Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 12/8 kr. 20-25
  • Sɛnea Onyankopɔn Hyɛɛ Me Den Ma Migyinaa Sɔhwɛ Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Onyankopɔn Hyɛɛ Me Den Ma Migyinaa Sɔhwɛ Ano
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Apere a Midii sɛ Minnyina Ɔfã Biara
  • M’afiasenna
  • Ntotoe a Romafo Ti 13 De Bae
  • Sum Ase Dwumadi Ahorow
  • Ɔyepa
  • Nsɛm a Asisi Nnansa Yi
  • Nea Ehia Me Titiriw—Sɛ Mɛkɔ So Adi Nokware
    Nyan!—2000
  • Bɔhyɛ a Masi Me Bo sɛ Medi So
    Nyan!—1998
  • Gyidi a Minyae Wɔ Katabaako Nniso Ase
    Nyan!—2000
  • Wɔn a Sovietfo Taa Wɔn Kɛse
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 12/8 kr. 20-25

Sɛnea Onyankopɔn Hyɛɛ Me Den Ma Migyinaa Sɔhwɛ Ano

SƐNEA STEPAN KOZHEMBA KA KYERƐE

Da bi anadwo wɔ April 1951 no, lorry ahorow a Soviet asraafo ayɛ mu mã baa Ukraine akuraa Stenyatyn ase. Asraafo a wokurakura atuo twaa afie pɔtee bi ho hyiae kyekyee Yehowa Adansefo mmusua a wɔwom nyinaa na wɔde wɔn kɔɔ Siberia. Sɛ́ abofra ɔsɛmpɛfo a na madi mfe 12 no, misusuw nea enti a wɔne wɔn dii saa kwan no so ne nea ɛyɛe a wotumi gyinaa amanehunu a ɛte saa ano no ho.

WƆWOO me wɔ Stenyatyn akuraa ase wɔ October 1938 mu. Maame wui wɔ m’awo akyi adapɛn abien, na wokum Paapa wɔ 1944 mu bere a na ɔne Soviet asraafo no reko atia Germany no. Me sewaanom, Olena ne Anna, bɛfaa me kɔhwɛɛ me.

Bere a na meyɛ abarimaa no, na minim Yehowa Adansefo pii wɔ yɛn kurom hɔ. Bere biara a na wonya hokwan no, na wɔka Mesia Ahenni ho asɛm kyerɛ me ne afoforo. Bere bi akyi no, me ne Adansefo mmofra no bi bɛyɛɛ nnamfo. Bere a Soviet asraafo bɛfaa wɔn twaa wɔn asu kɔɔ Siberia no, me ho dwiriw me yiye.

Nanso ɛnyɛ Adansefo no nyinaa na wotwaa wɔn asu. Wɔankyere Stepan, Dansefo a na ɔte bɛn me fie no bi, esiane sɛ na n’abusuafo nyɛ Adansefo nti. Ná ɔkyɛn me mfe asia, na bere a miwiee sukuu no, me ne no yɛɛ adwuma sɛ duadwumfo. Ɔnam Ɔwɛn-Aban dodow biara a ɔwɔ no so ne me suaa Bible no. Stepan, a mprempren ɔsom nokware Nyankopɔn, Yehowa, wɔ Estonia no, ani gyei bere a wɔbɔɔ me asu wɔ July 1956 mu no.

Ná wɔsɔre tia Yehowa asomfo a wɔwɔ Ukraine no bere nyinaa. Ná asraafo no hwehwɛ afie afie mu sɛ wobehu Bible ho nhoma ahorow, enti na mewɔ mmeae pii a mede me nhoma sie. Me sewaanom Olena ne Anna, a na wɔyɛ Greek Katolekfo, no ani annye ho sɛ me ne Adansefo no rebɔ. Wɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ wɔbɛhyɛ me ma me ne wɔn agyae fekubɔ. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, ɛtɔ mmere bi a, na mete nka sɛ ‘maba nhyɛso a ɛboro me so ase.’ Nanso abusuabɔ a na me ne Yehowa Nyankopɔn wɔ no hyɛɛ me den maa migyinaa sɔhwɛ biara ano.—2 Korintofo 1:8; Filipifo 4:13.

Apere a Midii sɛ Minnyina Ɔfã Biara

Ná wɔhyɛ aberante biara a wadi mfe 18 no ma ɔde ne ho hyɛ Soviet sraadi mu. Esiane Bible mu nimdeɛ a na manya nti, misii me bo sɛ ɛdefa wiase nsɛm ho no, minnyina ɔfã biara, a na ɛno kyerɛ sɛ merenkɔ Soviet sraadi no. (Yesaia 2:4; Yohane 17:14-16) Olena ne Anna hyɛɛ me nkuran sɛ menkɔ sraadi no, ɛmfa ho mpo sɛ wokum wɔn ankasa nuabarima, me papa, wɔ ɔko mu no.

Bere a me nsa kaa krataa a ɛkyerɛ sɛ memmra sraadi no, mekɔɔ asraafo adwumayɛbea ti hɔ wɔ beae a yɛwɔ no kɔkyerɛkyerɛɛ me gyinabea mu. Wɔkyeree me ntɛm ara de me too afiase, na wosiesiee nsɛm a wɔde bɛbɔ me sobo. Ɔmamfo anhu bere a wɔde dii m’asɛm; wɔanka ho asɛm ankyerɛ me sewaanom mpo. Midii ɔtemmufo no, atɛnyifo no, ne asɛnni baguafo baanu, no adanse fefeefe. Biribiara baa awiei simma 20 mu. Wɔde me too afiase mfe anum, na wɔmaa me mfe anum foforo a emu no, mɛhwere hokwan ahorow bi a mewɔ sɛ ɔman ba no.

M’afiasenna

Bere a wodii m’asɛm wiei no, wɔde me too afiase wɔ Lviv. Bere a wɔkyeree me no akyi asram abiɛsa kosi bere a wɔde me kɔtoo adwumayɛban mu no, mannya Kristofo fekubɔ, na mannya Bible ne Bible ho nhoma biara. Nanso, mekɔɔ so yɛɛ den wɔ honhom fam denam mfɛfo nneduafo a na wɔnte nea enti a mankɔ sraadi no ase a midii wɔn adanse no so. Wɔ saa asram no mu no, kokoam adesua a na meyɛ ansa na wɔde me reto afiase no na ɛboaa me. Saa suahu no kyerɛɛ me asuade kɛse bi: Kokoam Bible adesua boa yɛn ma yɛn ani da hɔ wɔ honhom mu, na ɛwowaw yɛn bere a yɛakɔ sɔhwɛ mu no.—Yohane 14:26.

Wɔ April 1958 no, wɔde me kɔɔ adwumayɛban a ɛto so 21, a ɛbɛn Dnepropetrovsk, a efi fie rekɔ hɔ bɛboro kilomita 700, no mu sɛ menkɔtoa m’afiasenna no so. Ɛhɔ no, na yɛsɔre anɔpa 6:00, na sɛ yedidi wie a, wɔasesaw yɛn agu lorry mu de yɛn akɔ yɛn adwumam, a efi adwumayɛban no mu rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 50 no. Ná yɛyɛ adwuma nnɔnhwerew awotwe wɔ beae bi a wɔresi adan, na afei wɔde yɛn asan aba fie abɛda.

Ná baabi a yɛda no yɛ asraafo atrae a ɔdan biara fa nneduafo bɛyɛ ɔha. Ná aduan no nye, na na ɛhɔ asetra nye koraa; nanso anyɛ yiye koraa no, na mfɛfo Adansefo baanu ka me ho wɔ baabi a mete no. Yɛn mu biara bɔɔ mmɔden kɛse sɛ yɛbɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. Eyi yɛ ɔkwan foforo a Yehowa fa so hyɛ n’asomfo den wɔ ahokyere bere mu—ɛdenam mfɛfo gyidifo fekubɔ so.—2 Korintofo 7:6.

Adansefo a na wɔwɔ ban no mu nyinaa yɛ 12. Ná wɔn mu binom wɔ abusuafo a wɔde Ɔwɛn-Aban hyɛ nnuan mu brɛ yɛn. Ná awɛmfo no bue boaa dodow no ara so hwɛ nneɛma a ɛwom ansa na wɔde abrɛ yɛn. Nanso nea ɛbɛyɛ na asraafo no nhu Ɔwɛn-Aban no, na anuanom de rɔba kyekyere ho de hyɛ jam kankyee mu, na na awɛmfo no nhaw wɔn ho mmue so. Sɛ yɛn nsa ka Ɔwɛn-Aban no a, na yɛhwɛ so kyerɛw bi kyekyɛ ma yɛn ho.

Yɛyɛɛ nea yebetumi nyinaa nso de kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no, na Yehowa hyiraa yɛn mmɔdenbɔ so. Sɛ nhwɛso no, mibehuu deduafo bi a wɔfrɛ no Sergei, a na ɔyɛ adwuma sɛ sika sohwɛfo wɔ ɔman adwuma bi mu wɔ Ukraine apuei fam. Bere a wohuu sɛ sikadi bi akɔ so wɔ n’adwumam no, wɔde ho asodi too no so, na wɔde no too afiase mfe du. Adansefo a wɔwɔ afiase hɔ no pii de nsɛmma nhoma biara a wɔwɔ ne no suaa ade. Sergei yɛɛ ho biribi na awiei koraa no, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ woyi me fi ban yi mu a, mepɛ sɛ wɔbɔ me asu sɛ Yehowa Dansefo!” Nea ɛne n’asɛm no hyia no, wɔbɔɔ Sergei asu bere a woyii no akyi bere tiaa bi na ɔde nokwaredi som Yehowa kosii wu mu.

Ntotoe a Romafo Ti 13 De Bae

Woyii me fii afiase wɔ January 1963 mu, na mesan kɔɔ m’akuraa Stenyatyn ase. Mihui ntɛm ara sɛ biribi atoto wɔ Sokal asafo no mu. Ná asɛm kɛse bi asɔre wɔ anuanom ntam. Ná ɔhaw no ne dɛn? Dɛn na ɛde sakasakayɛ yi bae?

Ná Soviet atumfo no de mfe pii abɔ mmɔden sɛ wɔde mpaapaemu bɛba Yehowa nkurɔfo mu denam anuanom a wɔkyeree wɔn kobisabisaa wɔn nsɛm ne ka a na wɔka kyerɛ wɔn sɛ Adansefo no redi United States, Amerika atirimpɔw ho dwuma no so. Mpanyimfo no kamfo kyerɛe sɛ Adansefo a wɔwɔ Soviet Union no ntew wɔn nkutoo ahyehyɛde, na wɔde kaa ho sɛ sɛ wɔyɛ saa a, ɛnde asomdwoe betumi aba wɔne Ɔman no ntam, na wɔagyae wɔn ma wɔasom wɔn a wɔntaa wɔn. Mpanyimfo no kaa adɛfɛdɛfɛsɛm yi nyinaa.

Afei wɔde Romafo ti 13 no ho ntease foforo baa November 15, 1962, Ɔwɛn-Aban a akyiri yi epuee July 1, 1964 de mu wɔ Ukraine kasa mu no mu. Ebesi saa bere no, na yɛte asɛm “atumfoɔ a wɔkorɔn” a ɛwɔ nkyekyem 1 no ase sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo, nanso Ɔwɛn-Aban no kae sɛ wɔn a “atumfoɔ a wɔkorɔn” no gyina hɔ ma ankasa ne asase so nniso ahorow no, ɛne sɛ “Onyankopɔn na ɔde wɔn asisi wɔn gyinabea.”—Romafo 13:1, NW.

Ɛyɛɛ den maa Adansefo no binom sɛ wobegye nsakrae foforo yi adi, efisɛ na asase so nniso no akannifo a wɔwɔ Soviet Union ayɛ wɔn ayayade de abɔ mmɔden sɛ wobeyi Onyankopɔn nokware som afi hɔ. Enti, saa Adansefo yi susuwii sɛ Ɔwɛn-Aban a ntease foforo no wom no mfi Yehowa Adansefo ahyehyɛde no ankasa hɔ. Mmom no, wosusuwii sɛ wɔn a wɔne atumfoɔ no yɛ adwene no na wɔaka saa nsɛm no na ama Adansefo no akyerɛ obu kɛse ama Soviet Man no.

Enti na ɛsɛ sɛ Yehowa somfo biara a ɔwɔ Ukraine no hu asɛmmisa yi ho mmuae, Kuw bɛn na ɛteɛ, na kuw bɛn na ɛnteɛ? Mehwɛɛ Adansefo a wɔregye akyinnye no na mibisaa me ho sɛ, ‘Atirimpɔw bɛn na wokura?’ Ankyɛ na nsonsonoe a ɛda afanu no ntam daa adi pefee.

Yehowa Adansefo dodow no ara pɛe sɛ wɔbɛkɔ so adi Yehowa ne n’ahyehyɛde no nokware, ɛwom sɛ na wɔn mu binom ntee Romafo ti 13 ho nkyerɛkyerɛmu foforo no ase nwiei de. Nanso, na afoforo nso adwenem yɛ wɔn naa sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow a ɛba saa bere no mfi Yehowa Adansefo ahyehyɛde no ankasa hɔ. Saafo no nso nyaa adwene a ɛmfata wɔ nsɛm ahorow ho. Sɛ nhwɛso no, wɔtee nka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ ɔbea a wɔreyɛ no ayeforo bɛhyɛ ataade fitaa, na ɛyɛ mfomso nso sɛ awarefo bɛhyɛ ayeforohyia kawa. Ankorankoro bi fii ahyehyɛde no mu. Nanso, bere bi akyi no, wɔn mu binom huu wɔn mfomso na wɔsan bɛsom Yehowa.

Sum Ase Dwumadi Ahorow

Ɛwom sɛ na wɔabara yɛn Kristofo dwumadi no de, nanso bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, na yɛkyekyɛ yɛn ho mu yɛ no akuw a nnipa 10 kosi 15 wɔ ebiara mu yɛ nhyiam ahorow dapɛn biara. Yenyaa honhom fam denhyɛ fii nhyiam ahorow no mu, wɔ Bible adesua ne adesua akyi fekubɔ nyinaa mu. Ná obiara ka ne suahu, na eyi boaa yɛn maa yehui sɛ apere koro no ara na yɛn mu biara redi. Yɛde ɔsomafo Petro asɛm no too yɛn koma so: “Amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.”—1 Petro 5:9.

Ná yɛde yɛn nkɔmmɔbɔ no gyina Ɔwɛn-Aban mu nsɛm ahorow so. Ɔkwan bɛn so na na yɛn nsa fa ka nsɛmma nhoma no? Ná Adansefo a wɔsom sɛ asomafo de nsɛmma nhoma a ɛwɔ mfoninitwa afiri so twa hye no kɔ Ukraine. Ná yɛde film ahorow no fa akwan pɔtee bi so kɔma Adansefo no, na wɔn nso atintim bi ama wɔn asafo ahorow. Ɛtɔ mmere bi a, na meboa ma wotintim nsɛmma nhoma yi. Ná meyɛ adwuma da mu nyinaa, na edu anadwo a, na mebɔ hyew wɔ Yehowa adwuma mu tintim nsɛmma nhoma yɛ nneɛma afoforo nso. Ná ɛyɛ den sɛ medi nhyehyɛe no so, nanso na yɛn a asɛyɛde hyehyɛ yɛn nsa wɔ ahyehyɛde no mu no nim sɛ Yehowa “na ɔma nea wabrɛ otumi.”—Yesaia 40:29.

Yɛhwehwɛɛ hokwan ahorow a yɛde bɛka Bible mu asɛm akyerɛ nnipa a yehyia wɔn no. Yɛn mu pii yɛɛ saa bere a yɛte kar mu retu kwan no. Ɔkwan biako a na yɛtaa fa so fi nkɔmmɔbɔ ase ne sɛ yɛbɛkenkan atesɛm krataa na afei yɛaka asɛm a aba foforo ho asɛm tiawa akyerɛ obi a ɔte yɛn nkyɛn wɔ kar no mu no. Sɛ yefi nkɔmmɔbɔ ase saa a, na yɛde kowie Bible mu asɛm so. Yɛnam saa kwan yi so trɛw asɛmpa no mu wɔ beae a yɛte no.

Ɔyepa

Wɔ 1965 mu no, mewaree Tamara, a wɔtetee no sɛ nokware Nyankopɔn no somfo, a na onim sɛnea n’ankasa begyina ne gyidi ho sɔhwɛ ano no. Ná wɔakyere ne nuabarima Sergei adi n’asɛm mprɛnsa esiane n’adwuma sɛ Ɔdansefo nti. Nea etwa to koraa no, wohuu Ɔwɛn-Aban no bi wɔ ne ho, na wɔde no too afiase mfe du. Asraafo bɛfaa Tamara nso kɔɔ wɔn adwumayɛbea ti hɔ kobisabisaa no nsɛm hunahunaa no sɛ wɔde no bɛto afiase.

Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebenya baabi atra wɔ yɛn aware no akyi, nanso abusua bi a na wɔte Sokal a wɔda adamfofa su adi kyerɛ Adansefo no maa yɛn ɔdan ketewa bi wɔ wɔn fie a na ne bo wɔ fam. Abusua no maa yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ ɛba sɛ wɔkyere me de me to afiase bio a, Tamara betumi akɔ so atra fie hɔ. Me ne me yere kyerɛɛ anisɔ maa Yehowa wɔ ne nhyira ahorow ho, ɛne abusua no wɔ wɔn ayamye no ho. Akyiri yi, bere a abusua no muni bi wui no, Tamara de hokwan no kyerɛkyerɛɛ owusɔre ho anidaso no mu kyerɛɛ wɔn babea, Galina. Bible ho nokware aba a ogui no sow aba, na Galina nyin bɛdɔɔ yɛn Bɔfo no. Wɔbɔɔ no asu na ɔne ne kunu som Yehowa mprempren.

Wɔ 1970 mfe no mu no, na mitu kwan dapɛn awiei dodow no ara kɔ Ukraine mmeae ahorow ne Moldavia (Moldova) ne Carpathian Mmepɔw so, kohyia wɔn a wodi anim wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no hyɛ wɔn nkuran. Mpɛn pii no, na mifi fie Fida anwummere na masan aba Kwasida anadwo. Ná Tamara nnim baabi a mekɔ na ɛtɔ mmere bi mpo a, na ontumi nhu sɛ mɛsan aba a. Saa tebea yi kɔɔ so mfe pii. Metumi aka sɛ nea Bible ka fa ɔyepa ho no yɛ nokware: “Ne bo sen nhene pa koraa.”—Mmebusɛm 31:10.

Saa mmere no, na asiane wɔ dwuma biara a Yehowa Adansefo di mu. Yehowa ahoɔden nkutoo na na ɛma yetumi yɛ nneɛma. Mihyiaa tebea a emu yɛ den mpɛn pii a na minnim nea menyɛ. Enti na mebɔ mpae komm de me ho to Yehowa so hwehwɛ n’ahoɔden. Ná saa na yɛyɛ daa.—Asomafo no Nnwuma 4:29.

Nsɛm a Asisi Nnansa Yi

Bere kɔɔ so no, nneɛma mu gow maa Yehowa asomfo a wɔwɔ Ukraine no. Ɔtaa no brɛɛ ase, na sɛ́ anka wɔde wɔn begu afiase no, na wɔbɔ wɔn ka mmom. Wɔ 1980 mfe no mu no, atumfoɔ no begye toom sɛ Yehowa Adansefo yɛ amanaman ntam ahyehyɛde ankasa. Enti, sɛ na wɔde Adansefo no gu afiase wɔ Ukraine ne Soviet Union man foforo mu a, na Ɔman no resɛe ne din wɔ amannɔne. Mekae sɛ ɔpanyin bi bisabisaa me nsɛm na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yɛahu seesei sɛ nyamesom nyɛ biribi bɔne. Nea ehia ne sɛ nyamesom kuw bi renhaw Ɔman no.”

Wofii ase buee Europa Apuei fam ahye no wɔ 1980 mfe no awiei, na efi saa bere no, yɛanya ahofadi kɛse wɔ Ukraine. Wɔ 1991 mu no, wogyee yɛn asɛnka adwuma no toom wɔ mmara kwan so. Afei, wɔ September 1998 no, Ɔwɛn Aban Asafo no sii baa dwumadibea wɔ Lviv. Wɔ 1999 mfiase no, wofii ase sii baa dwumadibea foforo a ɛbɛfa adwumayɛfo bɛboro 170. Mprempren, adawurubɔfo bɛboro 112,000 na wɔrenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ Ukraine, na nnipa bɛboro 250,000 na wɔkɔɔ afe 2000 Nkaedi no. Nea ɛyɛ anigye sen biara ne mmerante ne mmabaa dodow a wɔwɔ yɛn mu no. Wɔ nhyiam bi a yɛyɛe wɔ Kiev wɔ 1991 ase no, atesɛm krataa ho sɛnkyerɛwfo bi bisaa me sɛ:

“Ɛhe na saa nnipa yi nyinaa fi? Ná misusuw sɛ Adansefo nni Soviet Union, na mpofirim ara mpempem pii na wɔwɔ ha!”

Meka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛamma mpofirim kɛkɛ. Yɛasom Yehowa wɔ ha mfe pii.”

Obisae sɛ: “Ɔkwan bɛn so na mofa twetwe mmerante ne mmabaa ba mo som no mu?”

“Ɛbɛyɛ papa sɛ wubebisa wɔn ankasa. Ma wɔn ankasa nka nea enti a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no nkyerɛ wo.”

Sɛnkyerɛwfo no kae sɛ: “Mayɛ saa dedaw. Wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔn ani gye ho.”

Mede kaa ho sɛ: “Ɛnde ɛno nti a. Sɛ saa na yɛn mmerante ne mmabaa no ka a, ɛnde na nkyerɛkyerɛmu no ara nen.”

Ɛnyɛ mmerante ne mmabaa nko na wɔn ani gye wɔ Yehowa som mu. Sɛ yɛde bom a, me ne Tamara asom no bɛboro mfe 80, na yɛmpɛ sɛ yɛde biribi bɛsesa yɛn gyidi da. Ɛwom sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo de, nanso yɛda so ara wɔ ɔhaw ahorow. Yenim sɛ bere tenten a nhyehyɛe dedaw yi kɔ so tra hɔ no, obiara bɛkɔ so ahyia nsɛnnennen. Nanso wɔasiesie yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano sen asase so kuw biara. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so agyina sɔhwɛ ahorow ano sɛnea yɛayɛ no mmere a atwam no, wɔ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa, no ahoɔden mu. Yɛte nka te sɛ Mose bere a ɔtoo nkonimdi dwom yi no: “M’ahoɔden ne me dwonto ne Yah, na wayɛ me nkwagye.”—Exodus 15:2.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Me ne mfɛfo Adansefo a yɛwɔ adwumayɛban a ɛto so 21 mu

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Film a na Ukraine kasa mu “Ɔwɛn-Aban” no wɔ so (ne kɛse ankasa)

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Me ne me yere Tamara

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

Baa dwumadibea foforo a wɔresi wɔ Lviv no mfonini

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Dɛn nti na mmerante ne mmabaa pii som Yehowa wɔ Ukraine saa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena