Ɔkwan Bɛn So na Woyɛ Soronko Wɔ Wiase No Ho
“Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi [yi] ne ho fi wiase nkekae mu.”—YAKOBO 1:21.
1, 2. Hena na ɔkae sɛ Kristofo bɛyɛ soronko wɔ wiase no ho no? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo hwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ soronko wɔ wiase no ho?
YESU KRISTO na odii kan kae sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ wiase no fã. (Yohane 15:19, NW) Na bere a ɔrebɔ n’Agya no mpae anadwo ansa na ɔrebewu no, wɔtee sɛ ɔreka sɛ: “Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” Afei ɔsan tĩĩ mu wɔ hɔ ara bio sɛ: “Womfi wiase sɛnea me nso mimfi wiase no.”—Yohane 17:14, 16.
2 Kristoman asɔre ahorow no pii mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asɛm yi aba mu. Nanso, Yehowa Adansefo hu sɛ nea ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ ara ne sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi wiase no ho. Wonim sɛ Satan ne wiase yi sodifo. (Yohane 14:30; 1 Yohane 5:19) Sɛ́ wobɛyɛ wiase no fã no kyerɛ sɛ wowɔ Satan nkɛntɛnso ase. Yakobo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4) Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ soronko.
3. Nneɛma atitiriw bɛn na ɛma Yehowa Adansefo yɛ soronko wɔ wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no ho?
3 Nanso ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo yɛ soronko? Yesu kae sɛ wɔrennyi Kristofo mfi wiase no mu nkɔtra baabi. (Yohane 17:15) Na, ampa, Yehowa Adansefo te wiase no mu wɔ mmeae ahorow, na wɔn mu pii wareware na wɔhwɛ wɔn mmusua te sɛ onipa foforo biara. Ɛsɛ sɛ wɔn nso wɔhwehwɛ adwuma yɛ, wogyina nneɛma bo a ɛkɔ soro ano, na wotua wɔn tow ahorow. Nanso wɔyɛ soronko. Wɔ asɛm bi a wɔkyerɛwee a ɛfa wɔn ho mu no, United States atesɛm krataa bi nyamesom ho nsɛm mu samufo kyerɛkyerɛɛ nea enti a osusuw sɛ eyi te saa no mu. Ɔkae sɛ: “Ebia nea ɛma Adansefo no yɛ soronko wɔ wɔn a wɔkasa tia wɔn no pii ho ne wɔn asetra nyinaa—sɛnea wɔde wɔn bere di dwuma ne wɔn a wɔde di dwuma wɔ wɔn ho—yɛ nea ne nyinaa fa nea wogye di ho.” Ɛte saa pɛpɛɛpɛ! Yehowa Adansefo ahyira wɔn ho so koraa ama Yehowa Nyankopɔn. Wogye ne bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no di wɔ nokwarem, na wodi Onyankopɔn ahyɛde ahorow a ɔde ama wɔn nyinaa so anibere so. (1 Yohane 5:8) Eyi ma wɔyɛ soronko.
4. Nneɛma ahorow bɛn na ɛma twe a obi bɛtwe ne ho afi wiase yi ho no yɛ den? Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ efi bere kɔ bere mu?
4 Nanso, soronko a wɔyɛ yi nyɛ nea nkurɔfo ani gye ho anaasɛ nea ɛyɛ mmerɛw. Wɔ yɛn da biara da asetra mu no, nhyɛso a ɛbɛma yɛagyae nneɛma mu no ano yɛ den. Yɛn mu pii wɔ nkate ne ɔpɛ bi wɔ yɛn mu a ɛne sɛ, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ soronko dodo wɔ afoforo ho. Sɛ asɛm a ɛfa afã biara a yenni ho sɔre a, egye gyidi a ɛyɛ den na ama wɔayɛ soronko na woadi Yehowa ahyɛde so. (Asomafo no Nnwuma 5:29; 15:28, 29) Enti ɛyɛ nea nyansa wom sɛ ankorankoro biara bɛhwehwɛ ne ho mu efi bere kɔ bere mu na wahu sɛnea ne gyinabea te wɔ asɛm a ɛfa twe a yɛtwe yɛn ho fi wiase no ho no mu.—2 Korintofo 13:5.
Nnamyɛ Wɔ Asɛnka Mu
5. (a) Dɛn na ebinom a wɔnyɛ Adansefo ka wɔ Yehowa Adansefo nnamyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu no ho? (b) Bible nyinasosɛm ahorow a ɛka Adansefo no ma wɔyɛ nnam wɔ adwuma yi mu no bi ne nea ɛwɔ he?
5 Sɛ nhwɛso no, wonim Yehowa Adansefo yiye wɔ nnamyɛ a wɔde ka asɛm no mu. Eyi ma wɔyɛ soronko ampa. Ebinom ani gye wɔn ho wɔ eyi ho, na ɛma afoforo nso bo fuw. Asɛmpatrɛwfo bi a wofi asɛnkafo ahyehyɛde bi mu bɔ amanneɛ sɛ baabiara a wɔkɔ wɔ wiase no wohyia nnipa a wofi saa beae no a wɔyɛ adansefo a wɔbɔ mmɔden na wɔyɛ nnam ma Yehowa! Wɔn nhoma biako kae sɛ: “Wo ne obiara a wopɛ, . . . ɔsɛmpatrɛwfo a ɔwɔ wiase baabiara mmɔ nkɔmmɔ nkɔ akyiri na monka tebea horow a ɛwɔ baabi a ɔwɔ no ho asɛm, na wobɛte sɛ ɔbɛbɔ Yehowa Adansefo din.” Dɛn nti na Adansefo no yɛ nnam wɔ saa adwuma yi mu saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ asɛmpa no a wɔka no yɛ Onyankopɔn apɛde ne nokware Kristoni agyiraehyɛde a wɔde hu no. (Mateo 28:19, 20; Efesofo 6:14, 15; Adiyisɛm 22:17) Ɛnnɛ, asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo yɛ yi yɛ nea wɔde da nokware a wodi ma Onyankopɔn Ahenni no ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔasom Yehowa no adi wɔ baguam.—Yesaia 2:2-4; Mateo 24:14.
6. Dɛn ne nsɛm ahorow bi a ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho de hwehwɛ yɛn nkate wɔ Ahenni ho asɛmpaka adwuma no ho no mu?
6 Asɛnka adwuma no ho hia wo dɛn? Wɔ wiase no mu no, nnipa pii te nka sɛ, sɛ wubedi yiye wɔ asetra mu, anaa gye a wubegye w’ani mpo yɛ nea ɛho hia kɛse sen nyamesom mu nneyɛe ahorow. (2 Timoteo 3:4; 1 Yohane 2:16) Nanso, Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.” (1 Timoteo 4:16) So wowɔ saa adwene yi? So wokae kɔkɔbɔ a ɔsomafo Petro de mae sɛ ɛsɛ sɛ woma [Yehowa] da no ba tra w’adwene mu’ no nso? (2 Petro 3:12) Sɛ saa a, ɛnde wunim sɛ Ahenni ho asɛmpa a wɔbɛka no yɛ nea egye ntɛmpɛ. Ebia eyi bɛka wo ma woayɛ ade wɔ akwan horow a ɛbɛyɛ wɔn a wɔnyɛ Adansefo no nwonwa so.
7. Dɛn na pii ayɛ wɔ asɛnka adwuma no ho? Dɛn ntia?
7 Sɛ nhwɛso no, John a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Ghana no faa nea Kyerɛwnsɛm no ka no aniberesɛm. Enti ogyaee n’adwuma a ɔyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bere pii bɛka Ahenni no ho asɛm akyerɛ ne mfɛfo. Brian a ɔyɛ Engiresini abarimaa no gyaee hokwan a ɔwɔ sɛ ɔbɛkɔ sukuupɔn no mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ bere nyinaa ɔsɛnkafo! Na Eve a ɔyɛ Amerikani abeawa no fii kɔlege wɔ asram kakraa akyi esiane ntease koro no ara nti. So na saa mmerante ne ababaa yi adeyɛ no yɛ nea ntease nnim anaasɛ wɔyɛ nkwasea? Nokwarem no, wɔ obi a Bible no som bo ma no fam no, nea wɔyɛe no yɛ nea ntease wom na ɛyɛ nyansasɛm. Sɛ́ anka wɔbɛma wɔn daakye ayɛ nea ɛda asiane mu no, wɔreboa ahyɛ mu den mmom. Sɛnea Paulo kae no, adwuma a wɔapaw no kyerɛ nkwagye ma ‘wɔn ho ne wɔn atiefo.’—1 Timoteo 4:16.
Abrabɔ A Ɛyɛ Soronko
8. Bible mu nyinasosɛm a ɛwɔ Hebrifo 1:9 bɛn nso na ɛboa ma Yehowa Adansefo yɛ soronko?
8 Nnyinasosɛm foforo a ɛma Kristofo yɛ soronko wɔ wiase no ho ni: “Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ.” (Hebrifo 1:9) Wɔ kyerɛwsɛm no mu no, wɔka saa asɛm yi kyerɛ Yesu Kristo, nanso Yehowa Adansefo hu sɛ ɛma Kristofo nya nnyinasosɛm bi nso. (1 Petro 2:21) Ɛsɛ sɛ yɛdɔ nea Onyankopɔn ka sɛ ɛteɛ na yekyi nea Onyankopɔn ka sɛ ɛyɛ amumɔyɛ.
9. (a) Amumɔyɛde ahorow no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo asafo no su wɔ amumɔyɛ ho yɛ soronko wɔ wiase no ho?
9 Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ amumɔyɛde ahorow bi bere a ɔkaa eyi no: “Nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Ɛnnɛ, nnipa a wɔwɔ wiase no mu yɛ nea wɔpɛ kɛse, titiriw wɔ nsɛm a ɛfa abrabɔ ho mu. Nanso Bible gyinapɛn ahorow nyɛ nea wɔsakra no. Bible no ka sɛ ɛsɛ sɛ wofi ɔdɔ mu boa Kristoni biara a ɔde ne ho hyɛ ɔbrasɛe mu no ma ɔsakra n’akwan. (Galatifo 6:1; Yakobo 5:19, 20) Sɛ ɔpow sɛ ɔbɛyɛ nsakrae a, ɛnde na ɛsɛ sɛ Kristofo no twe wɔn ho fi ne ho.—1 Korintofo 5:9-13.
10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo bɔ wɔn ho ban fi nneyɛe bɔne ho?
10 Ebinom akasa atia sɛ ɔkwan a yɛfa so di nsɛm ho dwuma yi yɛ nea ɔdɔ nnim na ɛyɛ katee dodo. Wɔpɛ ɔkwan a wiase no fa so wɔ ahofadi kɛse mu no. So wote nka saa? Anaa so wuhu sɛ ɔkwan a yɛfa so yi nkyerɛ ɔdɔ a wonni mma ɔbɔnefo no na mmom ɛyɛ kyi a wokyi n’amumɔyɛsɛm no? Na so wote ase sɛ, sɛ Kristofo asafo no bɛkɔ so ara ayɛ Kristofo de a, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ n’ade wɔ saa kwan yi so no? Yakobo kae sɛ: “Nyamesom a yɛn Agya Nyankopɔn gye tom sɛ ɛho tew na asɛm biara nni ho ne eyi: . . . sɛ́ obi mma wiase no ngu ne ho fĩ.” (Yakobo 1:27, New International Version) Sɛ kuw bi ma kwan ma bɔne a anibere wom gu ne ho fi a, ɔkwan bɛn so na ebetumi aka sɛ ɛne nokware som no?
11. Ɔkwan bɛn so na Kristofo gyinapɛn ahorow kã Kristoni kasa a ɔka?
11 Kristoni ‘kyi a okyi bɔne’ no kɔ akyiri. Bible no se: “Aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ.” (Efesofo 5:3, 4) Enti Kristofo ankasa no mfɛfonom nim wɔn sɛ wɔnka kasafĩ, asereseresɛm a ɛho ntew, wɔnka afideyɛ ahorow ho asɛm mfa nnya akɔnnɔ bɔne mu anigye. Adwene a emu tew ne ɔkasa a ɛho tew yɛ nea ɛho reyɛ nnã kɛse nnɛ.
12. Sɛ ɛba anigyede so a, ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo yɛ soronko wɔ wiase no ho?
12 Sɛ ɛba anigyede so mpo a, Yehowa Adansefo yɛ soronko. Esiane sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu” nti, wɔasua sɛnea wɔbɛhwɛ yiye wɔ anigyede ahorow a wiase no de ma no ho. (1 Yohane 5:19) Wɔtwe wɔn ho koraa fi apontow ase agoru ahorow, nsɛmma nhoma, video, sini, nnwom, ne television so dwumadi ahorow pii a adaemone anaa ɔbrasɛe wom no ho, na saa ara na wɔtwe wɔn ho fi nea esi basabasayɛ so dua no ho. Wɔhwɛ yiye nso wɔ nea wɔfrɛ no abusua anigyede a ɛhyɛ ɔbrasɛe anaa ahofadi adwene a Kristofo mpene so ho nkuran no ho. (1 Korintofo 15:33) Obiara a otie nea Bible no ka rempɛ sɛ n’ani begye nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔbɔ din mpo wɔ Kristofo mu no ho.
13. So ɛyɛ adwene a emu mmuei sɛ yɛde anohyeto pii a ɛte sɛɛ bɛma yɛn ho wɔ nsɛm a ɛfa anigye de ho no mu? Kyerɛkyerɛ mu.
13 So eyi ne w’adwene? Anaasɛ so wote nka sɛ adwen horow a ɛte sɛɛ ma Yehowa Adansefo yɛ nnipa a wɔn adwene mu mmuei anaasɛ wɔyɛ katee? Sɛ saa a, susuw ho: Bere a wohu sɛ aduan bi a wɔretɔn asɛe na woyi fi aguadidan mu ntɛm ara no, adetɔfo no nka sɛ wosiw wɔn ahofadi ano esiane sɛ wɔrentumi ntɔ saa aduan no bio nti. Mmom no wɔde aseda ma sɛ wɔabɔ wɔn ho ban afi aduan a asɛe a ebetumi akunkum wɔn ho. Saa ara na Yehowa Adansefo nka sɛ wɔasiw wɔn ahofadi ano wɔ ɔkwan bi so bere a wɔma wohu sɛnea wiase no mu anigyede ahorow asɛe no. Mmom no, wɔn ani gye sɛ wɔabɔ wɔn ho ban afi asiane a nneɛma bɔne a ɛte sɛɛ de ba no ho.
Wɔdodɔ Wɔn Ho Wɔn Ho
14. Su bɛn na Yesu kae sɛ ɛbɛma Kristofo asafo no ada nsow wɔ wiase a atwa ne ho ahyia no ho?
14 Nea ɛma Kristofo twe wɔn ho fi wiase no ho no foforo ni. Anadwo ansa na Kristo rebewu no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Dɛn nti na na ɔdɔ bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wɔn a wɔwɔ akyiri no? Efisɛ wɔ ne nyinaa mu no, tebea a ɛwɔ wiase no mu nnɛ no te sɛ nea Paulo kae sɛ ɛbɛba no: “Nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, wɔn a wonni dɔ.” (2 Timoteo 3:2, 3) Wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no, wiase nyinaa asafo a emufo wɔ ɔdɔ ma wɔn ho wɔn ho bɛyɛ nea ɛda nsow. Onuayɛ a ɛte sɛɛ wɔ hɔ wɔ Yehowa Adansefo mu.—1 Petro 2:17.
15. Tebea horow a Yehowa Adansefo nya hokwan yi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho wom no bi ne nea ɛwɔ he?
15 Ɔdɔ yi yɛ nea ɛda adi kɛse na mpɛn pii ɛma wɔn a wɔwɔ akyiri no ka ho asɛm bere a Adansefo no hyiam wɔ wɔn nhyiam ahorow ase no. Sɛ asiane kɛse bi si a, Adansefo no yɛ ntɛm ara kɔ kɔboa wɔn nuanom no. Na wɔ asafo no ankasa mu no, Kristofo ankasa no yi ɔdɔ ne ahummɔbɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Sɛ ɔhaw ahorow sɔre mpo a, wɔbɔ mmɔden kɛse sɛ ‘wobehuhu ama wɔn ho wɔn ho na wɔde afiri wɔn ho wɔn ho.’—Kolosefo 3:12-14.
Wɔnnto Wɔn Ho Wɔn Ho Hintidua
16. (a) Tebea bɛn na Paulo kaa ho asɛm a ɛmaa afeha a edi kan Kristofo no nyaa hokwan fɛfɛ de kyerɛɛ sɛnea ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho no mu dɔ? (b) Nnyinasosɛm bɛn na ɔkyerɛkyerɛɛ mu a ɛfa nneɛma pii ho nnɛ?
16 Ɔdɔ a ɛte sɛɛ ma Adansefo no yɛ soronko wɔ ɔkwan foforo so. Ɛnnɛ nea nnipa pii dwene ho ne hokwan ahorow a wɔwɔ, na wɔde anibere bɔ eyi ho ban. Nanso ɔsomafo Paulo de gyinapɛn a ɛyɛ soronko sii hɔ: “Momma yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi.” (Romafo 14:19) Wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, na Paulo reka ɔhaw bi a ɛwɔ hɔ saa bere no a ɛfa aduan ho, ho asɛm. Esiane sɛ na Kristofo no nte sɛ Yudafo a na wɔwɔ Mose Mmara no ase no nti, na wobetumi adi biribiara a wɔpɛ bere dodow a wɔnnyɛ potwaa no. Nanso ná ɛhaw ebinom a wofi wɔn mmofraase abu nnuan bi sɛ ɛho ntew no, bere a wohuu sɛ wɔn mfɛfo Kristofo redi bi no. So saa Kristofo no kɔɔ so ara kae sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wodi biribiara a wɔpɛ? Sɛ ɛyɛ nea wodii Paulo afotu no akyi de a, wɔrenyɛ saa. Ɔkae sɛ: “Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.” (Romafo 14:21) Afotu a efi ɔdɔ mu bɛn ara ni! So wuhu sɛnea eyi betumi akyerɛ yɛn kwan wɔ nneɛma afoforo bi mu no?
17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Romafo 14:21 no adi dwuma wɔ asɛm a ɛfa nsa a ano yɛ den ho no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de adi dwuma wɔ ntadehyɛ ho? (d) Nneɛma afoforo bɛn mu na wususuw sɛ, sɛ yɛde nyinasosɛm koro yi ara di dwuma a ɛbɛboa ma yɛayi ɔdɔ adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho?
17 Sɛ nhwɛso no, Bible no ma Kristofo kwan sɛ wɔmfa anidahɔ nnom nsa. (1 Timoteo 3:8; 5:23) Nanso nnipa binom ntumi nnyina nsa a ano yɛ den hua ano. Afoforo nso ntaa nnom, anaasɛ wonnim nom koraa. Sɛ wo ne obi a ɔte sɛɛ wɔ aguabɔ bi ase a, so wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ no anaasɛ wobɛma n’ani awu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛnom bi? Anaasɛ so wo ankasa bɛpow sɛ wobɛnom mmom, sɛnea ɛbɛyɛ a woremma ɛnyɛ ɔhaw mma no?
18 Susuw nhwɛso foforo ho: asɛm a ɛfa ntadehyɛ ho no. Bible no nka atade ko a ɛsɛ sɛ Kristoni hyɛ, nanso ɛka sɛ ɛsɛ sɛ wode ani a ewu ade ne ahotew na ɛyɛ saa. (1 Timoteo 2:9) Ɛnnɛ, aman ahorow pii wɔ ahosiesie ho mmara ahorow bi a ɛyɛ nea wogye tom bere a wɔahyiam no. Mmara yi taa ma kwan ma wofi anidahɔ mu yɛ eyi wɔ akwan horow so, nanso biribi a ɛyɛ soronko koraa wɔ eyi ho no bɛma ayɛ te sɛ nea onipa no retwe adwene aba ne ho so anaasɛ nea watom. Ɛsɛ sɛ Kristofo mmarima ne mmea ma eyi tra wɔn adwene mu. So ɛyɛ wo pɛ sɛ wobɛto w’ahofadi ano hye wɔ nsɛm a ɛfa ntadehyɛ ho no mu esiane asɛmpa no nti, sɛnea ɛbɛyɛ a worento wo nuanom hintidua?
19-21. (a) Dɛn nti na Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so akura soronko a wɔyɛ wɔ wiase no mu no mu? (b) Dɛn nso mu na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ soronko wɔ wiase no mu?
19 Yiw, Yesu asɛm no yɛ nokware bere a ɔkae sɛ Kristofo renyɛ “wiase no fã” no. (Yohane 17:16, NW) Wɔ asɛmpa no ka mu, wɔ nea ɛyɛ bɔne a wokyi mu, ne wɔ ɔdɔ ne afoforo ho a wosusuw mu no, Yehowa Adansefo yɛ soronko ampa. Soronko a Adansefo no yɛ yi de nhyira ahorow brɛ wɔn, efisɛ ɛbɔ wɔn ho ban fi ɔhaw ahorow pii a ɛkã wiase no nnɛ no ho.
20 So soronko a yɛyɛ yi som bo ma wo wɔ w’asetra mu na woyɛ ho adwuma? Kae, sɛ Yehowa Adansefo anyɛ soronko saa a, anka wɔbɛyɛ te sɛ wiase a Satan Ɔbonsam ne ne nyame no. (2 Korintofo 4:4) Anka wɔrenkɔ so nna adi pefee sɛ ‘ɔman kronkron,’ na wɔrenyɛ wɔn a “wiase nkekae” nkaa wɔn. Enti, anka wɔn de no renkɔ so nyɛ ‘nyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Nyankopɔn anim.’ (Yakobo 1:27; 1 Petro 1:14-16) Sɛ wuhu sɛ wo yam a anka wubetumi ayɛ te sɛ wiase no a, kae kɔkɔbɔ a ɛwɔ Yakobo 4:4 no.
21 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ nkɔm sɛ su foforo bi bɛda adi kɛse wɔ wiase no mu nnɛ. Ɔkae sɛ nnipa bɛyɛ “sikapɛfo.” (2 Timoteo 3:1, 2) Sɛnea ɔkae ampa no, sikapɛ abɛyɛ tumi a ano yɛ den nnɛ a wɔ pii fam no, ɛno ne tumi a ano yɛ den sen biara wɔ wɔn asetra mu. So Kristofo yɛ soronko wɔ eyi mu nso? So ebetumi ayɛ yiye sɛ obi bɛkɔ so atra ase wɔ nnɛ wiase no mu a ɔnyɛ ‘obi a ɔdɔ sika’? Yebesusuw eyi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.
So Wutumi Kae?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ soronko wɔ wiase no ho?
◻ Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛboa Yehowa Adansefo ma wonya adwene a ɛteɛ wɔ asɛnka adwuma no ho?
◻ Akwan horow bɛn so na Hebrifo 1:9 a wɔde di dwuma ma Yehowa Adansefo yɛ soronko wɔ wiase no ho?
◻ Tumi bɛn na nnyinasosɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Romafo 14:21 a wɔde di dwuma no nya wɔ wɔn abrabɔ so?
[Kratafa 23 mfoni]
Yehowa Adansefo asua sɛ wɔbɛhwɛ yiye wɔ wiase no anigyede ho