11 Me de, mitwaa m’ani hwɛɛ adwuma a mede me nsa ayɛ nyinaa ne adwuma a mabrɛ ayɛ,+ na hwɛ! ne nyinaa yɛ ahuhude ne adehunu akyidi,+ na biribiara so nni mfaso owia ase.+
8 Obi wɔ hɔ a obiara nka ne ho;+ onni ba, na onni onua biara,+ nanso ɔyɛ adwumaden a, onnyae da. Na ahonyade biara nsɔ n’ani:+ “Na hena koraa na merebrɛ ama no, a ne nti mede nneɛma pa rekame me kra yi?”+ Eyi nso yɛ ahuhude; ɛyɛ ɔbrɛdwuma.+