Komunisfo Baraa Yɛn Bɛboro Mfirihyia 40
SƐNEA MIKHAIL VASILEVICH SAVITSKII KA KYERƐE
April 1, 1956, Ɔwɛn-Aban no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔde “asutwa kɛse” baa Yehowa Adansefo so wɔ April 1, 7, ne 8, 1951 mu. Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Eyi yɛ mmere a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Russia no werɛ remfi da. Wɔ saa nnansa yi mu no, wɔde Yehowa Adansefo—mmarima ne mmea a wɔboro mpem ason a wɔwɔ Ukraine Atɔe fam, White Russia [Belarus], Bessarabia, Moldavia, Latvia, Lithuania ne Estonia a wohui nyinaa . . . guu nteaseɛnam nketewa mu, de wɔn kɔɔ keteke gyinabea ahorow, na wɔde wɔn guu nantwi kar mu kɔɔ akyirikyiri.”
WƆ April 8, 1951 mu no, wɔfaa me yere, me babarima a wadi asram awotwe, m’awofo, me nuabarima kumaa, ne Adansefo afoforo pii fii wɔn afie a ɛwɔ Ternopol’, Ukraine, ne mmeae a ɛbemmɛn hɔ no. Bere a wɔde wɔn guu nantwi kar mu no, wɔde wɔn twaa kwan bɛyɛ adapɛn abien. Awiei koraa no, wɔde wɔn koguu Siberia kwae a ɛwɔ Baikal Ɔtare no atɔe fam no mu.
Dɛn nti na na menka asutwa yi ho? Ansa na mɛka faako a na mewɔ ne nea ɛtoo yɛn wɔ ɛno akyi nyinaa ho asɛm no, ma menka wo sɛnea ɛyɛe a mebɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako.
Bible Mu Nokware no Du Yɛn Nkyɛn
Wɔ September 1947 mu, bere a na madi mfe 15 pɛ no, Yehowa Adansefo baanu bi baa yɛn fie wɔ Slaviatin akuraa ketewa bi a efi Ternopol’ kɔ hɔ no bɛyɛ kilomita 50 no ase. Bere a me ne me Maame traa ase tiee mmabaa no—a na wɔn mu biako de Maria no—mihui sɛ ɛnyɛ ɔsom foforo ara kɛkɛ. Wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn gyidi mu na wobuaa yɛn nsɛmmisa a efi Bible mu no wɔ ɔkwan a ntease wom so.
Na migye tom sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm, nanso na asɔre no adi me huammɔ. Na me nanabarima taa ka sɛ: “Asɔfo de hellgya mu ayayade ho asɛm hunahuna nkurɔfo, nanso asɔfo no ankasa nsuro hwee. Wɔdaadaa ahiafo na wosisi wɔn kɛkɛ.” Mekae sɛnea wɔyɛɛ Polandfo a na wɔwɔ yɛn akuraa hɔ no basabasa na wɔhyew wɔn wɔ Wiase Ko II no mfiase no mu. Nea ɛyɛ ahodwiriw no, Greece Katolek asɔfo a wɔwɔ Apuei fam no na wɔde saa ntua no bae. Eyi akyi no, mihuu nnipa pii a wokunkum wɔn no, na na me ho pere me sɛ mehu nea ɛde atirimɔdensɛm a ɛte saa no bae.
Bere a me ne Adansefo no suaa Bible no, mebɛtee ase. Misuaa Bible mu mfitiase nokware, a nea ɛka ho ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ hellgya a ɛredɛw biara nni hɔ, na Satan Ɔbonsam de atoro som di dwuma de kanyan ɔko ne mogyahwiegu. Wɔ bere ne bere mu no, na migyina bere a mereyɛ kokoam adesua no, na mifi koma mu bɔ mpae da Yehowa ase wɔ nea meresua no ho. Mifii ase kaa Bible mu nokwasɛm yi ho asɛm kyerɛɛ me nua kumaa Stakh, na bere a ogye toom no, m’ani gyei yiye.
Nea Misuae no a Mede Di Dwuma
Mihuu hia a na ɛho hia sɛ meyɛ nsakrae, na migyaee sigaretnom ntɛm ara. Mesan huu hia a na ɛho hia sɛ me ne afoforo hyiam daa ma Bible adesua a na wɔayɛ ho nhyehyɛe no. Nea ɛbɛyɛ na matumi ayɛ saa no na mitwa bɛyɛ kilomita 10 fa kwae mu kɔ kokoam baabi a na yehyiam no. Sɛ ɛtɔ mmere bi a na mmea kakraa bi pɛ na wotumi ba nhyiam no, na wɔka sɛ menhwɛ adesua no so, ɛwom mpo sɛ na memmɔɔ asu de.
Na ɛyɛ asiane kɛse sɛ obi bekura Bible ho nhoma, na sɛ wɔkyere wo a wobetumi de wo ato afiase bɛyɛ mfe 25. Ne nyinaa mu no, na mepɛ sɛ minya m’ankasa me nhomakorabea. Na yɛn afipamfo no mu biako ne Yehowa Adansefo asua ade, nanso ehu nti, ogyaee de ne nhoma no kɔhyɛɛ fam wɔ n’afuw mu. Hwɛ sɛnea medaa Yehowa ase bere a ɔbarima no penee so kotuu ne nhoma ne ne nsɛmma nhoma ahorow nyinaa de maa me no! Mede kosiee me Papa nnowa dan mu, baabi a obiara adwene renkɔ so sɛ ɔbɛhwehwɛ hɔ.
Mihyiraa me nkwa so maa Yehowa wɔ July 1949 mu, na wɔbɔɔ me asu de yɛɛ m’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Na ɛyɛ anigye da kɛse wɔ m’asetra mu. Ɔdansefo a ɔhwɛɛ kokoam asubɔ no so no sii so dua sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛyɛ nokware Kristoni efisɛ sɔhwɛ ahorow pii wɔ yɛn anim. Ankyɛ koraa na mihui sɛ n’asɛm no yɛ nokware! Nanso, mifii ase nyaa anigye wɔ m’asetra mu sɛ Ɔdansefo a wɔabɔ me asu. Wɔ m’asubɔ akyi asram abien no, mewaree Maria, wɔn a wɔmaa me ne me Maame huu nokware no mu biako.
Me Sɔhwɛ a Edi Kan no Bae Mpofirim
Wɔ April 16, 1950 mu no, na mefi Podgaitsi akuraa ketewaa bi ase rekɔ fie na asraafo hyiaa me mpofirim, na wohuu Bible nhoma bi a na mede rekɔ yɛn nhoma adesua kuw no wɔ me ho. Wɔkyeree me. Wɔ nna a edi kan a wɔde me too afiase no, wɔkaa me mpire, na wɔamma mannidi na wɔamma manna. Wɔmaa me de me nsa guu me ti dii kotosɔre mpɛn ɔha a ɔbrɛ nti mantumi anwie. Eyi akyi no, wɔde me hyɛɛ ɔdan bi a emu yɛ fɔkyee nwininwinwini mu nnɔnhwerew 24.
Nea enti a wɔyɛɛ me ayayade ne sɛ wɔbɛma mayɛ mmerɛw na ama wɔatumi anya nsɛm bi afi me hɔ. Wobisae sɛ: “Wunyaa nhoma no fii he, na wode rekɔma hena?” Mankasa. Afei wɔkenkan mmara no fa bi a wobegyina so adi m’asɛm kyerɛɛ me. Ɛkae sɛ nhoma a ɛkasa tia Soviet a obi bɛkyekyɛ anaasɛ ɔde bɛhyɛ ne ho bɛma wɔatumi akum no anaasɛ wɔde no ato afiase mfe 25.
Wobisae sɛ: “Asotwe bɛn na wopɛ sɛ yɛde ma wo?”
Mibuae sɛ: “Mempɛ biara, nanso mewɔ Yehowa mu ahotoso, na ne mmoa nti, mɛpene biribiara a ɔma ho kwan no so.”
Nea ɛyɛɛ me nwonwa no, wɔ nnanson akyi no, wogyaee me. Saa osuahu no maa migyee nokwasɛm a ɛwɔ Yehowa bɔhyɛ mu no toom sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.”—Hebrifo 13:5.
Bere a miduu fie no, meyaree denneennen, nanso Paapa de me kɔɔ ɔyaresafo bi hɔ, na ankyɛ na me ho tɔɔ me. Ɛwom mpo sɛ na Paapa ne abusua no mufo a aka no nni ɔsom ho gyidi biako de, nanso ɔboaa yɛn wɔ yɛn som mu.
Afiasenna ne Nnommumfa Mu Kɔ
Wɔ asram bi akyi no, wɔhyɛɛ sɛ memfa me ho nhyɛ asraadi mu wɔ Soviet. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛne m’ahonim nhyia. (Yesaia 2:4) Nanso, wɔ February 1951 mu no, wobuu me atɛn de me kɔtoo afiase mfe anan wɔ Ternopol’. Akyiri no, wɔde me kɔɔ afiase foforo mu wɔ L’viv, kurow kɛse a na ɛwɔ akyirikyiri bɛyɛ kilomita 120 no. Bere a mewɔ afiase hɔ no, metee sɛ wɔatwa Adansefo pii asu kɔ Siberia.
Wɔ 1951 ahohuru bere mu no, wɔde yɛn kɔɔ Siberia akyi sɛ ekuw, wɔ Apuei Fam Akyirikyiri. Yetwaa kwan bɛyɛ ɔsram biako—twaa bɛyɛ kilomita 11,000—faa mmeae 11 a ɛsono emu biara bere! Wɔ nea ɛboro adapɛn abien a wɔde yɛn traa keteke mu no, pɛnkoro pɛ na wogyina ma yeguaree. Na ɛno yɛ ɔmanfo aguaredan kɛse bi a ɛwɔ Novosibirsk, Siberia.
Ɛhɔ no, metee sɛ ɔbarima bi teɛɛm wɔ nneduafo dɔm kɛse no mu sɛ: “Hena na ɔwɔ ha a ɔyɛ Yonadab abusua no muni?” Wɔde asɛmfua “Yonadab” no gyina hɔ ma wɔn a wɔwɔ daa nkwa ho anidaso wɔ asase so no. (2 Ahene 10:15-17; Dwom 37:11, 29) Ntɛm ara na nneduafo no mu pii daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Adansefo. Hwɛ anigye ara a yɛde kyiakyiaa yɛn ho yɛn ho!
Honhom Mu Dwumadi Wɔ Afiase
Bere a yɛwɔ Novosibirsk no, yegyee asɛmfua bi a sɛ yedu baabi a wɔde yɛn rekɔ no a yɛde behu yɛn ho yɛn ho toom. Wɔde yɛn nyinaa koguu afiase biako mu wɔ Japan Mpoano, a ɛne Vladivostok ntam kwan nware. Ɛhɔ no yɛyɛɛ nhyehyɛe hyiaam suaa Bible daa. Anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔn ho akokwaw a na wɔde wɔn agu afiase bere tenten a me ne wɔn bɔe no hyɛɛ me gyidi den wɔ honhom mu. Wɔn mu biara nyaa yɛn nhyiam ahorow no sohwɛ mu kyɛfa, na wɔde Bible kyerɛwsɛm ne nsɛm a efi Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mu a wɔkae no dii dwuma.
Wobisabisaa nsɛm, na anuanom no de mmuae ahorow mae. Yɛn mu pii tetew semɛnte nkrataa kyerɛkyerɛw mmuae a wɔde mae no wɔ so. Na yɛde nea yɛakyerɛw no siei keka boom de yɛɛ yɛn ankasa nhomakorabea. Wɔ asram bi akyi no, wɔde wɔn a na wɔde wɔn agu afiase bere tenten no kɔɔ Siberia atifi fam nohoa. Wɔde yɛn mu baasa a na yɛyɛ mmerante no kɔɔ Nakhodka, kurow bi a ɛbɛn Japan bɛyɛ sɛ kilomita 650 mu. Midii mfe abien wɔ afiase hɔ.
Ɛtɔ mmere bi a na yɛn nsa ka Ɔwɛn-Aban no bi. Ɛmaa yɛn honhom fam aduan wɔ asram pii mu. Bere bi mu nso yɛn nsa kaa nkrataa ahorow. Nea edi kan a me nsa ka fii m’abusuafo (a mprempren wɔwɔ nnommum mu) hɔ no maa nusu taataa me. Ɛkae sɛ, sɛnea Ɔwɛn-Aban no kae wɔ nnianim nsɛm no mu no, na wɔatow ahyɛ Adansefo afie so ama mmusua no nnɔnhwerew abien pɛ sɛ wɔmfa mfi hɔ.
Mesan Kɔkaa M’abusua Ho Bio
Woyii me fii afiase wɔ December 1952 mu, bere a mitwaa mfe anan a na wɔde ama me no mu mfe abien no. Mekɔkaa m’abusua ho wɔ Gadaley kurow ketewaa bi a ɛbɛn Tulun, Siberia, baabi a na wɔatwa wɔn asu kɔ no. Nokwarem no, na ɛyɛ anigye sɛ yɛasan ahyiam bio—na me babarima Ivan adi bɛyɛ mfe abiɛsa, na na me babea Anna reyɛ anya mfe abien. Nanso na m’ahofadi no wɔ anohyeto. Na ɔman no mu atumfoɔ no agye m’akwantu tumi krataa, na na wɔn ani wɔ me so ankasa. Na mintumi mfi fie ntwa kwan a ɛboro kilomita 3. Akyiri yi, wɔmaa me kwan sɛ metumi atra pɔnkɔ so de akɔ gua so wɔ Tulun. Wɔ anifere mu no, mihyiaa mfɛfo Adansefo wɔ hɔ.
Saa bere no, na yɛwɔ mmabea baanu, Anna ne Nadia, ne mmabanin baanu, Ivan ne Kolya. Wɔ 1958 mu no, yɛwoo ɔbabanin foforo, Volodya. Na akyiri yi, wɔ 1961 mu no, yɛwoo ɔbabea foforo, Galia.
Na KGB (kan ɔman no ahobammɔ kuw) no taa kyere me bisabisa me nsɛm. Na ɛnyɛ atirimpɔw no ara ne sɛ mɛda asafo mu nsɛm adi akyerɛ wɔn, mmom no na wɔpɛ sɛ wɔma nkurɔfo nya adwene bi sɛ mede me ho abɔ wɔn. Enti na wɔde me kɔ adidibea kama bi, na na wɔbɔ mmɔden sɛ wobetwa me mfonini a me ne wɔn reserew na yɛregye yɛn ani. Nanso mihuu wɔn adwene no, na mebɔɔ mmɔden denneennen nyinnyaa m’anim bere nyinaa. Bere biara a wɔbɛkyere me no, na meka nea esii pɛpɛɛpɛ kyerɛ anuanom no. Enti wɔn adwene mu anyɛ wɔn naa wɔ me nokwaredi ho da.
Nkitaho a Me ne Anuanom a Wɔwɔ Nsraban Ahorow Mu Dii
Mfe pii mu no, wɔde Adansefo ɔhaha pii koguu afiase. Saa bere no, na yɛtaa srasra yɛn nuanom a wɔde wɔn agu afiase no daa, de nhoma kɔma wɔn. Ɔkwan bɛn so na na yɛyɛ eyi? Sɛ woyi anuanom mmarima anaa mmea no fi afiase a, yebisa wɔn ɔkwan a yebetumi de nhoma abrɛ wɔn kokoam a na nhyɛso a ano yɛ den no mfa ho. Wɔ bɛyɛ mfe du mu no, yetumi de nsɛmma nhoma ne nhoma akɛse a yenya fii Poland ne aman afoforo so no kɔmaa yɛn nuanom no wɔ nsraban no mu.
Yɛn nuanom Kristofo mmea pii de nnɔnhwerew pii hwɛɛ nsɛmma nhoma so kyerɛw bi sɛnea ɛbɛyɛ na ama wɔatumi akora nsɛmma nhoma no nyinaa so wɔ biribi ketewa te sɛ mankyese adaka mu! Wɔ 1991 mu no, bere a yenni nhyɛso ase bio na yɛn nsa ka nsɛmma nhoma a ɛyɛ fɛ a emu mfonini yɛ kɔla ahorow anan no, yɛn nuabeanom mu biako kae sɛ: “Afei de anuanom werɛ befi yɛn.” Na n’asɛm no nyɛ nokware. Ɛwom mpo sɛ nnipa werɛ betumi afi de, nanso Yehowa werɛ remfi anokwafo a wɔte saa no nnwuma da!—Hebrifo 6:10.
Asetra Foforo ne Asiane Ahorow
Akyiri yi koraa wɔ 1967 mu no, wɔkɔhwehwɛɛ me nuabarima kumaa fie wɔ Irkutsk. Wohuu Bible ho nhoma ahorow ne sini ho mfonini. Wobuu no fɔ de no kɔtoo afiase mfe abiɛsa. Nanso, bere a wɔbɛhwehwɛɛ yɛn fie no, wɔanhu hwee wɔ hɔ. Nanso, na atumfoɔ no adwene yɛ wɔn sɛ yenim ho biribi, enti na ɛsɛ sɛ m’abusua no tu fi hɔ. Yetu kɔɔ bɛyɛ sɛ kilomita 5,000 wɔ Novinnomyssk kurow no apuei fam wɔ Caucasus. Yedii bɔnnɔ so adanse wɔ hɔ denneennen.
Wɔ da a edi kan wɔ sukuufo akwamma mu wɔ June 1969 mu no, asiane bi sii. Bere a merebɔ mmɔden sɛ meyi bɔɔl bi afi afiri a ano yɛ den a ɛma anyinam ahoɔden ho no, anyinam ahoɔden no kyeree yɛn ba Kolya a na wadi mfe 12 no. Ne nipadua no fã ɔha mu nkyem 70 hyewee. Wɔ ayaresabea hɔ no, ɔdan n’ani hwɛɛ me bisae sɛ: “So yebetumi asan akɔ supɔw no so bio?” (Na ɔreka supɔw a na yɛtaa kɔsrasra so no.) Me kae sɛ: “Yiw, Kolya, yɛbɛsan akɔ supɔw no so bio. Sɛ Yesu Kristo nyan wo fi owu mu a yɛbɛsan akɔ saa supɔw no so ankasa.” Bere a na n’ani twan so no, ɔtoo Ahenni nnwom a na ɔpɛ no yiye no, nea na ɔtaa de ne torobɛnto bɔ wɔ Asafo nnwonto kuw ase no. Nnansa akyi no, owui a na ɔwɔ owusɔre anidaso a emu yɛ den.
Afe a edi hɔ no, wɔhyɛɛ yɛn babarima Ivan a na wadi mfe 20 no sɛ wɔde no rekɔ asraadi. Bere a wanyɛ no, wɔde no kɔtoo afiase mfe abiɛsa. Wɔ 1971 mu no, wɔhyɛɛ me na wohunahunaa me sɛ sɛ manyɛ a wɔde me bɛto afiase bio. M’asɛm no kɔɔ so asram pii. Saa bere no, me yere nyaa kokoram na na ohia ɔhwɛ soronko. Ɛno nti wogyaee m’asɛm no mu. Maria wui wɔ 1972 mu. Na ɔyɛ ɔhokafo nokwafo, na odii nokware maa Yehowa kosii ne wu mu.
Yɛn Abusua no Mu Tetewee
Mewaree Nina wɔ 1973 mu. Na ne papa apam no afi ne fie wɔ 1960 mu, esiane sɛ na wabɛyɛ Ɔdansefo nti. Na ɔyɛ onuawa a ne ho akokwaw a na ɔka wɔn a wɔyɛɛ adwuma den hwɛɛ nsɛmma nhoma so kyerɛwee bi maa wɔn a na wɔwɔ afiase no ho. Me mma no nso bɛpɛɛ n’asɛm.
Yɛn dwumadi wɔ Nevinnomyssk no maa atumfoɔ no ho yeraw wɔn na wɔhyɛɛ sɛ yɛmfi hɔ. Enti wɔ 1975 mu no, me ne me yere, ne me mmabea no tu kɔɔ Georgia wɔ Caucasus ɔman no anafo fam. Bere koro no ara mu no, me mmabarima Ivan ne Volodya tu kɔɔ Dzhambul wɔ Kazakstan hye so wɔ anafo fam.
Afei na na Yehowa Adansefo dwumadi no afi ase koraa wɔ Georgia. Yedii bɔnnɔ so adanse wɔ Gagra ne ne mpɔtam nyinaa ne Sukhumi wɔ Black Sea Mpoano, na wɔ afe akyi no, wɔbɔɔ Adansefo afoforo du asu wɔ asuten a ɛda bepɔw so no mu. Ankyɛ na atumfoɔ no hyɛɛ sɛ yemfi hɔ, na yetu kɔɔ Georgia apuei fam. Yɛyeree yɛn ho nyaa nnipa a wɔn su te sɛ nguan wɔ hɔ, na Yehowa hyiraa yɛn.
Na yehyia wɔ kuw nketewa mu. Esiane sɛ na yɛnte Georgia kasa na Georgiafo binom nso nte Russia kasa no yiye nti na yɛwɔ kasa ho nsɛnnennen. Mfiase no, yɛne Russiafo nkutoo na esuaa ade. Nanso ankyɛ na asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma wɔ Georgia kasa mu no nyaa nkɔanim, na mprempren Ahenni adawurubɔfo ɔpepem pii wɔ Georgia.
Wɔ 1979 mu, wɔ KGB nhyɛso ase no, m’adwumawura kae sɛ onhia me wɔ ɔman no mu bio. Saa bere no na me babea Nadia nyaa Kar akwanhyia a emu na ɔne ne babea kumaa wui. Na me maame adi nokware ama Yehowa akosi owu mu wɔ Nevinnomyssk afe a edi ɛno anim no mu, ma aka me papa ne me nuabarima. Enti yesii gyinae sɛ yɛbɛsan akɔ hɔ.
Boasetɔ So Akatua
Wɔ Nevinnomyssk no yɛyɛɛ Bible ho nhoma wɔ kokoam. Pɛnkoro wɔ 1980 mfe no Mfinimfini, bere a atumfoɔ no frɛɛ me no, meka kyerɛɛ wɔn sɛ maso dae sɛ mede yɛn nsɛmma nhoma no bi resie. Wɔserewee. Na bere a merefi hɔ no wɔn mu biako kae sɛ: “Nsõ dae wɔ sɛnea wode mo nhoma no sie no ho bio.” Ɔde baa awiei sɛ: “Ɛrenkyɛ na mode mo nhoma no agu pon so, na wo ne wo yere aso mo nsa afa mo Bible akɔ nhyiam.”
Wɔ 1989 mu no, yɛn werɛ howee bere a yare a ɛma mogya nwunu gu obi amemene mu kum me babea Anna no. Na wadi mfe 38 pɛ. Wɔ August mu, wɔ saa afe no ara mu no, Adansefo a na wɔwɔ Nevinnomyssk no yɛɛ keteke ho nhyehyɛe na wotuu kwan kɔɔ amanaman ntam nhyiam wɔ Warsaw, Poland. Nnipa a wɔbae no dodow yɛ 60,366 a ɔpepem pii a wofi Soviet Union ka ho. Na yesusuw sɛ yɛreso dae ankasa! Aka kakra ma mfe abien aba, wɔ March 27, 1991 mu no, minyaa hokwan bɛyɛɛ asafo mu mpanyimfo anum a wɔde bere tenten asom wɔ Soviet Union a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nsa hyɛ Moscow abakɔsɛm krataa a ɛmaa yenyaa hokwan de Yehowa Adansefo ahyehyɛde no hyɛɛ mmara ase ase no mu biako!
Ɛyɛ me anigye sɛ me mma a wɔte nkwa mu no de nokwaredi resom Yehowa. Na merehwɛ bere a mɛsan ahu Anna, Nadia ne ne babea, ne afei Kolya wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no kwan. Sɛ ofi owusɔre mu ba a, medi me bɔhyɛ so ne no akɔ supɔw a na yɛtaa kɔ so wɔ mfe bi a atwam no so.
Wɔ ne nyinaa mu no, hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ mihu sɛ Bible mu nokware no renya nkɔso ntɛmntɛm wɔ saa asase kɛse yi so! M’ani gye ankasa wɔ nkɔso a manya wɔ asetra mu no ho, na meda Yehowa ase sɛ wama mabɛyɛ N’adansefo no mu biako. Migye nokwasɛm a ɛwɔ Dwom 34:8 no tom sɛ: ‘‘Monka nhwɛ na munhu sɛ [Yehowa, NW] ye, nhyira ne onipa a oguan toa no.’’
[Kratafa 25 mfonini]
Afe a mekɔkaa m’abusua ho wɔ Tulun
[Kratafa 26 mfonini ahorow]
Atifi fam: Me papa ne me mma wɔ yɛn fie no adiwo wɔ Tulun, Siberia
Atifi fam nifa so: Me babea Nadia ne ne babea, a wowui wɔ kar akwanhyia mu no
Nifa so: Abusua mfonini wɔ 1968 mu