BIBLE MU AKORADE | ƆSƐNKAFO 7-12
“Kae Wo Bɔfo Kɛse No, Wo Mmeranteberem”
Bere a woyɛ aberante anaa ababaa yi, fa w’ahoɔden som wo Bɔfo Kɛse no. Woyɛ saa a, na worekae no
Mmerante ne mmabaa pii ho yɛ den na wɔte apɔw. Enti wotumi yɛ adwumaden biara
Ɛsɛ sɛ mmerante ne mmabaa de wɔn bere ne wɔn ahoɔden som Onyankopɔn ansa na mpanyinyɛ ama wɔn ahoɔden so atew
Ɔhaw a nkwakoraa ne mmerewa fa mu no, Solomon de kasakoa kyerɛkyerɛɛ mu
Nkyekyɛm 3: “Mmabaa a wɔhwɛ mfɛnsere mu ani so yɛ wɔn wusiwusi”
Wonhu ade papa
Nkyekyɛm 4: ‘Mmabea nnwontofo nne brɛ ase’
Wontumi nte asɛm yiye
Nkyekyɛm 5 ase hɔ asɛm: “Aduaba bi a ɛma obi anom yɛ no dɛ [pae]”
Ontumi nnidi papa