Nya W’ankasa Botae Horow Ma Ɔsom Afe Foforo No
1 So w’ani gye nea woatumi ayɛ wɔ honhom fam no ho? Eye sɛ wobɛkɔ anim wɔ honhom fam, nanso eyi gye mmɔdenbɔ. Botae horow a yebenya ama yɛn ho ne yɛn mmusua boa. Botae ne ade a wɔpɛ sɛ wonya a wɔbɔ ho mmɔden. Sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ yɛn botae horow ne n’apɛde hyia. Enti, yɛde Yehowa nsusuwii yɛ yɛn de na yedi teokrase botae horow akyi sɛnea Yesu yɛe no. (Yoh. 17:4) Wɔ saa kwan no so na yebenya anigye ne akomatɔyam pii wɔ yɛn asetra bere a yɛde som Yehowa no mu.—Yoh. 15:10, 11.
2 Botae horow bɛn na wutumi duu ho wɔ Ahenni nneɛma a wɔbɛma anya nkɔso no mu wɔ ɔsom afe a etwaam no mu? Wobetumi ahu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ pii tumi duu botae horow a wɔde sisii wɔn anim no ho no wɔ dodow a wɔbɔɔ wɔn asu no mu. Afei nso, ɔpepem pii de wɔn ho hyɛɛ akwampaefo aboafo ne daa akwampae adwuma no mu. Dodow bi yɛɛ nhyehyɛe kɔsom baabi a mmoa ho hia kɛse. Anuanom bi duu wɔn ankasa botae ho bere a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔyɛɛ asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu adwuma titiriw wɔ ɔmantifi no.
BOTAE HOROW A WUBETUMI ASUSUW HO
3 So botae horow a ɛfata a wubetumi adu ho wɔ hɔ? Nea ɛbɛyɛ na afoforofo anya honhom mu nkɔso a eye no, nhyiam horow a wɔbɛkɔ daa na wɔde wɔn ho ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu bɛyɛ botae fɛfɛ. Sɛ wontaa mma mmuae wɔ nhyiam ase a, dɛn nti na wommfa ɛno nyɛ wo botae? Afoforo betumi anya mfaso afi w’adesua ne nhwehwɛmu a wobɛyɛ mu, na sɛnea w’ankasa so nokware no mu no mu bɛyɛ den.—Heb. 10:24, 25.
4 So woafata sɛ wubenya asɛnka adwuma mu kyɛfa? So woreyɛ saa daa? So worekenkan nhoma afoforo no bere a ɛba no sɛnea ɛbɛyɛ a wone ɔkyerɛkyerɛ pa a efi akoa nokwafo no hɔ no bɛbɔ anan anantew? Sɛ woadu saa botae horow no ho dedaw a, ɛnde so ahosohyira ne asubɔ rennyɛ botae horow a ɛfata sɛ wususuw ho anaa?
5 So woreyɛ ofie Bible adesua? So wobɔ mpae de rehwehwɛ mmoa sɛ wubefi bi ase? So wode nsiyɛ yɛ sankɔhwɛ, na woka sɛ wopɛ sɛ wone anigyefo a wuhyia wɔn no sua ade anaa? Sɛ obi a wone no sua ade fata sɛ ɔkɔ asɛnka a, so woretete no wɔ ɔsom adwuma no mu?
6 So wode nnɔnhwerew ho botae asi w’anim ama ɔsram biara? Anaasɛ so woasɔ akwampaefo aboafo adwuma no ahwɛ? Ebia wubetumi afi ase asom sɛ daa ɔkwampaefo na wode nnɔnhwerew 90 aka asɛmpa no akyerɛ afoforo ɔsram biara mpo. Bere bi akyi no, wubetumi anya mfaso horow a ɛwɔ ntetee titiriw a wɔde ma wɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no mu no mu anigye. Ɛsɛ sɛ anuanom mmarima pere du hokwan a wɔde bɛsom sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo no ho.—1 Tim. 3:1.
7 Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa botae horow a yɛde sisi yɛn anim no tumi ma yɛbɛn Yehowa na ɛma yetumi yɛ pii wɔ n’apɛdeyɛ mu. Paulo kae sɛ na ‘ɔma ne werɛ fi akyiri de, na ɔtwe ne mu pɛ n’anim de.’ Ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yennya adwenem su pa wɔ teokrase nneɛma akyidi ho sɛnea ɛbɛyɛ a “nea yɛaso dedaw no,” ‘yɛbɛkɔ so saa ara.’—Fil. 3:13, 16.