Ɔsɛnkafo
11 Tow wo paanoo pete+ nsu ani,+ na nna pii akyi no, wo nsa bɛka bio.+ 2 Fa bi ma nnipa baason anaa baawɔtwe,+ efisɛ wunnim asɛmmɔne a ɛbɛba asase so.+
3 Sɛ nsu hyɛ omununkum mã a, osu na ɛtɔ gu asase so;+ na sɛ dua bu kɔ anafo anaa atifi a, faako a dua+ no bɛhwe no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.
4 Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba; na nea ɔhwɛ omununkum no rentwa aba.+
5 Sɛnea wunnim honhom dwumadi wɔ abofra a wɔyem no nnompe mu no,+ saa ara na wunnim nokware Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nnwuma.+
6 Gu w’aba anɔpa, na nyi wo nsa mfi ho kosi anwummere,+ efisɛ wunnim nea ɛbɛyɛ yiye;+ eyi anaa eyi, anaasɛ abien no nyinaa bɛbom ayɛ yiye.
7 Hann yɛ dɛ, na eye sɛ aniwa behu owia;+ 8 sɛ onipa di mfe pii mpo a, ma n’ani nnye+ ne nyinaa mu. Nanso ma ɔnkae esum nna no,+ sɛ ebetumi ayɛ pii; emu da biara yɛ ahuhude.+
9 Aberante, ma w’ani nnye+ wo mmeranteberem, na ma wo koma nhu anigye wo mmabunberem, na nantew wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu.+ Nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho na nokware Nyankopɔn bebu wo atɛn.+ 10 Enti yi adwennwen fi wo komam, na ma amanehunu mpare wo honam,+ efisɛ mmerantebere ne mmabunbere yɛ ahuhude.+