan a nneduafo foforo bɛyɛ 25 gu mu mu. Bere a wohui sɛ yɛankɔ sraadi no, wɔteɛɛm sɛ: “Moyɛ yɛn nuanom!” Nanso, akyiri yi yehui sɛ wɔnyɛ Adansefo, na mmom Baptistfo. Ná wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛkɔ sraadi no, nanso wɔkyeree wɔn bere a wɔpoe sɛ wobeso otuo mu no.

Wɔ May 1945 mu, bere a na yɛda so ara gu Dnipropetrovs’k afiase no, atuotow ne dede a ɛkɔɔ so wɔ asraafo atrae hɔ ne mmɔnten so no nyanee yɛn ɔdasum. Na yenhu sɛ ebia basabasayɛ, akodi, anaasɛ afahyɛ bi na ɛrekɔ so. Bere a ade kyee anɔpa a na yɛredidi no, yɛte fii beae a woyi ti no sɛ: Ɔko no aba awiei! Ɛno akyi bere tiaa bi na wobuaa yɛn asɛm no. Asotwe a wɔde maa yɛn no ara bi na wɔde maa Baptistfo no—na yɛbɛda nneduaban mu mfe du.

Nneduaban Mu Wɔ Russia

Wɔde yɛn Adansefo baanum no kɔɔ nneduaban bi mu wɔ Russia. Awiei koraa no, bere a yɛtraa keteke mu adapɛn abien akyi no, yeduu Sukhobezvodnoje, a ɛda Moscow apuei fam bɛyɛ kilomita 400 no. Ná Sukhobezvodnoje ne nneduaban 32 a ɛwɔ keteke kwan no so no adwumayɛbea ti. Ná nneduafo mpempem pii na ɛwɔ nsraban biara mu. Bere a yedii asram asia wɔ Sukhobezvodnoje no, wɔde me kɔɔ Nsraban a Ɛto so 18 mu. Ná nneduafo a wɔwɔ hɔ no mu pii yɛ nsɛmmɔnedifo anaa wɔn a wɔasɔre atia amammuifo no.

Ná adwuma a mpanyimfo no ma yɛyɛ ne sɛ yebebu nnua, na na ɛyɛ adwumaden ankasa. Ɛtɔ mmere bi a, na ɛsɛ sɛ yɛnantew nsukyenee a ne tenten reyɛ adu yɛn sisi mu de afiri kotwa nnua, na yɛsan twe nnutan no fa nsukyenee no mu ba. Pɛnkoro dapɛn biara, sɛ yedidi wie Kwasida anɔpa a, na minya hokwan ne Adansefo baanan foforo a wɔwɔ ban no mu no bɔ Bible mu nkɔmmɔ. Ná eyi ne yɛn nhyiam. Ná yɛyɛ Nkaedi no nso, na afe bi yɛyɛe wɔ aguaree. Esiane sɛ na yennya bobesa nti, na yɛde anonne foforo bi, blackberry juice, na egyina hɔ ma Yesu mogya no.

Na mete nka kɛse sɛ mayɛ ankonam. Mede me ho too Yehowa so, na ɔno nso hyɛɛ me den sɛnea ɔhyɛɛ Elia den bere a odiyifo no kɔɔ tebea a ɛte saa ara mu no. (1 Ahene 19:14, 18) Onyankopɔn boaa me ma mihui sɛ ɛnkaa yɛn nko. Nokwarem no, na ɔyɛ odum a ɛyɛ den wɔ m’asetram, wɔ tebea a emu yɛ den no mpo mu.

Ná Adansefo kakra wɔ nsraban afoforo a ɛwɔ Sukhobezvodnoje no biara mu, na na yetumi ne wɔn di nkitaho bere ne bere mu denam Ɔdansefo bi a na n’adwuma ma onya kwan kɔsrasra nsraban no nyinaa mu no so. Ná ɔno na odi yɛn ntam akɔneaba, de nhoma no kɔ nsraban ahorow no mu wɔ kokoam. Eyi maa yetumi kyɛɛ nhoma kakra a na yɛwɔ no. Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛno yɛe!

Mesan Kɔɔ Ukraine

Esiane sɛ ɔman no de nnipa pii bɔne kyɛɛ wɔn nti, wɔtew m’afiase nna no so baa mfe anum. Enti, April 1950 no, mesan kɔɔ asafo a mifi mu no mu wɔ Horyhliady. Ná yɛn adwuma no da so ara wɔ anohyeto ase wɔ Ukraine, na na ɛyɛ hu paa sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no. Nanso na mfaso pii nso wɔ so.

Wɔ bere tiaa bi akyi a mebae no, me ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Kozak, a ɔte Zhabokruky, akuraa bi a efi me kurom kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 20, no bɔɔ nkɔmmɔ. Mibisaa no sɛnea asetra te ma ɔne n’abusua. Ná minim sɛ ɛyɛ den ma wɔn a wɔyɛ mfuw nketewa mu adwuma no sɛ wobenya wɔn asetrade, enti na minim sɛ saa asɛmmisa no yɛ ɔkwampa a mɛfa so afi nkɔmmɔbɔ ase. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ Bible ka siei sɛ ɔkɔm ne akodi bɛba wɔ yɛn bere yi mu. (Mateo 24:3-14) Ná ɔpɛ sɛ ohu pii. Enti mekɔsraa no bio. Dapɛn biara, na mitwa bɛyɛ kilomita 20 kɔ Zhabokruky ne Kozak abusua no nkyɛn kosua ade san twa kilomita 20 ba. Me werɛ fii asiane a na ɛwom ne bere pii a egyei no nyinaa bere a Kozak abusua no gyee asubɔ wɔ August 1950 mu no.

Kozak abusua no gyee asubɔ ara pɛ na wotwaa wɔne Adansefo foforo mpempem pii asu. Asraafo a wokurakura atuo betwaa eyinom ho hyiae mpofirim wɔ April 1951 mu, na wotwaa wɔn asu kɔɔ Siberia—a wɔanni wɔn asɛm. Wɔhyɛɛ Kozak abusua no ne me nnamfonom foforo ma wɔde hɔ yɛɛ wɔn fie foforo.a

Adansefo mmusua 15 a na ɛwɔ Horyhliady no mu 4 pɛ na wotwaa wɔn asu. Nanso, na Adansefo a wotwaa wɔn asu wɔ asafo afoforo mu no dɔɔso sen yɛn. Ɔkwan bɛn so na wotumi twaa nnipa pii asu saa? Na atumfoɔ no wɔ Adansefo no din, enti wotumi kyekyeree wɔn mu pii a wobetumi. Ɛte sɛ nea wɔkyerɛw din no wɔ 1950 mu, bere a na meda so ara da afiase wɔ Russia no, enti na me din nka ho. Ɛrebɛka dapɛn biako ama wɔatwa wɔn asu, wɔ March 1951 mu no, mewaree Fenia, Yehowa somfo nokwafo bi. Wotwaa Fenia abusuafo nyinaa asu, nanso ɔno de, wɔantumi ankyere no esiane sɛ na maware no na wafa me din a na ɛnka nea atumfoɔ no akyerɛkyerɛw ho no nti.

Gyidi Ho Sɔhwɛ a Emu Yɛ Den

Bere a wotwaa wɔn asu akyi no, na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛaka no fi ase yɛ adwuma no ho nhyehyɛe bio. Wɔsrɛɛ me sɛ menhwɛ asafo ahorow a ɛwɔ Ivano-Frankivs’k mantam a ɛbɛn yɛn mu no so, baabi a ɛmfa ho sɛ wɔatwa ebinom asu no, na Adansefo 30 wɔ asafo 15 no mu biara mu no. Esiane sɛ na meyɛ duadwumfo a m’ankasa meyɛ m’adwuma nti, na mewɔ bere, enti na me ne asafo biara mu anuanom hyiam pɛnkoro ɔsram biara wɔ kokoam.

Mpɛn pii no, na yehyiam anadwo wɔ amusiei, baabi a na yenim yiye sɛ obiara renhu yɛn no. Ade titiriw a na yesusuw ho ne ɔkwan a yɛbɛfa so ahwɛ ahu sɛ asafo ahorow no nyinaa wɔ Bible ho nhoma bi. Ná yɛn nsa ka Ɔwɛn-Aban a ɛba foforo bere ne bere mu wɔ Poland anaasɛ Romania kasa mu na yɛakyerɛ ase akɔ Ukraine kasa mu. Nanso, na atumfoɔ no tetɛw yɛn bere nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobehu afiri dedaw a yɛde tintim nsɛmma nhoma no asɛe no.

Nanso na yɛn haw a ɛsen biara ne sɛ yɛatew yɛn ho afi yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ nsase foforo so ho, a na wɔn a wɔka ho ne wɔn a wɔwɔ Brooklyn, New York, a na wodi yɛn Kristofo adwuma no anim no. Nea efii mu bae ne sɛ bere nyinaa na mpaapaemu, huhuhuhu, ne nnaadaasɛm wɔ yɛn asafo ahorow no mu. Adansefo no bi gyaee ahyehyɛde no kɔtew akuw a wɔde bɛsɔre atia yɛn. Wɔkekaa atosɛm a ɛmfata mpo faa wɔn a wodi anim wɔ Brooklyn no ho.

Enti, yɛn mu pii hui sɛ yɛn gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den no mfi ɔtaa a asɔretiafo de ba, na mmom, ntawntawdi a ɛwɔ asafo ahorow mu no. Ɛwom sɛ ebinom pawee sɛ wɔne yɛn nsom bio de, nanso yehui sɛ ɛho hia sɛ yɛbɛkɔ so ne ahyehyɛde no abɔ anan na yɛatwɛn Yehowa ma wasiesie nneɛma. Anigyesɛm ne sɛ saa pɛpɛɛpɛ na Adansefo a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ no mu dodow no ara yɛe. Mede anigye nso ka sɛ wɔn a wofii ahyehyɛde no mu no mu dodow no ara huu wɔn mfomso, na wɔsan bɛsom Yehowa.

Wɔ mmere a na aka yɛn nkutoo a na emu yɛ den mpo mu no, yɛkɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no denneennen, na yenyaa nhyira pii. Na hwɛ akatua ara a yɛanya! Bere biara a mɛkɔ Asafo Nhoma Adesua nnɛ no, mekae Yehowa nhyira ahorow no. Nnipa 20 anaa nea ɛboro saa a wɔwɔ yɛn asafo no mu no biara yɛ nea m’abusuafo na wɔboaa wɔn ma wohuu nokware no.

M’awofo ne me nuabea Anna nyinaa awuwu, na wodii Yehowa nokware kosii owu mu. Me ne Fenia da so ara yɛ nea yebetumi biara wɔ Yehowa som mu. Ɛbere abɛsen ntɛmntɛm. Wɔ mfe 30 a abɛsen kɔ mu no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Ukraine ahyia nsɛm a ɛyɛ nwonwa a mintumi nka ho asɛm wɔ kyerɛwtohɔ tiawa yi mu. Nanso sɛ mede anigye hwɛ mfe pii a mede asom Yehowa no a, minya ahotoso sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ odum ama me, efisɛ ɔka fa ne ho sɛ: “Mene Yehowa; mensakra.”—Malaki 3:6, NW.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ nsɛm “Kɔmunisfo Baraa Yɛn Bɛboro Mfirihyia 40,” a ɛwɔ March 1, 1999, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 24-9, ne “Wotwa Yɛn Asu Kɔ Siberia!,” a ɛwɔ May 8, 1999, Nyan! nkratafa 16-21 no.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Me ne Fenia wɔ 1952 mu

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Me ne Fenia nnɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena