Fa W’asetra Di Dwuma Yiye
NA AGYA no da mpa so wɔ fie a kokoram reyɛ akum no. Na ne babarima no wɔ adwinnan mu reboaboa ne papa nnwinnade a ɔde yɛ nnua ho adwuma no ano yiye. Osusuw anwonwade a na n’agya de nnwinnade no ayɛ no ho bere a na ekura no no. Ɛwom sɛ na adwinnan no ne fie no bɔ ho de, nanso na onim sɛ n’agya rensan nkɔ hɔ na ontumi nso nnwinnade a na ɔde yɛ adwuma ahokokwaw kɛse so no mu bio da. Na saa bere no apa ho.
Ɔbabarima no susuw kyerɛwsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 9:10 no ho: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.” Na onim saa kyerɛwsɛm no yiye. Na ɔde adi dwuma mpɛn pii bere a ɔrekyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware a ɛne sɛ owu yɛ tebea a dwumadi biara nkɔ so wom no. Saa bere yi tumi a Salomo asɛm no kura no kaa ne koma—ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra kosi ase na yenya yɛn bere mu anigye sɛnea yebetumi biara efisɛ bere bi bɛba a yentumi nyɛ saa.
Nya Asetra mu Anigye
Wɔ Ɔsɛnkafo nhoma no nyinaa mu no, Ɔhene Salomo nyansafo no tu n’akenkanfo fo sɛ wonnya anigye wɔ asetram. Sɛ nhwɛso no, ti 3 ka sɛ: “Mahu sɛ adepa nni hɔ mma nnipa, gye sɛ wɔma wɔn ani gye na wɔyɛ yiye wɔn nkwa mu; nanso sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no.”—Ɔsɛnkafo 3:12, 13.
Onyankopɔn de ne honhom kaa Salomo ma otii saa asɛm yi mu: “Hwɛ, nea mahu sɛ eye ne sɛ ɛyɛ fɛ sɛ obi didi na ɔnom na ohu papa ne brɛ a ɔbrɛ owia ase no nyinaa mu, ne nkwa nna dodow a Onyankopɔn de ma no; na ɛne ne kyɛfa.”—Ɔsɛnkafo 5:18.
Saa nso na otu mmerante ne mmabaa fo sɛ: “Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere [anaa wo mmabaabere] mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu.” (Ɔsɛnkafo 11:9a) Hwɛ ye a eye sɛ mmerante ne mmabaa de wɔn ahoɔden ne tumi begye wɔn ani akosi ase!—Mmebusɛm 20:29.
‘Kae Wo Bɔfo’
Nokwarem no, Salomo nkyerɛ sɛ nyansa wom sɛ yebedi biribiara a yɛn koma pɛ anaa yɛn ani gye ho akyi. (Fa toto 1 Yohane 2:16 ho.) Eyi da adi yiye wɔ nea edi hɔ a ɔkyerɛwee no mu: “Nso hu sɛ eyinom nyinaa [nneɛma a ebetumi ama w’ani agye] nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu mu.” (Ɔsɛnkafo 11:9b) Sɛnea yɛanyin adu biara no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn hu nea yɛde yɛn nkwa yɛ na obegyina so abu yɛn atɛn.
Hwɛ nkwaseasɛm a ɛyɛ sɛ yebesusuw sɛ yebetumi abɔ yɛn bra sɛnea yɛpɛ na yɛatwɛn akosi yɛn nkwakoraabere mu anaa mmerewabere mu ansa na yɛada onyamesom pa adi! Yebetumi awu bere biara. Sɛ amma saa mpo a, Onyankopɔn a yɛbɛsom no wɔ nkwakoraabere anaa mmerewabere mu no renyɛ mmerɛw. Esiane nokwasɛm yi a Salomo hui nti, ɔkyerɛw sɛ: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: minni ho anigye, no adu.”—Ɔsɛnkafo 12:1.
Ɔhaw a ɛwɔ onyin mu fi ase. Afei Salomo kyerɛkyerɛ nea onyin de ba mu wɔ nsɛnkyerɛnne kwan so. Nsa ne abasa popo, anan yɛ mmerɛw, na ɛsẽ tutu. Ti nhwi hoa na etutu. Obi ntumi nna yiye ma enti anomaa su na enyan no. Nkatede ahorow—hu a yetumi hu ade, te a yɛte asɛm, biribi mu a yetumi so, ade hua a yɛte, ne biribi dɛ—ne nyinaa ano brɛ ase. Nipadua a agow no ma obi suro sɛ ɔbɛhwe ase na ɔkwan mu nantew nso ‘yɛ no hu.’ Awiei koraa no onii no wu.—Ɔsɛnkafo 12:2-7.
Nkwakoraabere ne mmerewabere yɛ nna bɔne ma wɔn a ‘wɔankae wɔn Bɔfo’ wɔ wɔn mmerantebere ne mmabaabere mu no titiriw. Esiane sɛ onipa a ɔte saa no ammɔ ne bra yiye nti, ‘onni anigye’ wɔ ne nkwakoraabere mu. Obi asetra kwan a ɛmfata no nso bɛma ne nkwakoraabere mu amanehunu ne ɛyaw ayɛ kɛse. (Mmebusɛm 5:3-11) Awerɛhosɛm ne sɛ, saafo yi nni daakye biara ka owu a wɔhwɛ kwan ho.
Nkwakoraabere ne Mmerewabere mu Anigye
Eyi nkyerɛ sɛ wɔn a wɔabobɔ nkwakoraa ne mmerewa ntumi nnya asetram anigye. Wɔka “onyinkyɛ ne nkwa mfe” ho asɛm wɔ Bible mu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn nhyira. (Mmebusɛm 3:1, 2) Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Na wo de, wobesie wo nkwakoraabere pa mu.’ (Genesis 15:15) Ɛmfa ho mpanyinyɛ mu ɔhaw no, Abraham nyaa asomdwoe ne ahotɔ wɔ ne nkwakoraabere mu, na onyaa akomatɔyam wɔ ne nkwa nna a ɔde som Yehowa no mu. Afei nso ɔde gyidi twɛnee “kurow a ɛwɔ nhyɛase,” Onyankopɔn Ahenni no. (Hebrifo 11:10) Enti, owui a na “wabɔ akwakoraa, na mfe amee no.”—Genesis 25:8.
Enti Salomo tuu fo sɛ: “Na sɛ onipa di mfe pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu.” (Ɔsɛnkafo 11:8) Sɛ yesusua anaasɛ yɛanyinyin no, anigye ankasa a yebenya no gyina yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ so.
Bere a aberante a na ɔwɔ adwinnan no mu no de n’agya nnwinnade no mu nea etwa to no too hɔ no, osusuw eyinom ho. Osusuw nnipa a onim wɔn a wɔbɔɔ mmɔden bɔɔ wɔn bra sɛnea wobetumi biara nanso abusuabɔ a na wɔne wɔn Bɔfo no nni nti, wɔannya anigye no nyinaa ho. Hwɛ fata a ɛfata sɛ bere a Salomo de nkuranhyɛ mae sɛ ɛsɛ sɛ obi gye n’ani wɔ ne nkwa nna mu no, ɔbɔɔ asɛm no nyinaa mua sɛ: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde”!—Ɔsɛnkafo 12:13.