Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/85 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 3
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 10
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 11
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 24
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 3
Yɛn Ahenni Som—1985
km 2/85 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 3

Dwom 43

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Nkaebɔ afã de a ɛfa asafo ho. Nsɛmma nhoma adwuma mu kyɛfa a wobenya dapɛn awiei ho nkuranhyɛ. Adekyee mu asɛm ho asɛm tiaa.

20 min: “Monkɔ So Nyɛ Mma Ɛmmoro So.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ muredi nkyekyem 5 ho dwuma a, ma adawurubɔfo anaa akwampaefo baanu anaa baasa a woapaw wɔn nkyerɛ krataa a na ɛhyɛ June 1983 Yɛn Ahenni Som mu no mu nyansahyɛ ahorow no mu nea wogye di sɛ ɛboaa wɔn ma wɔn ho kokwawee kɛse wɔ nsɛmma-nhomakra ho asɛm a wɔka no mu.

15 min: Nkɔmmɔbɔ Asɛmti. Ma ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne nsɛmma nhomakra ho asɛm a wɔka ho ɔyɛkyerɛ. Monka sɛnea sɛ wɔankra bi a wɔde nhomawa (brochure) ne nsɛmma nhoma biako anaa abien ma ne sɛnea wɔyɛ nhyehyɛe san kɔ akyiri yi ma wɔkra ho asɛm nso.

Dwom 130 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 10

Dwom 128

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Monka mo asafo January akontaabu mu nsɛntitiriw biara a ɛyɛ anigye ho asɛm. “Din Kronkron No” ho nsemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ.

18 min: Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo Adwuma March ne April Mu?” Ɔpanyin ne nnipa baanu a wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo ntam nkɔmmɔbɔ. Ka asɛm no mu nsɛntitiriw ho asɛm ne afei sɛnea ebinom a wɔwɔ asafo no mu atumi ayɛ nhyehyɛe de wɔn ho ahyem. Kyerɛ akwampaefo aboafo dodow a asafo no nyae wɔ March ne April 1984 mu.

12 min: “Fa Wo Ho Ma!” Muntĩ emu nsɛntitiriw mu mfi Ɔwɛn-Aban mu (wTW84 11/1 nkr. 27-32) . Si nsɛm a ɛwɔ nsɛmti nketewa “Wodi Ahiade Kɛse Ho Dwuma” ne “Nya Yehowa Mu Gyidi na Gye ɔfrɛ no So” ase no so dua titiriw.

Dwom 9 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 11

Dwom 126

10 min: Asafo mu nkaebɔ a sika akontaabu ka ho. Hyɛ ho a wɔde bɛhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu dapɛn awiei ho nkuran nso. Sɛnea bere ma kwan no, ma wɔnka osuahu biako anaa abien a ɛfa ne kra ho nkyerɛ. Ɛsɛ sɛ wodi kan siesie eyi.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nsɛmma Nhoma a Wɔde Di Dwuma Yiye So.” Asɛm no ho nkɔmmɔbɔ. Ma adawurubɔfo baanu a wɔasiesie wɔn ho yiye nyɛ anibu 30 kosi 60 mu ɔkasa ho ɔyɛkyerɛ, a biako de nsɛm a ɛwɔ Nyan! a aba wɔ asafo mu a anuanom de rebɛkɔ asɛnka di dwuma na ɔfoforo no nso de nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban foforo mu di dwuma.

15 min: Afoforofo a Yebehu Wɔn. Bisabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ a wɔyɛ nhwɛso a ebia asafo no mufo afoforo nnya nhuu wɔn yiye nsɛm. Sɛ wɔbɔɔ ebinom asu wɔ nnansa yi ɔmansin nhyiam no ase a, ɛbɛyɛ nea eye sɛ wubebisabisa eyinom nsɛm. Wɔn a wɔrebisabisa wɔn nsɛm no betumi aka asafo no nsiesiei ahorow pɔtee a ɛboaa wɔn ma wonyaa nkɔso koduu ahosohyira ne asubɔ mu no ho asɛm. Ɛsɛ sɛ eyi boa wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa ma wohu kyɛfa a wɔwɔ wɔ Ahenni nkɔso a ɛreba mprempren no mu no.​—Yes. 60:22.

Dwom 92 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 24

Dwom 213

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ kyɛfa a wobenya wɔ afie afie adwuma mu March 8 ho nkuran. Yɛrehyɛn nsɛmma nhomakra ɔsram a ɛto so abien mu wɔ March mu. Kyerɛ Ɔwɛn-Aban foforo a aba mu nsɛm a wobetumi de atõa Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne nsɛmma nhomakra mu. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden kɛse nnu wɔn nsɛmma nhomakra botae ho wɔ March mu.

12 min: “So Wobɛma Atesɛm Atrɛw?” Ɔkasa a egyina Watchtower so (w84 9/1 nkr. 20-3) .

18 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe. Mubetumi de Kyerɛwsɛm mu nsɛm ne nsɛm afoforo a eye a egyina ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ a etwa to ho amanneɛbɔ so aka ho.

Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 3

Dwom 216

12 min: Asafo mu nkaebɔ ne osuahu ahorow a wonyae wɔ nsɛmma nhomakra ɔsatu mu a wɔadi kan apaw. Munsusuw nsɛmma nhoma ho ɔkasa a wobetumi de adi dwuma Memeneda a etia abien wɔ ɔsram mu ho nso na monyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu dapɛn awiei yi.

20 min: “Teokrase Botae Horow Ho Adwuma a Wobɛyɛ.” Asɛm ho nkɔmmɔ a ɔpanyin a ɔwɔ bere nyinaa som adwuma mu osuahu, anaasɛ ɔsom adwuma sohwɛfo bɔ. Bisabisa ɔkwampaefo biako anaa baanu anaa mmofra a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma mu nsɛm. Ma wɔnkyerɛ nea enti a wɔredi botae horow a ɛte sɛɛ akyi mmom sen adwuma a wɔbɛyɛ wɔ nhyehyɛe yi mu. Afei munsusuw asuade ahorow a mokae wɔ Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ drama no mu wɔ “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam no ase ho.

13 min: “Wo Nkwa, Wo Mudi mu Kura ne Kratasin No.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina asɛm a epue wɔ December 1, 1984 Watchtower mu so. Kae adawurubɔfo sɛ efi January 1 na ɛbɛyɛɛ nea ɛho hia sɛ wɔhyehyɛ MEDICAL ALERT kratasin foforo. Ɛsɛ sɛ obiara hwɛ sɛ wasan ahyehyɛ foforo. Sɛ wohyehyɛ no yiye a, MEDICAL ALERT kratasin no yɛ mmara kwan so kyerɛwtohɔ. Nka sɛ: “Wɔremmu wɔ ɔman yi mu.” Si hia a ɛho hia sɛ obiara bɛfa ne MEDICAL ALERT kratasin na ayɛ nea nsa betumi aka bere a asɛm bi asi mpofirim no so dua.

Dwom 203 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena