Ɔsɛnkafo 12:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Adwuma biara, nea ahintaw nyinaa, papa oo, bɔne oo, nokware Nyankopɔn no bebu ho atɛn.+ Mateo 12:36 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 36 Mise mo sɛ asɛm biara a mfaso nni so a nnipa ka no, wobebu ho akontaa+ Atemmu Da no; 2 Korintofo 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na etwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmu agua anim,+ na obiara anya nea ɔnam nipadua no so yɛe ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+ 1 Petro 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nanso saa nnipa yi bebu akontaa akyerɛ nea+ wayɛ krado sɛ obebu ateasefo ne awufo atɛn no.+
10 Na etwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmu agua anim,+ na obiara anya nea ɔnam nipadua no so yɛe ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+