Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/97 kr. 1
  • Mmofra—Dɛn Ne Mo Honhom Fam Botae Ahorow?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra—Dɛn Ne Mo Honhom Fam Botae Ahorow?
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya W’ankasa Botae Horow Ma Ɔsom Afe Foforo No
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Mmofra—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Sɛnea Wubetumi Adu Wo Som Mu Botae Ahorow Ho
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Fa Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 6/97 kr. 1

Mmofra—Dɛn Ne Mo Honhom Fam Botae Ahorow?

1 Yehowa nim sɛnea adwuma a mfaso wɔ so ne botae a wotumi du ho no ho hia na ama yɛanya anigye. (Hwɛ Genesis 1:28; 2:15, 19.) Ɛnnɛ, Yehowa ama ne nkoa dwumadi a ɛne sɛ wɔnka asɛm no na wɔnkyerɛkyerɛ. Afei nso yɛwɔ botae a etwa to a ɛne sɛ yebenya daa nkwa wɔ Paradise. Nanso, seesei ɛsɛ sɛ yɛde honhom mu botae ahorow a ɛma yenya nkɔanim sisi yɛn anim na yɛamfa yɛn ahoɔden ne nea yɛwɔ anni dwuma wɔ ɔkwan a enye so.—1 Kor. 9:26.

2 Botae Ahorow a Mfaso Wɔ So Ma Mmofra: Ɛsɛ sɛ mmofra nya teokrase botae ahorow a wɔn mu biara ahoɔden bɛma watumi adu ho. (1 Tim. 4:15) Mmofra nkumaa binom adu botae a ɛne sɛ wobesua Bible no mu nhoma ahorow no din agu wɔn tirim mpo ansa na wɔasua akenkan no ho. Ɛdenam abusua adesua so no, mmofra sua sɛnea wɔbɛkenkan ade yiye na wɔasiesie wɔn ho ama asafo nhyiam na wɔatumi adu botae a ɛne sɛ wɔbɛma mmuae a aba wom na wɔde wɔn ho ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu ho. Bere a mmofra ne wɔn awofo kɔ asɛnka no, wosua sɛ wɔbɛka asɛm no bi bere a wonya nkɔso kɔyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu no. Ɛsɛ sɛ awofo de botae a ɛne ahosohyira ne asubɔ sisi wɔn mma ani so.

3 Sɛ woyɛ obi a woadu mpanyin afe so a, dɛn ne wo honhom fam botae ahorow no bi? Fa w’adwene si botae ahorow a ɛho hia ankasa wɔ asetram no so fa ‘kae wo bɔfo nnɛ.’ (Ɔsɛnk. 12:1; Dw. 71:17) Dɛn nti na wonyɛ akwampae boafo bere a sukuufo ama kwan no? Woasusuw ho sɛ wobɛyɛ bere nyinaa som adwuma sɛ daa ɔkwampaefo? Na kasa foforo a wubesua na daakye woatumi aboa kuw anaa asafo bi a ɛka kasa foforo wɔ beae a wote anaa baabi foforo nso ɛ? Wɔn a wɔresom wɔ Betel anaa sɛ akwampaefo atitiriw anaasɛ ahwɛfo akwantufo seesei no mu pii de bere nyinaa som adwuma titiriw yɛɛ wɔn botae bere a na wɔda so kɔ sukuu no. Dɛn nti na wo nso wonyɛ saa ara?

4 Bere a woda so yɛ abofra no, bɔ mmɔden suasua Yesu nhwɛso no. Bere a na ɔyɛ abofra kumaa a wadi mfe 12 mpo no, ofi ne pɛ mu kaa honhom mu nneɛma ho asɛm. (Luka 2:42-49, 52) Botae ahorow a mfaso wɔ so a wode besisi w’anim ayɛ kokoam adesua, akenkan Bible daa, na wo ne Kristofo a wɔn ho akokwaw abɔ fekuw wɔ asafo nhyiam ase ne ɔsom adwuma no mu bɛboa wo ma woatumi akyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm sɛnea Yesu yɛe no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena