Romafo
14 Munnye nea ne gyidi yɛ mmerɛw+ no, na mummmu atɛn wɔ adwenem naayɛ+ ho. 2 Obi wɔ gyidi sɛ otumi di biribiara,+ nanso nea ɔyɛ mmerɛw no de, odi nhabamma. 3 Mma nea odi no mmmu nea onni no animtiaa,+ na mma nea onni no mmmu nea odi no atɛn, efisɛ Onyankopɔn agye saa nipa no. 4 Hena ne wo a wubu obi fie somfo atɛn?+ N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase.+ Nokwarem no, wɔbɛma wagyina, efisɛ Yehowa betumi ama wagyina.+
5 Obi bu da bi sen bi;+ ɔfoforo nso bu nna nyinaa pɛ;+ momma obiara adwene nsi no pi. 6 Nea odi da bi no di ma Yehowa. Nea odidi no nso didi ma Yehowa,+ efisɛ ɔde aseda ma Onyankopɔn;+ na nea onnidi no, onnidi de ma Yehowa,+ nanso ɔda Onyankopɔn ase.+ 7 Nokwarem no, yɛn mu biara nte ase mma ne nkutoo ho,+ na obiara nso nwu mma ne nkutoo ho; 8 na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Yehowa,+ na sɛ yewu nso a, yewu ma Yehowa.+ Enti sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ Yehowa dea.+ 9 Na eyi nti na Kristo wui na ɔbaa nkwa mu bio,+ sɛ ɔbɛyɛ awufo+ ne ateasefo Wura.+
10 Na adɛn nti na wubu wo nua atɛn?+ Anaasɛ adɛn nti na wo nso wubu wo nua animtiaa? Na yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn atemmu+ agua no anim; 11 efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “‘Mete ase yi,’ Yehowa na ose,+ ‘me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa akamfo Onyankopɔn.’”+ 12 Enti afei yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Onyankopɔn.+
13 Enti mommma yemmmubu yɛn ho yɛn ho atɛn+ bio, na mmom momfa eyi nyɛ mo botae,+ sɛ moremfa hintidua+ anaa akwanside nto onua+ biara anim. 14 Minim na mabegye adi Awurade Yesu mu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho ntew ankasa;+ sɛ obi bu biribi sɛ ɛho ntew a, ɛnde na ɛho ntew mma no.+ 15 Na sɛ aduan nti wo nua redi awerɛhow a, ɛnde na wonnam ɔdɔ kwan so bio.+ Mfa w’aduan nsɛe nea Kristo wu maa no no.+ 16 Enti mommma wɔnnka papa a moyɛ no ho nsɛmmɔne. 17 Na Onyankopɔn ahenni+ nyɛ adidi ne ɔnom,+ na mmom ɛyɛ trenee+ ne asomdwoe+ ne anigye+ a ɛnam honhom kronkron so. 18 Na nea ɔsom Kristo wɔ eyi mu no sɔ Onyankopɔn ani, na nnipa nso gye no tom.+
19 Enti afei momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe+ ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn den+ akyi. 20 Munnyae sɛ aduan nti mobɛsɛe Onyankopɔn adwuma.+ Ɛwom, ade nyinaa ho tew, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa sɛ odi, bere a ebetumi ato hintidua.+ 21 Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa anaasɛ wonyɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.+ 22 Gyidi a wowɔ no, ma ɛnhyɛ w’ankasa mu Onyankopɔn anim.+ Anigye ne onipa a ɔmma nea wasi ho gyinae mmu no atɛn. 23 Na sɛ n’adwenem yɛ no nãã na sɛ odi a, wadi fɔ dedaw,+ efisɛ emfi gyidi mu na odi. Nokwarem no, biribiara a emfi gyidi mu no yɛ bɔne.+