Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb16 November kr. 7
  • Mmerante ne Mmabaa—Monyɛ Ntɛm Nwura ‘Ɔpon Kɛse’ no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmerante ne Mmabaa—Monyɛ Ntɛm Nwura ‘Ɔpon Kɛse’ no Mu
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Teokrase Botae Horow Ho Adwuma a Wobɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Mmofra—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Mmofra—Dɛn Ne Mo Honhom Fam Botae Ahorow?
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nya W’ankasa Botae Horow Ma Ɔsom Afe Foforo No
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
mwb16 November kr. 7

KRISTOFO ABRABƆ

Mmerante ne Mmabaa​—Monyɛ Ntɛm Nwura ‘Ɔpon Kɛse’ no Mu

Woyɛ aberante anaa ababaa a, ebetumi ayɛ wo sɛ wommɔ akwakoraa anaa aberewa da. Enti anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ “nna bɔne” a mpanyinyɛ de ba nnipa so wɔ Satan wiase yi mu no, ebi rento wo da. (Ɔsɛ 12:1) Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a, wowɔ bere pii a wubetumi de honhom fam botae asisi w’ani so, te sɛ bere nyinaa som adwuma no.

‘Asiane to yɛn nyinaa bere a yɛnhwɛ kwan’; ennim aberante nnim ɔpanyin. (Ɔsɛ 9:11) ‘Wunnim nea ɛbɛto wo ɔkyena.’ (Yak 4:14) Enti honhom fam botae a wopɛ sɛ wode si w’ani so no, mfa nneɛma biara kɛkɛ nnyi wo ho ano ntu nhyɛ da. Bere a wowɔ hokwan no, wura ‘dwumadi kɛse pon’ no mu ansa na aka akyi. (1Ko 16:9) Woyɛ saa a, worennu wo ho da.

Honhom fam botae no bi ni:

  • Kristoni ababaa bi asua kasa foforo na ɔde reka asɛmpa no

    Wubetumi asua kasa foforo de aka asɛmpa no

  • Anuanom mmerante ne mmabaa bi reyɛ akwampae adwuma

    Wubetumi ayɛ ɔkwampaefo

  • Anuanom mmerante ne mmabaa bi a wɔwɔ Kristofo sukuu

    Wubetumi akɔ Kristofo sukuu no bi

  • Anuanom mmerante ne mmabaa bi reyɛ Ahenni adansi adwuma

    Wubetumi ayɛ adansi adwuma

  • Onua aberante bi reyɛ adwuma wɔ Betel

    Wubetumi akɔyɛ adwuma wɔ Betel

  • Onua aberante bi reyɛ ɔmansin adwuma

    Wubetumi ayɛ ɔmansin sohwɛfo

Botae a mede asi m’ani so:

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena