Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahu Abohene a Ɛyɛ Fɛ
1 Sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo a, botae horow a ɛsɛ sɛ yenya no biako ne sɛ yɛbɛboa nnipa komapafo ama wɔakyerɛ mfaso kɛse a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no ho anisɔ. (Fil. 3:8) Yɛn Bible nhoma ahorow no boa yiye ma Ahenni nkrasɛm no mu trɛw. Wɔ September mu no, yɛde nhoma abien yi, True Peace and Security—How to Find It ne “Let Your Kingdom Come” bɛma. True Peace ne “Kingdom Come” nhoma no ama nnipa ɔpehaha pii anya nimdeɛ kɛse, na akanyan wɔn ma wɔde nokwaredi asom Yehowa.
2 Yɛn som adwuma no hwehwɛ pii sen nhoma kɛkɛ a yɛde bɛma obiara a ɔpɛ sɛ ogye bi. Ehia sɛ yɛka asɛm no wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so, yɛde nhumu tie nea ofiewura no ka, na afei yɛyɛ krado sɛ ‘yɛne no besusuw nsɛm ho afi Kyerɛwnsɛm no mu,’ titiriw wɔ bere a yɛde nhoma abien rema yi mu.—Asomafo no Nnwuma 17:2.
3 Yɛbɛyɛ Dɛn Ayɛ Eyi? Yɛn nnianim nsɛm no betumi akanyan afiewuranom ama wɔagye nhoma abien a yɛde rema no.
Sɛ́ nhwɛso no, sɛ wode nhoma abien no rema na sɛ wɔresi “Kingdom Come” nhoma no so dua a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Yɛaba sɛ yɛne wo rebesusuw nea nneɛma a ɛresisi wɔ wiase nnɛ no kyerɛ ho. Onyankopɔn gyinapɛn ma asetra a ɛwɔ Bible mu no ho anigye a nkurɔfo pii wɔ so atew. Eyi aka su a nkurɔfo yi no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no kɛse. So woahyɛ eyi nsow? [Ma ommua. Wubetumi ama nhwɛso pɔtee binom.] Mesrɛ wo hyɛ su a wɔn a wɔka wɔn ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no wɔ no nsow, na kyerɛ sɛ ebia wususuw sɛ eyi te sɛ ɛnnɛ wiase yi anaa. [Kenkan; ma ɔnka ho asɛm] So ntease wom ankasa sɛ wobɛhwɛ tebea ahorow a ɛyɛ papa kwan daakye?” Afei dan adwene kɔ “Kingdom Come” nhoma no ti 12 hɔ nsɛntitiriw a ɛfata so na twe adwene si adaka a ɛwɔ kratafa 115 hɔ, a ɛyɛ nsɛm a wɔaka afa 1914 ho no so na fa nhoma abien no ma. Sɛ wannye a wubetumi de Wiase Foforo kratawa no ama no.
4 Bere a yɛresi “True Peace” nhoma no so dua no, sɛ yehyia ɔwofo bi wɔ ɔpon ano a, yebetumi afi yɛn nkɔmmɔbɔ no ase sɛɛ:
◼ “Yɛne wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wobehu ɔkwampa a yebetumi afa so agyina abusua asetra mu nsɛnnennen ano rebɔ nkɔmmɔ. Yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara, nanso sɛ biribi wɔ hɔ a ebetumi ama asi yɛn yiye kɛse a, yɛn ani gye ho, anaa ɛnte saa? [Ma ommua.] Bible no de akwankyerɛ ma wɔ eyi mu sɛnea ɛwɔ Kolosefo 3:12-14 no. [Kenkan.] Enti dɛn na ehia na ama wɔanya abusua asetra a ɛyɛ anigye? Hwɛ nea wɔka wɔ nhoma yi mu wɔ ti a ɛhɔ asɛmti ne, ‘Obu Ma Tumidi Hia Ma Asomdwoe Asetra,’ no asɛmti ketewa ‘Tumidi Wɔ Ofie,’ no ase.” Wubetumi akenkan nkyekyem 16 ne 17, anaa nsɛntitiriw afoforo afi True Peace nhoma no ti 13 a ofiewura no ani begye ho, na afei wode nhoma abien no ama no. Sɛ ofiewura no nni adagyew anaa ɔnkyerɛ anigye kɛse a, bɔ mmɔden ma no nsɛmma nhoma a ɛbaa nnansa yi ara a ɛka abusua ho asɛm anaa Nya Abusua Asetra mu Anigye kratawa no.
5 Yɛmpɛ sɛ yɛn ani pa atirimpɔw nti a yedi Ahenni no ho adanse fefeefe. (Mat. 24:14) Wɔ eyi yɛ mu no, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn nhoma ahorow no nyinaa, a nea akyɛ ka ho no di dwuma yiye esiane nsɛm a ɛsom bo a emu biara kura no nti. Ɛdenam Bible no ne Teokrase nhoma fɛfɛ pii a wɔyɛ nhyehyɛe ma yɛn nsa ka a yɛde bedi dwuma yiye so no, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so a yɛwɔ ahotoso sɛ obehyira yɛn ma yɛayɛ n’apɛde wɔ bere soronko yi mu.—Gal. 6:9.