Onyankopɔn Asɛm a Yɛbɛkamfo Akyerɛ
1 Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ bu Bible no sɛ ne bere atwam na wontumi mfa emu nsɛm nni dwuma. Nanso, Onyankopɔn asɛm wɔ tumi a ɛsakra nnipa asetra. (Heb. 4:12) Eyi ada adi wɔ nnipa ahorow pii nsusuwii, abrabɔ, ne wɔn su horow a ayɛ papa no mu. (Efe. 4:24) Bible no afotu a wɔde di dwuma no ma abusua asetra yɛ anigye. Ɛma ayɔnkofo ntam abusuabɔ nya nkɔso a abusua, honam ani hwɛbea ne asetra mu gyinabea mfa ho.—Luka 10:29-37.
2 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm a yɛn ankasa yenim no kanyan yɛn ma yɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔn ankasa hwehwɛ Bible no so mfaso ankasa no mu. Wɔde adepa a ɛbɛma yɛayɛ eyi ama wɔ yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo a ɛne sɛ “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkenkan Bible No?” mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de asɛmti yi ne New World Translation no ne “Hwɛ!” nhomawa no adi dwuma wɔ yɛn som adwuma mu wɔ December mu?
NKƆMMƆBƆ ASƐMTI NO A YƐDE BEDI DWUMA
3 Bere a woaka nnianim asɛm tiawa bi akyi no, wubetumi aka sɛ: “Esiane sɛ mmusua hyia ahokyere ne ɔhaw pii nnɛ nti, yɛaba wo nkyɛn sɛ yɛbɛtwe w’adwene asi mmoa a eye fibea ankasa biako pɛ so. Kan no, na nkurɔfo taa hwehwɛ akwankyerɛ fi Bible mu, nanso nneɛma asakra, ɛnte saa? So wususuw sɛ Bible no betumi aboa ma yɛadi nnɛ ɔhaw te sɛ nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, amumɔyɛ, ne afie a emu apaapae ho dwuma? [Ma ommuae.] Hwɛ nea Bible no ka wɔ 2 Timoteo 3:16. [Kenkan.] So wususuw sɛ Bible no betumi anya nnipa so nkɛntɛnso pa saa? [Ma ommuae.] Nnipa pii hia na wɔhwehwɛ akwankyerɛ bi bere a wohyia ɔhaw ahorow anaa wosi gyinae ahorow wɔ wɔn asetra mu no, anaa ɛnte saa? Susuw nea Onyankopɔn Asɛm so a yebedi no betumi ama yɛanya no ho. [Kenkan Yohane 17:3.] Bible no de akwankyerɛ a emu da hɔ a yɛde bedi nsɛnnennen a yehyia ho dwuma ne daakye ho nokware anidaso ma.” Sɛ onipa no kyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu ntease a obenya ho nokware anigye a, yebetumi akyerɛ no New World Translation anaa “Hwɛ!” nhomawa no so mfaso.
4 Sɛ wode New World Translation no rekyerɛ a, bisa ofiewura no sɛ n’ankasa wɔ Bible ne sɛ n’akenkan nyɛ den mma no anaa. Wubetumi agyina mmuae ko a ɔbɛma no so atwe n’adwene asi New World Translation no afã horow a mfaso wɔ so no mu binom, a nnɛyi kasa a wɔde kyerɛwee ne din kronkron a ɛwom no ka ho so. Wubetumi ahu nso sɛ mfaso bɛba so sɛ wode Reasoning nhoma no nkratafa 276-80 no mu asɛntitiriw biako anaa abien bedi dwuma. Ka ofie Bible adesua ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye no.
5 Sɛ woretwe adwene asi “Hwɛ!” nhomawa no so a, wubetumi akanyan ofiewura no anigye denam akyi fɛfɛ no anaa asɛmti a ɛne “Nneɛma Bɔne—Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Ho Kwan?” a ɛwɔ kratafa 15 a wode bedi dwuma no so.
6 Wɔ December mu, ma w’ani nna hɔ sɛ wubenya hokwan ahorow de ahyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔakenkan Bible no. San kɔsra wɔn a wɔda anigye adi no ntɛm. Boa wɔn ma wonnya tumi a Onyankopɔn Asɛm wɔ no ho nokware anisɔ. Wɔnam ne nnyinasosɛm ahorow a wɔde bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu no so benya daa mfaso nnɛ ne wɔ asetra a ɛbɛba no mu.—1 Tim. 4:8.