Teokrase Botae Horow Ho Adwuma a Wobɛyɛ
1 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de teokrase botae horow sisi hɔ ma yɛn ho? Ade biako ne sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ adwuma dennen wɔ Yehowa som mu. Paulo kae sɛ: “Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani to Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so.” (1 Tim. 4:10) Yiw, yɛyɛ adwuma brɛ kosi awiei a ɛne sɛ yebenya nkwa na yɛaboa afoforo ma wɔn nso wɔabɛyɛ gyidifo.
DI ƆSORO NKYERƐKYERƐ AKYI
2 Bere nyinaa som adwuma no afa horow no yɛ teokrase botae horow fɛfɛ a obi betumi de asi n’anim. Nanso dɛn na ebetumi atwe onua bi afi teokrase botae horow a ɛte sɛɛ ho? Ebia ade biako ne wiase nhomasua, titiriw bere a obi awie ntoaso sukuu no. Wɔ “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam no ase no, drama a wɔyɛe Fida a ne ti ne Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Ma Ahenni Aba Nya Nkɔso no kanyan yɛn. Akyinnye biara nni ho sɛ woda so ara kae nsɛntitiriw a wɔdaa no adi no: Wiase nhomasua a ɛsen biara no nkyerɛ hwee, sɛ woankura wo honhom mu botae horow mu na woankɔ so antrɛw wo ɔsoro nkyerɛkyerɛ no mu a! So eyi ne adwene a woanya?
3 Yesu bisae sɛ, “Sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?” (Mat. 16:26) Mmerante ne mmabaa a wɔwɔ yɛn mu no pii ahu mfaso a enni so sɛ wobedi wiase, honam fam botae horow akyi, a wiase nhomasua a ɛkɔ akyiri ka ho no. Wɔne wɔn awofonom abom asi gyinae sɛ botae horow a ɛte sɛɛ mfata asiane a wobehyia no. Aboro so koraa no, mfaso horow a efi botae horow a ɛte sɛɛ ho a wodu mu no yɛ nea bere a nneɛma nhyehyɛe yi a mprempren ɛde ahopere rekɔ n’awiei no wɔ hɔ no nkutoo mu na ɛbɛtra ase. Ɔsoro nkyerɛkyerɛ a edi mu besiesie yɛn ma yɛadi teokrase botae horow a ɛfata akyi, te sɛ bere nyinaa som adwuma no afã horow no, na awiei koraa no ɛde yɛn akɔ daa nkwa mu.—2 Tim. 3:1-5, 14-17.
BOTAE HOROW WƆ BERE NYINAA SOM ADWUMA MU
4 Ɛsɛ sɛ wɔkamfo awofo ne mmofra pii wɔ honhom mu nkɔso a wɔanya nnansa yi mfe no mu no ho. Abɛda adi sɛ mmofra pii de Ahenni nneɛma redi kan. Wɔ November, 1984 mu no, yɛhwehwɛɛ kyerɛwtohɔ ahorow a yɛwɔ a ɛfa wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma mu ho no mu. Nea yehui no yɛ anigye. Sɛ nhwɛso no, yehui sɛ nnipa 2,178 a na saa bere no wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu no mu 665 anaa ɔha biara mu 31 yɛ mmerante ne mmabaa a wonnii mfirihyia 30.
5 Yehui nso sɛ nnipa 665 a wonnii mfirihyia 30 no mu aduanan asia yɛ mmofra, kyerɛ sɛ, mmarimaa ne mmeawa a wonnii mfirihyia 20. Wɔn a wonnii mfirihyia 20 no mu pii de wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu wɔ 1984 ɔsom afe no mu a ɛkyerɛ sɛ wowiee sukuu ara pɛ na wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu. So ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔkamfo wɔne wɔn awofo wɔ ɛno ho? So yebetumi ahyɛ mmofra a wɔrefi sukuu no pii nkuran ma wɔadi wɔn nhwɛso no akyi a ɛne teokrase botae horow a wobedu ho no?
MOMMOA MMOFRA MMA WƆMFA BOTAE HOROW NSISI WƆN ANIM
6 Wɔ ɔkwan foforo so no, akontaabu a ɛwɔ atifi hɔ no kyerɛ nso sɛ yɛn akwampaefo no mu dodow no ara (69%) yɛ mmarima ne mmea a wɔadi mfirihyia 30 ne nea ɛboro saa. Wɔne wɔn a wɔwɔ abusua asɛyɛde ahorow, nnipa a onyin ama wɔagyae adwuma, wɔn a onyin ama wɔn ahoɔden so ahuan, ne nea ɛkeka ho. Yebetumi abisa sɛ: Botae horow bɛn na dodow no ara a wɔwɔ ahoɔden a wonnii mfirihyia 30 a wɔn mu pii nni asɛyɛde biara no redi akyi? Awofo, sɛ́ anka mobɛkyerɛ mo mma nkumaa kwan ma wɔde wɔn ani asi wiase nnwuma ahorow so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ mo bere a moanyinyin no, so mubetumi asuasua Abraham gyidi no mmom? Ná ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ne ba koro no bɛbɔ afɔre ama Yehowa wɔ ne nkwakoraa berem. Anaasɛ munsusuw ɔbea Hana gyidi no ho. Ɔde Samuel ‘fɛm’ Yehowa bere a ‘otwaa no nufu’ no ara pɛ, ɛwom sɛ na saa bere no onnim sɛ ebia obenya abofra foforo asi n’ananmu de. Na hwɛ sɛnea wohyiraa wɔn baanu nyinaa kɛse!—Gen. 22:15-18; 1 Sam. 1:24-28; 2:11, 18-21.
7 Awofo a wɔn ani da hɔ aboa wɔn mma ma wɔde teokrase botae horow asisi wɔn anim fi mmofraase. Ebinom tumi yɛɛ eyi denam wɔn mma no a wɔmaa wɔne wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu bɔɔ fekuw, de hokwan ahorow a wonyae gyee ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom, asɛmpatrɛwfo, Betelfo ne daa akwampaefo ani no so. Enti mmofra no dii kan huu anigye a bere nyinaa asomfo yi wɔ no. Wɔn a mprempren wɔreyɛ adwuma pa wɔ daa akwampaefo adwuma, Betel som adwuma anaa asɛmpatrɛw adwuma mu no mu pii de anigye kae wɔn mmofraase fekubɔ pa a ɛte sɛɛ no. Momma teokrase botae horow a ɛte sɛɛ nyɛ nneɛma a mo abusua no bɔ ho nkɔmmɔ da biara no fã.
8 Ɛho hia sɛ mmofra a wɔwɔ yɛn mu no nya honhom mu botae horow ho adwene a edi mũ. Mommoa wɔn ma wonhu mfaso a ɛwɔ bere nyinaa som adwuma so no titiriw. Wɔ Ɔsoro nkyerɛkyerɛ drama no awiei wɔ “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam no ase no, wɔkae sɛ: “Sɛ ɛyɛ nea wuhu sɛ wubu wiase nhomasua a ɛkɔ akyiri kɛse a, kae eyi: Ahenni aba a yɛbɛma anya nkɔso hwehwɛ sɛ yɛde yɛn adwene besi ɔsoro nkyerɛkyerɛ so kɛse.” Te sɛ Paulo no, awofo ne mmofra a wɔwɔ Kristofo asafo no mu pɛ sɛ wɔn ani sɔ “Kristo Yesu ho nimdeɛ bo a ɛkyɛn so no.” (Fil. 3:7, 8, NW) Ɔsoro nkyerɛkyerɛ bɛma yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛma teokrase botae horow tra yɛn adwenem yiye.