Kae Wo Bɔfo Kɛse No!
“Kae wo bɔfo . . . ansa na nna bɔne no aba.”—ƆSƐNKAFO 12:1.
1. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mmofra a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no de wɔn mmerantebere mu ahoɔden di dwuma?
YEHOWA ma n’asomfo ahoɔden a wɔde bɛyɛ n’apɛde. (Yesaia 40:28-31) Eyi yɛ nokware ɛmfa ho mfe a wɔadi. Nanso ɛsɛ sɛ mmofra a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no de wɔn mmerantebere mu ahoɔden di dwuma nyansam. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ wɔfa “ɔsɛnkafo” no, tete Israel hene Salomo, afotu no aniberesɛm. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: minni ho anigye, no adu.”—Ɔsɛnkafo 1:1; 12:1.
2. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no mma yɛ?
2 Wodii kan de Salomo afotu a ɛse yɛnkae yɛn Bɔfo Kɛse no wɔ mmeranteberem no maa Israelfo mmerante ne mmabaa. Wɔwoo wɔn too ɔman bi a na wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa mu. Na Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nnɛ no mma nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ wɔkae wɔn Bɔfo Kɛse no. Sɛ wɔyɛ saa a, wobedi no ni na ayɛ mfaso ama wɔn ankasa.—Yesaia 48:17, 18.
Tete Nhwɛso Pa
3. Nhwɛso bɛn na Yosef, Samuel, ne Dawid yɛe?
3 Mmofra a wɔayɛ wɔn ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no pii kaee wɔn Bɔfo Kɛse no de yɛɛ nhwɛso pa. Yakob ba, Yosef fi ne mmofraase pɛɛ kaee ne Bɔfo. Bere a Potifar yere sɔɔ Yosef hwɛe sɛ ɔne no nsɛe aware no, ɔkwatii no kae sɛ: “Ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?” (Genesis 39:9) Lewini Samuel kaee ne Bɔfo wɔ ne mmofraase ne ne nkwa nna nyinaa. (1 Samuel 1:22-28; 2:18; 3:1-5) Ɛda adi pefee sɛ aberantewaa Dawid a ofi Betlehem no kaee ne Bɔfo. Ahotoso a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no daa adi bere a ohyiaa Filistini bran, Goliat, na ɔkaa asɛm yi no: “Wode nkrante ne peaw ne pɛmɛ na ɛreba me nkyɛn, na me de, mede asafo [Yehowa, NW], Israel mpasua a woabɔ wɔn ahohora no Nyankopɔn din na mereba wo nkyɛn. Ɛnnɛ da yi [Yehowa, NW] de wo bɛhyɛ me nsa, na makum wo, na matwa wo ti afi so, . . . na asase nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel, na bagua yi nyinaa nso ahu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na [Yehowa, NW] de gye nkwa, efisɛ ɔko no yɛ [Yehowa, NW] dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.” Ankyɛ na Goliat wui, na Filistifo no guanee.—1 Samuel 17:45-51.
4. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Israelni abeawa bi a na wɔafa no dommum wɔ Siria ne Ɔhene Yosia a na onnyinii no kaee wɔn Bɔfo Kɛse no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu a na wadi mfirihyia 12 no kyerɛe sɛ ɔkaee ne Bɔfo no?
4 Abofra foforo a ɔkaee ne Bɔfo Kɛse no ne Israelni abeawa bi a na wɔafa no dommum no. Odii Siria sraani panyin Naaman yere adanse araa ma Naaman kɔɔ Onyankopɔn diyifo nkyɛn ma wɔsaa ne kwata maa no, ma ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo. (2 Ahene 5:1-19) Ɔhene Yosia a na ɔyɛ abofra no, fi akokoduru mu pagyaa ɔsom kronn a na wɔde ma Yehowa no. (2 Ahene 22:1–23:25) Nanso Yesu a ofi Nasaret na ɔyɛɛ nhwɛso a ɛsen biara wɔ ne Bɔfo Kɛse no a ɔkaee no bere a na onnyinii koraa no mu. Susuw nea esii bere a na wadi mfirihyia 12 no ho hwɛ. N’awofo de no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekodi Twam afahyɛ. Bere a wɔresan aba no, wohui sɛ Yesu ayera; enti wɔsan wɔn akyi kɔhwehwɛɛ no. Nnansa akyi no, wokohuu no sɛ ɔrebisabisa akyerɛkyerɛfo no nsɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Bere a Yesu maame bisaa no nea enti a ɔyɛɛ saa no, ɔkae sɛ: “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metra m’agya fi?” (Luka 2:49) Na mfaso wɔ so ma Yesu sɛ onya honhom mu nsɛm a ɛsom bo wɔ asɔrefie, ‘N’agya fie,’ hɔ. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo Ahenni Asa so yɛ beae a eye kyɛn so a obi betumi anya yɛn Bɔfo Kɛse no ho nokware nimdeɛ.
Kae Yehowa Nnɛ!
5. Ɔkwan bɛn so na wode wo nsɛm bɛka asɛm a ɔsɛnkafo no kae wɔ Ɔsɛnkafo 12:1 no?
5 Obi a ofi koma nyinaa mu som Yehowa no pɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ Ne som mu ntɛm pa ara, na ɔde ne nkwa nna a aka nyinaa som Onyankopɔn. Nanso anidaso bɛn na obi a ɔsɛe ne bere wɔ ne mmeranteberem na ɔnkae ne Bɔfo no wɔ? Honhom kaa ɔsɛnkafo no ma ɔkae sɛ: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: minni ho anigye, no adu.”—Ɔsɛnkafo 12:1.
6. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Simeon ne Hana a na wɔn mfe akɔ anim no kaee wɔn Bɔfo Kɛse no?
6 Obiara ani nnye mpanyinyɛ mu “nna bɔne” no ho. Nanso mpanyimfo a wɔkae Nyankopɔn no wɔ anigye. Sɛ nhwɛso no, Simeon a na ne mfe akɔ anim no faa abofra Yesu too n’abasa so wɔ asɔrefie hɔ de anigye kae sɛ: “[Yehowa, NW], afei woregya w’akoa kwan asomdwoe mu sɛnea w’asɛm se; efisɛ m’ani ahu wo nkwagye a woasiesie aman nyinaa anim, ɔkanea a ɛbɛma amanaman so atew na ɛbɛhyɛ wo man Israel anuonyam.” (Luka 2:25-32) Hana, okunafo a na wadi mfirihyia aduɔwɔtwe anan no nso kaee ne Bɔfo. Wampa asɔrefie hɔ da, na bere a wɔde Yesu kɔɔ hɔ no, na ɔwɔ hɔ. “Dɔn no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Nyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.”—Luka 2:36-38.
7. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ Onyankopɔn som mu no tebea te dɛn?
7 Ebetumi aba sɛ ɛnnɛyi Yehowa Adansefo a wɔanyinyin wɔ Onyankopɔn som mu no behu onyinkyɛ mu amane. Nanso, hwɛ sɛnea wɔwɔ anigye, ne sɛnea yɛn ani sɔ nokwaredi a wɔde som no! Wɔwɔ ‘Yehowa anika,’ efisɛ wonim sɛ wafi ase adan ne tumi a enni ano no aba asase so, na ɔde Yesu Kristo asi agua so ayɛ no Ɔhene wɔ soro ama no tumi kɛse. (Nehemia 8:10) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ mpanyin ne mmofra nyinaa tie afotu yi: “Mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra: Wonyi [Yehowa, NW] din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛsõ, n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so.”—Dwom 148:12, 13.
8, 9. (a) Ɛhefo na “nna bɔne” no nye mma wɔn, na dɛn nti na ɛte saa? (b) Wobɛkyerɛkyerɛ Ɔsɛnkafo 12:2 mu dɛn?
8 Mpanyinyɛ mu “nna bɔne” no yɛ abasamtu—ebi mpo yɛ ahometew—ma wɔn a wonsusuw wɔn Bɔfo Kɛse no ho na wonnim atirimpɔw akɛse no ho hwee no. Wonni honhom fam ntease biara a ebetumi adwudwo mpanyinyɛ mu sɔhwɛ ahorow ne amanehunu a adesamma hyia fi bere a wɔtow Satan fii soro no ano. (Adiyisɛm 12:7-12) Enti ɔsɛnkafo no hyɛ yɛn sɛ yɛnkae yɛn Bɔfo no “ansa na owia ne hann ne ɔsram ne nsoromma aduru sum, na osu nya tɔ a, asan amuna.” (Ɔsɛnkafo 12:2) Saa nsɛm yi kyerɛ dɛn?
9 Salomo de mmerantebere toto Palestina asase so ahohuru bere, bere a owia, ɔsram, ne nsoromma hyerɛn a mununkum nni wim no ho. Saa bere no biribiara yɛ hann. Nanso, bere a obi mfe akɔ anim no, ne nna yɛ te sɛ awɔw bere mu bere a osu taa tɔ haw adwene na awɔw ba no. (Hiob 14:1) Hwɛ awerɛhosɛm ara a ɛbɛyɛ sɛ obi benya ne Bɔfo no ho nimdeɛ nanso ɔrensom no wɔ n’asetra mu bere a ɛte sɛ ahohuru bere no! Wɔ asetra mu mpanyinyɛ bere a ɛte sɛ awɔw bere mu no, nneɛma yɛ wusiwusi ma wɔn a wonyaa hokwan wɔ wɔn mmerantebere mu nanso wɔansom Yehowa na wodii nneɛma hunu akyi no. Nanso, ɛmfa ho mfe a yɛadi no, momma ‘yenni Yehowa akyi nkosi ase’ sɛnea ɔnokwafo Kaleb a odii odiyifo Mose akyi nokware mu yɛe no.—Yosua 14:6-9.
Nea Mpanyinyɛ De Ba
10. Nea edidi so yi kyerɛ dɛn? (a) “Ofie awɛmfo,” (b) “mmarima ahoɔdenfo.”
10 Afei, Salomo ka ɔhaw a ɛba “ɛda a ofie awɛmfo ho bɛpopo, na mmarima ahoɔdenfo no mu akurum, na awiyamfo agyae, sɛ wɔasua ntia, na wɔn a wɔhwɛ mfɛnsere mu ani so ayɛ wɔn kusuu” no ho asɛm. (Ɔsɛnkafo 12:3) “Ofie” no gyina hɔ ma nipadua. (Mateo 12:43-45; 2 Korintofo 5:1-8) Na ofie “awɛmfo” no ne abasa ne nsa, a ɛbɔ nipadua no ho ban na ɛma no nya n’ahiade no. Wɔtaa gogow, popo, na wodwudwo bere a wonyin no. Na afei “mmarima ahoɔdenfo”—anan—ntumi nnyina sɛ adum bio, na mmom emu kurum ma enti etwiw fam ara kwa. Nanso, so w’ani nnye sɛ wuhu mfɛfo gyidifo a wɔn mfe akɔ anim no wɔ Kristofo nhyiam ase?
11. Sɛnkyerɛnne kwan so no, henanom ne “awiyamfo” ne “wɔn a wɔhwɛ mfɛnsere mu” no?
11 “Awiyamfo agyae, sɛ wɔasua ntia”—dɛn nti na ɛba saa? Ebia na ɛsẽ no adwiriw agu anaa atutu ma enti sɛ ne nyinaa nsae mpo a, aka kakraa bi. Ɛbrɛ ansa na atumi awesaw aduan a ɛyɛ den anaasɛ entumi nwesaw koraa. “Wɔn a wɔhwɛ mfɛnsere mu”—ani ne adwene a yɛnam so hu ade—no nsɛee koraa a, enhu ade yiye bio.
12. (a) Dɛn nti na “wɔatoto borɔn so apon mu”? (b) Dɛn na wususuw wɔ Ahenni adawurubɔfo a wɔn mfe akɔ anim no ho?
12 Ɔsɛnkafo no toa so sɛ: “Na wɔatoto borɔn so apon mu, na awiyamee gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa sũ ano, na nnwontofo nyinaa nne asi ase.” (Ɔsɛnkafo 12:4) Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔansom Onyankopɔn no ano apon abien—anofafa—no ntaa mmue na kampɛsɛ aka “ofie” anaa nipadua no mu nsɛm. Wontumi ne ɔmanfo mmɔ wɔ “borɔn” so. Nanso, Ahenni adawurubɔfo a wɔn mfe akɔ anim no nso ɛ? (Hiob 41:14) Ebia wɔnantew brɛbrɛ kɔ afie afie, na wɔde animia kasa, nanso ne nyinaa mu no, woyi Yah ayɛ!—Dwom 113:1.
13. Ɔkwan bɛn so na ɔsɛnkafo no ka wɔn a wɔn mfe akɔ anim no haw ho asɛm, nanso dɛn ne nokwasɛm a ɛfa Kristofo a wɔanyinyin ho?
13 Bere a wɔde ano a ɛse ntua mu wesaw aduan no, awiyamee gyegyeegye no ano brɛ ase. Sɛ akwakoraa kɔ nna a, onnya adaye. Anomaa su mpo tuatua n’aso. Ontumi nto nnwom pii, na sɛ ɔto mpo a, wɔnte no yiye. “Nnwontofo nyinaa”—nnwom nnyigyei—“nne asi ase.” Dwom a afoforo to nyɛ nea ne mfe akɔ anim no dɛ. Nanso, wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo a ebinom nso ani afi, kɔ so ma wɔn nne so to ayeyi nnwom ma Onyankopɔn wɔ Kristofo nhyiam ase. Hwɛ anigye ara a yɛwɔ sɛ wɔka yɛn ho ma yeyi Yehowa ayɛ wɔ asafo no mu!—Dwom 149:1.
14. Ehu bɛn na ɛka wɔn a wɔn mfe akɔ anim no?
14 Hwɛ sɛnea wɔn a wɔn mfe akɔ anim, titiriw wɔn a wɔabu wɔn ani agu wɔn Bɔfo no so no, asɛm yɛ awerɛhow! Ɔsɛnkafo no ka sɛ: “Na wɔasuro nea ɛkorɔn, na ehu aba ɔkwan mu, na ɔsonkoran aba ayɛ mfonoe [ɔsonkoran agu nhwiren, NW], na otutuafuru ayɛ adesoa, na akɔnnɔ to atwa, efisɛ onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfo rekyini mmorɔn so.” (Ɔsɛnkafo 12:5) Sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim pii gyina atrapoe atifi a, wosuro sɛ wɔbɛhwe ase. Sɛ wɔhwɛ biribi wɔ soro mpo a, wɔn ani so tumi biriw wɔn. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ nnipadɔm mu wɔ abɔnten so a, wosuro sɛ wobepira anaasɛ akorɔmfo bewia wɔn.
15. Ɔkwan bɛn so na “ɔsonkoran agu nhwiren,” na abɛbɛ ‘twe ne ho ase’?
15 Wɔ akwakoraa fam no, “ɔsonkoran agu nhwiren,” a ɛda adi sɛ ne tirim totɔ dwen, na akyiri yi ayɛ fitaa sɛ sukyerɛma. Nhwi a ayɛ fitaa no tutu te sɛ ɔsonkoran nhwiren. Bere a ‘ɔtwe ne nan ase,’ na ebia ne nsa sensɛn hɔ anaa ɔde agu ne sisi akyi ma n’abatwɔw akoakoa no, ɔsɛ abɛbɛ. Ne nyinaa mu no, sɛ ɛba sɛ yɛn mu binom te saa wɔ ɔkwan bi so a, momma yɛmma afoforo nhu sɛ yɛwɔ Yehowa mmoadabi dɔm a wɔde ahoɔden tu mmirika no mu!—Hwɛ Ɔwɛn-Aban, May 1, 1998, nkratafa 8-13.
16. (a) ‘Ɔsonkoran aba a ɛyɛ mfonoe’ no kyerɛ dɛn? (b) Onipa “daa fie” no ne dɛn, na sɛnkyerɛnne ahorow bɛn na ɛma ɛda adi sɛ owu rebɛn?
16 Sɛ aduan a wɔde asi n’anim no yɛ dɛ te sɛ ɔsonkoran mpo a, nea ne mfe akɔ anim ntumi nnidi papa. Wofi tete de ɔsonkoran adi dwuma sɛ aduaba a wɔde kanyan aduan ho akɔnnɔ. ‘Ɔsonkoran aba a ɛyɛ mfonoe’ no nso betumi akyerɛ sɛ, sɛ obi a ne mfe akɔ anim anom to a, aduaba yi mpo ntumi mma ne kɔn nnɔ aduan. Nneɛma a ɛtete saa kyerɛ sɛ ɔreyɛ akɔ “ne daa fie,” ɔdamoa mu. Sɛ wantumi ankae ne Bɔfo no na ɔfa kwammɔne so na Onyankopɔn ankae no wɔ owusɔre no mu a, ɛbɛyɛ ne daa fie. Awerɛhow a nea ne mfe akɔ anim no de kasa ne apinisi a efi n’anom apon mu ba no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, wabɛn owu.
17. Ɔkwan bɛn so na “dwetɛ hama” no tew, na dɛn na ɛbɛyɛ sɛ “sika toaa” no kyerɛ?
17 Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkae yɛn Bɔfo no ansa “na sika toaa no apae, na ahina no abɔ asu ho, na asubura ho nkyimii abubu.” (Ɔsɛnkafo 12:6) “Dwetɛ hama” no betumi ayɛ ehon ntini kɛse no. Sɛ ɔkwan a nnipa nkate fam kɔ amemene no mu no sɛe koraa a, owu na edi so. “Sika toaa” no betumi agyina hɔ ama amemene a ɛhyɛ ti kwankoraa kurukuruwa a ehon ntini kɛse no kɔsom no. Wɔde toto sika ho esiane sɛ ɛsom bo nti, efisɛ sɛ amemene no sɛe a, ɛde owu na ɛba.
18. Dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so “ahina” no, na sɛ ɛbɔ a, dɛn na esi?
18 ‘Asu ho ahina’ no ne koma no a mogya nyinaa nam mu ansa na akodi kyinhyia wɔ nipadua no afã foforo bio no. Wɔ owu mu no, koma no bɛdan te sɛ ahina a abɔ wɔ asu ho, efisɛ mogya ntumi mfa mu bio nkodi kyinhyia na ama nipadua no anya ahoɔden. ‘Asubura ho nkyimii a abubu’ no ntumi ntwa ne ho bio, na mogya a edi kyinhyia wowaw nkwa no gyae adwumayɛ. Eyi kyerɛ sɛ Yehowa daa sɛnea mogya di kyinhyia wɔ nipadua mu no adi kyerɛɛ Salomo bere tenteenten ansa na afeha a ɛto so 17 mu oduruyɛfo, William Harvey, rekyerɛ sɛ edi kyinhyia.
19. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 12:7 no ba mu wɔ owu mu?
19 Ɔsɛnkafo no de kaa ho sɛ: “Dɔte asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.” (Ɔsɛnkafo 12:7) Sɛ “asubura ho nkyimii” no bubu a, nipadua a wɔde dɔte yɛe no san kɔ dɔte mu. (Genesis 2:7; 3:19) Ɔkra no wu efisɛ honhom, anaa nkwa tumi a Onyankopɔn de mae no san kɔ yɛn Bɔfo no nkyɛn.—Hesekiel 18:4, 20; Yakobo 2:26.
Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Wɔn a Wɔkae No?
20. Dɛn na na Mose rebisa bere a ɔbɔɔ mpae a wɔakyerɛw wɔ Dwom 90:12 no?
20 Salomo daa no adi ɔkwan pa so sɛ ehia sɛ yɛkae yɛn Bɔfo Kɛse no. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ asetra nna tiaa a ɔhaw wom yi na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔkae Yehowa na wofi koma nyinaa mu yɛ n’apɛde no. Sɛ ebia wɔyɛ mmofra anaa mpanyin no, wɔn mpaebɔ ne Mose de yi hyia sɛ: “Ma yenhu yɛn nna kan sɛ ɛte, na yɛanya nyansa koma.” Onyankopɔn diyifo hobrɛasefo yi hwehwɛe denneennen sɛ Yehowa bɛkyerɛkyerɛ ɔne Israelfo no ma wɔafi nyansam abu ‘wɔn mfirihyia nna’ wɔ ɔkwan a Onyankopɔn pene so so.—Dwom 90:10, 12.
21. Sɛ yebetumi akan yɛn nna ma ahyɛ Yehowa anuonyam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
21 Ehia paa sɛ Kristofo mmofra si wɔn bo sɛ wobetie ɔsɛnkafo no afotu a ɛne sɛ wɔnkae wɔn Bɔfo no. Hwɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔde ɔsom kronn bɛma Onyankopɔn! Nanso ɛmfa ho mfe a yɛadi no, sɛ yesua sɛnea yɛbɛkan yɛn nkwa nna de ahyɛ Yehowa anuonyam wɔ “awiei bere” yi mu a, ebetumi aba sɛ, yɛbɛkɔ so akan no daa. (Daniel 12:4; Yohane 17:3) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛkae yɛn Bɔfo Kɛse no. Afei nso ɛsɛ sɛ yedi yɛn asɛde a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim no nyinaa ho dwuma.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na wɔhyɛ mmofra nkuran sɛ wɔnkae wɔn Bɔfo?
◻ Wɔn a wɔkaee wɔn Bɔfo Kɛse no ho nhwɛso horow bɛn na yɛwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu?
◻ Nneɛma a onyinkyɛ de ba bɛn na Salomo kaa ho asɛm?
◻ Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔkae Yehowa no?
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Dawid, Israelni abeawa a na wɔafa no dommum no, Hana, ne Simeon kaee Yehowa
[Kratafa 16 mfonini ahorow]
Yehowa Adansefo a wɔn mfe akɔ anim no fi anigye mu de ɔsom kronn ma yɛn Bɔfo Kɛse no