Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/87 kr. 1-3
  • Mmofra—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • TEOKRASE BOTAE AHOROW
  • Nya W’ankasa Botae Horow Ma Ɔsom Afe Foforo No
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Teokrase Botae Horow Ho Adwuma a Wobɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Sɛnea Wubetumi Adu Wo Som Mu Botae Ahorow Ho
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Fa Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 4/87 kr. 1-3

Mmofra​—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho

1 Dɛn ne wo botae ahorow wɔ asetra mu? Mmofra pii nni honhom mu botae ahorow biara. Nanso so enye sɛ wubenya nkate a efi Kristofo botae ahorow a wɔde sisi hɔ na afei wodu ho mu ba no bi?

2 Mmofra pii ahu mfaso a enni honam fam botae ahorow ho a wobedu a nhomasua a ɛkɔ akyiri ka ho so no. Wɔaka sɛ mfaso nni so sɛ wobedi botae horow a ɛte sɛɛ a ebetumi ama wɔahyia asiane ahorow no akyi. Aboro so koraa no, nea wonya wɔ wiase yi mu ho mfaso ahorow no kyɛ a ɛbɛkyɛ ara ne bere a nhyehyɛe a mprempren yi ɛrekɔ n’awiei ntɛmntɛm yi wɔ hɔ no. Nanso teokrase botae ahorow a wɔde ɔsoro ntetee ho nhumu pere du ho bɛyɛ nea akomatɔyam wom mprempren a awiei koraa no ɛkɔ daa nkwagye mu.​—Ɔsɛnk. 12:1, 13.

TEOKRASE BOTAE AHOROW

3 Sɛ́ mmofra a mowɔ hɔ nnɛ no, so mohwehwɛ nimdeɛ a ɛfata? Wotu yɛn fo wɔ Mmebusɛm 2:1-5 sɛ yɛnhwehwɛ “Onyankopɔn ho nimdeɛ.” Worentumi nhwɛ kwan sɛ wubenya Onyankopɔn ho nimdeɛ bere a wunsua n’Asɛm no. Wonam kokoam adesua a wɔyɛ no daa so de Kyerɛwnsɛm mu asɛm a wɔasiesie na atwe wo abɛn Yehowa kɛse no hyɛ w’adwene ne wo komam kɛse. Wubesua nneɛma pii na ɛbɛma woakae nneɛma pii nso. Eyi bɛboa wo ma woasiesie wo ho yiye ma woatumi asi gyinae bere a wuhyia nsɛm ahorow a ɛho hia no. Bere a woyɛ eyi no, ɛsɛ sɛ ɛma w’akenkan ne wo kasa ne nsɛmfua a wode di dwuma no nya nkɔso.

4 Worentumi mfa dakoro nyɛ eyi nyinaa. Honhom mu onyin gye bere ne boasetɔ. Nanso sɛ wode botae ahorow sisi hɔ ma wo ho na wonya nkɔso wom nkakrankakra a, wubetumi adu honhom mu onyin ho.

5 So wopere du Kristofo nnwuma mu hokwan ahorow ho? So wowɔ botae a ɛne sɛ wode bere dodow bi bɛyɛ afie afie adwuma dapɛn biara? So ɛyɛ wo botae sɛ wobɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw kɛse wɔ sankɔhwɛ ne ofie Bible adesuayɛ mu? Ebinom a wɔkɔ sukuu de afe afe botae bi asi wɔn anim a ɛne akwampaefo aboafo a wɔyɛ wɔ ɔsram biako anaa nea ɛboro saa a wɔde nya akwamma no mu no.

6 Na botae ahorow a ɛfa daakye a enni akyiri no ho nso ɛ? Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ wɔ afe a ɛbɛba no ne ɛno akyi mu? Sɛ nhwɛso no, so wode ayɛ wo botae sɛ wobɛba abɛyɛ daa ɔkwampaefo?

7 Sɛ woyɛ aberantewaa a, so worepere adu hokwan a wubenya asom sɛ asafo mu ɔsomfo na woabɛyɛ ɔpanyin nso da bi no ho? Sɛ wode botae ahorow sisi hɔ ma wo ho na wobɔ mmɔden yɛ ho adwuma a, wubetumi de w’asetra adi dwuma wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so kɛse so.

8 Kae sɛ bere bi no na asafo mu mpanyimfo, ɔmansin ne ɔmantam so ahwɛfo, asɛmpatrɛwfo, ne nnipa a wɔsom wɔ Betel no binom yɛ mmofra wɔ nokware no mu. Nanso wɔyeree wɔn ho na wonyinii wɔ nimdeɛ ne Onyankopɔn ne wɔn nuanom a wɔbɛsom wɔn no mu. Ɛsɛ sɛ wɔn nnamyɛ ne nea wɔatumi ayɛ ho nhwɛso no hyɛ wo nkuran ma wode bere a wowɔ wɔ wo mmofraabere mu no yɛ adwuma yiye.

9 Ɛsɛ sɛ botae ahorow no yɛ nea eye a egyina nea wutumi yɛ no so. Ɛsono sɛnea obiara te wɔ nipadua mu, adwene mu, ne nkate mu. Honhom mu onyin wɔ mu afã ahorow. Enti nhwɛ kwan sɛ wubetumi ayɛ biribi esiane sɛ obi yɛ bi ara kwa nti.

10 Wubetumi anya awerɛhyem sɛ woma Yehowa ani gye bere a wopere du honhom mu botae ahorow ho no. Bere a woyɛ botae ahorow yi ho adwuma na wudu ho no, si wo bo sɛ wobɛyɛ nea ɛsen biara a wubetumi. Ɛfata ɛho mmɔden biara a wobɛbɔ no na ɛbɛma wanya nhyira kɛse nnɛ ne daakye.​—Fil. 4:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena