9 Aberante, ma w’ani nnye+ wo mmeranteberem, na ma wo koma nhu anigye wo mmabunberem, na nantew wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu.+ Nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho na nokware Nyankopɔn bebu wo atɛn.+
31 Efisɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wapaw no so bebu asase atɛn+ wɔ trenee mu, na wanyan+ no afi awufo mu de ayɛ nnyinasode ama nnipa nyinaa.”
5 Enti mummmu biribiara ho atɛn+ ansa na bere no adu, kosi sɛ Awurade bɛba;+ ɔno na ɔde nea ahintaw esum mu bɛba hann mu,+ na wayi komam agyina adi,+ na ɛno na afei obiara benya n’ayeyi afi Onyankopɔn hɔ.+